1 Korintofo 1 - KYERƐW KRONKRONNkyia 1 Paulo, Kristo Yesu somafo a wɔnam Onyankopɔn pɛ so afrɛ no, ne onua Sostene 2 de kɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, wɔn a wɔatew wɔn ho Kristo Yesu mu afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefo, ne wɔn a wɔbɔ yɛne wɔn nyinaa Wura Yesu Kristo din wɔ mmaa nyinaa no: 3 Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Aseda 4 Onyankopɔn adom a wɔde adom mo Kristo Yesu mu no nti, meda me Nyankopɔn ase daa wɔ mo ho 5 sɛ nneɛma nyinaa mu moanya mo ho wɔ no mu, nsɛm ne nimdeɛ nyinaa mu, 6 sɛnea Kristo adanse no atim mo mu, 7 amma adom akyɛde biara ammɔ mo, bere a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo adiyi no; 8 ɔno ara nso na ɔbɛhyɛ mo den akosi awiei, na mo ho amma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo da no. 9 Onyankopɔn a wɔnam no so afrɛ mo akɔ ne ba, yɛn Awurade Yesu Kristo, ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafo. Mpaepaemu a ɛwɔ Asafo no mu 10 Na, anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so mitu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaepaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu. 11 Na, me nuanom, Kloe fifo abeyi me mo ho asotiw sɛ kunsunkunsun wɔ mo mu. 12 Ɛne sɛ, mo mu biara ka sɛ: Me de, mewɔ Paulo afa, anaasɛ me de mewɔ Apolo afa, anaasɛ me de mewɔ Kefa afa; anaasɛ me de mewɔ Kristo afa. 13 Wɔapaepae Kristo mu anaa? Paulo na wɔbɔɔ no asɛnnua mu maa mo, anaasɛ wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Paulo din mu? 14 Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu, gye Krispo ne Gaio, 15 na obi anka sɛ mebɔɔ asu mehyɛɛ me din mu. 16 (Ɛhɛɛ, afei nso mebɔɔ Stefana fifo asu; na nkae no de, sɛ mebɔɔ obi asu a, minnim). 17 Na Kristo ansoma me sɛ memmɛbɔ asu ara kɛkɛ, na mmom sɛ memmɛka asɛmpa no, ɛnyɛ nyansasɛnka mu, na Kristo asɛnnua no anyɛ ɔkwa. 18 Na asɛnnua no ho asɛm no yɛ nkwaseasɛm ma wɔn a wɔreyera, na yɛn a wɔregye yɛn nkwa no de ɛyɛ Onyankopɔn tumi. 19 Efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Mɛsɛe anyansafo nyansa, na mɛma animdefo nimdeɛ ayɛ ɔkwa. 20 Onyansafo wɔ he? Kyerɛwfo wɔ he? Wiase kyinnyegyefo wɔ he? Onyankopɔn nnan wiase nyansa nkwaseasɛm anaa? 21 Na wiase amfa nyansa so anhu Nyankopɔn wɔ Onyankopɔn nyansa mu nti, ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔnam asɛnka no nkwaseasɛm so begye wɔn a wogye di no nkwa. 22 Efisɛ Yudafo bisa nsɛnkyerɛnne, na Helafo nso hwehwɛ nyansa; 23 na yɛn de, yɛka Kristo a wɔbɔɔ no asɛnnua no ho asɛm; ɔyɛ hintidua ma Yudafo, na ɔyɛ nkwaseasɛm ma amanaman mufo. 24 Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no de, Yudafo oo, Helafo oo, saa Kristo yi yɛ Onyankopɔn tumi ne Nyankopɔn nyansa. 25 Efisɛ Onyankopɔn nkwaseasɛm wɔ nyansa kyɛn nnipa, na Onyankopɔn mmerɛwyɛ yɛ den kyɛn nnipa. 26 Na, anuanom, monhwɛ mo frɛ no, sɛ ɛnyɛ ɔhonam fam anyansafo beberee, ɛnyɛ atumfo beberee, ɛnyɛ adehye beberee na wɔafrɛ wɔn, 27 na mmom wiase nkwaseade na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafo aniwu. Na wiase ade a ɛyɛ mmerɛw na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ nea ɛyɛ den no aniwu. 28 Na wiase nneɛma a ɛmfra ne nea wommu na Onyankopɔn ahwɛ mu ayi, ne nea enni hɔ, sɛ ɔde betu nea ɛwɔ hɔ, 29 na ɔhonam biara anhoahoa ne ho n’anim. 30 Na ne mu na efi na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno mu na efi, na Nyankopɔn ayɛ nyansa ne trenee ne ahotew ne ogye ama yɛn. 31 Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho Awurade mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana