1 Berɛsosɛm 4 - KYERƐW KRONKRONYuda asefo 1 Yuda mma ne: Peres, Hesron ne Karmi ne Hur ne Sobal. 2 Na Sobal ba Reaia woo Yahat, na Yahat woo Ahumai ne Lahad, eyinom ne Sorafo mmusua. 3 Na eyinom ne Etam agya de: Yesreel ne Yisma ne Yidbas, na wɔn nua din de Haslelponi; 4 ne Penuel a ɔyɛ Gedor n’agya ne Eser a ɔyɛ Husa n’agya, eyinom ne Betlehem agya Efrata abakan Hur mma. 5 Na Ashur a ɔyɛ Tekoa n’agya wɔ yerenom baanu, Hela ne Naara. 6 Na Naara woo Ahusam ne Hefer ne Temeni ne Haahastari maa no; eyinom ne Naara mma. 7 Na Hela mma ne: Seret, Yesohar ne Etnan. 8 Na Kos woo Anub ne Sobeba ne Aharhel Harum ba mmusua. 9 Na Yabes nyaa anuonyam sen ne nuanom; na ne na too no din Yabes sɛ: Mede yaw na ɛwoo no. 10 Na Yabes frɛɛ Israel Nyankopɔn sɛ: Oo, sɛ anka wubehyira me na woatrɛw me hye mu na wo nsa adi m’akyi na woamma bɔne bi ammɛyɛ me na ɛyaw bi ammɛka me ɛ! Na Onyankopɔn maa nea ɔsrɛe no bae. 11 Na Kelub, Suha ne nua, woo Mehir a ɔne Eston agya. 12 Na Eston woo Bet-rafa ne Pasea ne Tehina, Ir-nahas agya; eyinom ne Reka nkurɔfo. 13 Na Kenas mma ne: Otniel ne Seraia; na Otniel mma ne: Hatat. 14 Na Meonotai woo Ofra. Na Seraia woo Yoab, Ge-harasim agya, efisɛ wɔyɛ adwumfo. 15 Na Yefune ba Kaleb mma ne: Iru, Ela ne Naam; na Ela mma ne: Kenas. 16 Na Yehalelel mma ne: Sif ne Sifa, Tiria ne Asarel. 17 Na Esra mma ne: Yeter ne Mered ne Efer ne Yalon; na ɔwoo Miriam ne Samai ne Yisba a ɔyɛ Estemoa n’agya. 18 Na ne yere a ɔyɛ Yudani woo Yered a ɔyɛ Gedor n’agya, ne Heber a ɔyɛ Soko n’agya, ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa n’agya; na eyinom ne Farao babea Bitia a Mered waree no no mma. 19 Na Hodia yere a ɔyɛ Naham ne nuabea mma ne: Garmini Keila n’agya ne Maakatni Estemoa n’agya. 20 Na Simon mma ne: Amnon ne Rina, Ben-hanan ne Tilon. Na Yisi mma ne: Sohet ne Ben-sohet. 21 Yuda ba Sela mma ni: Er a ɔyɛ Leka n’agya, ne Laada a ɔyɛ Maresa n’agya, ne Bet-asbea nwera ho adwumayɛfo fi mmusua no, 22 ne Yokim ne Koseba mmarima ne Yoas ne Saraf a wɔyɛ ofiwuranom, Moab ne Yasubi-lahem. (Nso nsɛm no yɛ adedaw.) 23 Wɔn ne nkukunwemfo ne wɔn a wɔte Netaim ne Gedera wɔ ɔhene nkyɛn, n’adwuma mu hɔ na wɔte. Simeon asefo 24 Simeon mma ne: Nemuel ne Yamin, Yarib, Serah ne Saul; 25 ne ba Salum, ne ba Mibsam, ne ba Misma. 26 Na Misma mma ne: Ne ba Hamuel, ne ba Sakur, ne ba Simei. 27 Na Simei wɔ mmammarima dunsia ne mmabea baasia; nso ne nuanom annya mma bebree, na wɔn abusua nyinaa ase amfɛe sɛ Yuda mma. 28 Na wɔtenaa Beer-seba ne Molada ne Hasar-sual, 29 ne Bilha ne Esem ne Tolad, 30 ne Betuel ne Horma ne Siklag, 31 ne Bet-markabot ne Hasar-susim ne Bet-biri ne Saaraim. Eyinom ne wɔn nkurow beduu Dawid ahenni so. 32 Na wɔn nkuraa ne Etam ne Ain, Rimon ne Token ne Asan: Nkurow anum; 33 ne wɔn nkuraa a ɛwowɔ nkurow yi ho nyinaa de kosii Baal. Eyi ne wɔn tenabea horow ne wɔn mmusua nkanee. 34 Na Mesobab ne Yamlek ne Amasia ba Yosa, 35 ne Yoel ne Asiel ba Seraia ba Yosibia ba Yehu, 36 ne Elioenai ne Yaakoba ne Yesohaia ne Asaia ne Adiel ne Yesimiel ne Benaia, 37 ne Semaia ba, Simri ba, Yedaia ba, Alon ba, Sifi ba Sisa, 38 eyinom a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ wɔn mmusua mu mmapɔmma, na wɔn mpanyimfi trɛwee pii. 39 Na wosiim kɔɔ nea wɔnam kɔ Gedor, obon no apuei fam sɛ wɔkɔhwehwɛ adidibea ama wɔn nguan. 40 Na wohuu adidibea frɔmfrɔm a eye, na asase no mu trɛw haharaa, na ɛso dwo komm; na wɔn a wɔtete hɔ kan no fi Ham. 41 Ɛnna eyinom a wɔakyerɛw wɔn din no kɔe, Yuda hene Hesekia bere so, kɔtoaa Maonfo a wohuu wɔn wɔ hɔ no ne wɔn ntamadan, na wokunkum wɔn pasaa de besii nnɛ, na wɔtenatenaa wɔn afa hɔ, efisɛ adidibea wɔ hɔ ma wɔn nguan. 42 Na Simeon mma no ara mu mmarima ahanum fii wɔn mu siim kɔɔ Seir bepɔw so, na Pelatia ne Nearia ne Refaia ne Usiel a wɔyɛ Yisi mma di wɔn ti. 43 Na wokokunkum Amalek aguanfo no nkae, na wɔtenaa hɔ de besii nnɛ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana