Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Berɛsosɛm 29 - KYERƐW KRONKRON


Tow kɛse a woyi ma asɔrefi

1 Na ɔhene Dawid ka kyerɛɛ bagua no nyinaa sɛ: Me ba Solomon a ɔno nko na Onyankopɔn ayi no no yɛ abofra, na ɔyɛ bɔkɔɔ, na adwuma no so, efisɛ aban no nyɛ onipa de, na ɛyɛ AWURADE Nyankopɔn de.

2 Na me tumi nyinaa na mede masiesie me Nyankopɔn fi no ho sika mama sika ade, ne dwetɛ mama dwetɛ ade, ne kɔbere ade ho kɔbere, dade nso dade ne nnua ade nnua, apopobibiri abo ne nhyehyɛmu abo, abo sransran ne abo nworannworan ne aboɔden abo nyinaa ne abo fufu pii pa.

3 Nanso me Nyankopɔn fi ho anisɔ nti, me sika ne dwetɛ akorade a ɛwɔ me ho no, mede mama me Nyankopɔn fi no mapae nea masiesie masie kronkronbea fi no nyinaa so.

4 Sika dwetikɛse mpensa, Ofir sika ne dwetɛ a wɔayiyi mu dwetikɛse mpemnson, sɛ wɔmfa nnura adan no afasu no ho,

5 na wɔmfa sika no nyeyɛ sika nneɛma, na wɔmfa dwetɛ no nyeyɛ dwetɛ nneɛma, na wɔmfa nyɛ adwumfo nsa ano adwuma no nyinaa. Na afei, ɛhena na oyi ne yam de n’ayɛyɛde ma AWURADE nnɛ?

6 Ɛnna mpanyimfi mmapɔmma ne Israel mmusuakuw mmapɔmma ne mpem ne ɔha ha so asafohene ne ɔhene adwuma so ahwɛfo no yii wɔn yam maa bi;

7 wɔmaa Onyankopɔn fi som no ho sika dwetikɛse mpemnum ne sika darik ɔpedu ne dwetɛ dwetikɛse ɔpedu ne kɔbere dwetikɛse ɔpedunwɔtwe ne dade dwetikɛse ɔpeha.

8 Na wɔn a wohuu wɔn hɔ abo no de maa AWURADE fi akorade no de hyɛɛ Gersonni Yehiel nsa.


Dawid aseda mpaebɔ

9 Na ɔman no ani gyei nea woyii wɔn yam de mae no ho, efisɛ koma mu nyinaa na wɔde yii wɔn yam de maa AWURADE, na ɔhene Dawid nso ani gyee anigye kɛse.

10 Na Dawid hyiraa AWURADE, bagua no nyinaa anim, na Dawid kae sɛ: Nhyira ne wo, AWURADE, yɛn agya Israel Nyankopɔn, fi daa kosi daa.

11 Wo AWURADE na kɛseyɛ ne mmaninyɛ ne anuonyam ne nkunimdi ne aseda wɔ wo, na nea ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa wɔ wo. Wo, AWURADE, na ahenni wɔ wo, na wo na wokorɔn wɔ ade nyinaa so.

12 Na ahonya ne anuonyam fi w’anim, na wo na wudi ade nyinaa so, na wo nsam na ahoɔden ne mmaninyɛ wɔ, na nnipa nyinaa kɛseyɛ ne denhyɛ wɔ wo nsam.

13 Na afei, yɛn Nyankopɔn, yɛn de, yɛda wo ase, na yeyi w’anuonyam din no ayɛ.

14 Na hena ne me, na hena ne me man, na yɛanya ahoɔden sɛ yebeyi yɛn yam ama ade sɛɛ yi? Na wo nkyɛn na ne nyinaa fi, na wo nsam na yenyae na yɛde ama wo yi.

15 Na ahɔho ne amamfrafo ne yɛn w’anim, sɛ yɛn agyanom nyinaa. Yɛn nna te sɛ sunsuma asase so, na anidaso bi nni hɔ.

16 AWURADE yɛn Nyankopɔn, adekuw yi a yɛasiesie sɛ yɛde rebesi ofi ama wo din kronkron yi nyinaa, wo nsam na efi, na wo na ne nyinaa wɔ wo.

17 Na minim, me Nyankopɔn, sɛ wo de, wosɔ koma hwɛ, na teeyɛ na ɛsɔ w’ani. Me de, me komam teeyɛ mu na mayi me yam mama eyinom nyinaa, na afei wo man a wohu wɔn ɛha yi nso, mede anigye mahu sɛ wɔn nso ayi wɔn yam ama wo ade.

18 AWURADE, yɛn agyanom Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, fa eyi sie wo man koma mu adwene mu nsusuwii mu kosi daa, na siesie wɔn koma bra wo fam.

19 Na me ba Solomon nso, ma no koma a edi mu, na ɔnhwɛ wo mmara nsɛm, w’adanse ne w’ahyɛde, na ɔnyɛ ne nyinaa, na ɔnto aban a masiesie ho no.


Wɔsra Solomon

20 Na Dawid ka kyerɛɛ bagua no nyinaa sɛ: Munhyira AWURADE mo Nyankopɔn no ɛ! Na bagua no nyinaa hyiraa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔkotow sɔree AWURADE ne ɔhene.

21 Na wɔbobɔɔ AWURADE afɔre, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre maa AWURADE, da no adekyee, anantwinini apem, adwennini apem, nguan mma apem, ne wɔn ho ahwiesa, ne afɔre pii pa maa Israel nyinaa.

22 Na wɔde anigye kɛse didi nomee, AWURADE anim da no. Na wosii Dawid ba Solomon hene ne mprenu so, na wɔsraa no ngo maa AWURADE sɛ bapɔmma, ne Sadok nso sɛ ɔsɔfo.

23 Na Solomon tenaa AWURADE agua so dii n’agya Dawid ade, na ɔfɔefɔee, na Israel nyinaa tiee no.

24 Na mmapɔmma no nyinaa ne nnɔmmarima no nyinaa ne ɔhene Dawid mma no nyinaa nso de wɔn ho hyɛɛ ɔhene Solomon ase.

25 Na AWURADE maa Solomon soe kɛse pa ara Israel nyinaa ani so, na ɔhyɛɛ no ahenni mu anuonyam a ahene a wodii Israel so dii n’anim no biara nnyaa bi da.


Dawid wu

26 Sɛɛ na Yese ba Dawid dii Israel nyinaa so hene.

27 Na nna a ɔde dii Israel so no si mfirihyia aduanan. Odii hene mfe ason Hebron, na Yerusalem de, odii mfe aduasa abiɛsa.

28 Na owui onyin pa mu a nna ne ade dodow ne anuonyam amee no. Na ne ba Solomon bedii n’ade.

29 Na ɔhene Dawid nsɛm a edi kan ne nea edi akyiri no, hwɛ, wɔakyerɛw ɔdehufo Samuel nsɛm ne odiyifo Natan nsɛm ne ɔdehwɛfo Gad nsɛm mu;

30 eyinom da n’ahenni ne ne mmaninyɛ nyinaa ne nea esii ne mmere so a ɛfa ɔno ara ne ho, Israel ho ne aman ahenni nyinaa no ho adi.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan