1 Berɛsosɛm 27 - KYERƐW KRONKRONAsafohene dumien no 1 Na Israelfo a wɔabu wɔn ano mpanyimfi atitiriw, ne mpem ne ɔha ha so asafohene, ne wɔn ahwɛfo a wɔsom ɔhene, nkyekyem horow no ho nsɛm nyinaa mu, wɔn a wɔba ne wɔn a wofi adi daa ɔsram, afe mu asram nyinaa a nkyekyem biara yɛ nnipa peduonu anan ni: 2 Ɔsram a edi kan mu nkyekyem a edi kan no so na Yasobeam, Sabdiel ba, di, na ne nkyekyem no mu nnipa si ɔpeduonu anan. 3 Ofi Peres mma mu na odi dɔm asafohene nyinaa ti, ɔsram a edi kan no mu. 4 Na ɔsram a ɛto so abien no nkyekyem so na Ahohini Dodai di, na ne nkyekyem so bapɔmma ne Miklot, na ne nkyekyem no mu nnipa si ɔpeduonu anan. 5 Ɔsram a ɛto so abiɛsa no mu dɔm so safohene a ɔto so abiɛsa ne ɔsɔfo Yehoiada ba Benaia, odi ti, na ne nkyekyem no mu nnipa si ɔpeduonu anan. 6 Ɔno Benaia ne aduasa no mu dɔmmarima a odi aduasa no so, na ne ba Amisabad fra ne nkyekyem mu. 7 Nea ɔto so anan ɔsram a ɛto so anan mu ne Yoab ne nua Asahel, na ne ba Sebadia wɔ n’akyi, na ne nkyekyem no mu nnipa si ɔpeduonu anan. 8 Nea ɔto so anum ɔsram a ɛto so anum mu ne ɔsafohene Yisrahini Samhut, na ne nkyekyem mu nnipa si ɔpeduonu anan. 9 Nea ɔto so asia ɔsram a ɛto so asia mu ne Tekoani Ikes ba Ira, na ne nkyekyem mu nnipa si ɔpeduonu anan. 10 Nea ɔto so ason ɔsram a ɛto ason mu ne Pelonni Heles a ofi Efraim mma mu, na ne nkyekyem mu nnipa si ɔpeduonu anan. 11 Nea ɔto so awotwe ɔsram a ɛto so awotwe mu ne Husani Sibekai a ofi Serahfo mu, na ne nkyekyem mu nnipa si ɔpeduonu anan. 12 Nea ɔto so akron ɔsram a ɛto so akron mu ne Anatotni Abieser a ofi Benyaminfo mu, na ne nkyekyem mu nnipa si ɔpeduonu anan. 13 Nea ɔto so du ɔsram a ɛto so du mu ne Netofani Maharai a ofi Serahfo mu, na ne nkyekyem mu nnipa si ɔpeduonu anan. 14 Nea ɔto so dubiako ɔsram a ɛto so dubiako mu ne Piratonni Benaia a ofi Efraim mma mu, na ne nkyekyem mu nnipa si ɔpeduonu anan. 15 Nea ɔto so dumien ɔsram a ɛto so dumien mu ne Netofani Heldai a ɔyɛ Otniel aseni, na ne nkyekyem mu nnipa si ɔpeduonu anan. Mmapɔmma no 16 Na wɔn a wodi Israel mmusuakuw no so ni: Rubenfo bapɔmma ne Sikri ba Eliesa. Simeonfo mu: Maaka ba Sefatia; 17 Lewifo mu: Kemuel ba Hasabia; Aaronfo mu: Sadok; 18 Yuda mu: Elihu a ofi Dawid nuanom mu; Isakar mu: Mikael ba Omri; 19 Sebulon mu: Obadia ba Yismaia; Naftali mu: Asriel ba Yerimot; 20 Efraim mma mu: Asasia ba Hosea; Manase abusuakuw fa mu: Pedaia ba Yoel; 21 Manase abusuakuw fa a ɛwɔ Gilead no mu: Sakaria ba Ido; Benyamin mu: Abner ba Yaasiel; 22 Dan mu: Yeroham ba Asarel. Eyinom ne Israel mmusuakuw so asafohene. 23 Na Dawid ammu wɔn a wɔadi mfirihyia aduonu ne wɔn a wonnii no ano, efisɛ AWURADE aka sɛ ɔbɛma Israel adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma. 24 Seruia ba Yoab fii ase kanee, na wanwie; na eyi nti abufuw baa Israel so, na dodow no, wɔankyerɛw ɔhene Dawid beresosɛm nhoma no mu. Dawid nhenkwaa ne ne mpanyin 25 Na ɔhene akorade no so na Adiel ba Asmawet di, na akorade a ɛwɔ asase no so nkurow ne nkurowa ne abantenten mu no so na Usia ba Yonatan di. 26 Na wɔn a wɔyɛ mfuw mu adwuma dɔw asase no so na Kelub ba Esri di. 27 Na bobe nturo so na Ramatni Simei di, na bobe nturo no mu akorasa no so na Sifimni Sabdi di. 28 Na ngo nnua ne ankye a ɛwɔ tataw so no so na Gederni Baal-hanan di. Na ngo akorae no so na Yoas di. 29 Na anantwi a wɔyɛn wɔn Saron no so na Saronni Sitrai di, na abon no mu anantwi so na Adlai ba Safat di. 30 Na yoma so na Ismaelni Obil di, na mfurum so na Meronotni Yehedia di. 31 Na nguan so na Hagarni Yasis di. Eyinom nyinaa yɛ ɔhene Dawid nneɛma so ahwɛfo. 32 Na Dawid wɔfa Yonatan ne ɔfotufo, ɔyɛ ɔbarima nhumufo, na ɔyɛ ɔkyerɛwfo nso. Ɔno ne Hakmoni ba Yehiel na wɔtetew ahene mma no. 33 Na Ahitofel ne ɔhene fotufo, na Arkini Husai ne ɔhene adamfo. 34 Na Ahitofel akyi na Benaia ba Yehoiada ne Abiatar di. Na ɔhene no sahene ne Yoab. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana