1 Berɛsosɛm 26 - KYERƐW KRONKRONAponanohwɛfo 1 Aponanohwɛfo no mu nkyekyem ni: Korafo no mu: Kore ba Meselemia, ofi Asaf mma mu. 2 Na Meselemia wɔ mma: Sakaria ne abakan, Yediael tia abien, Sebadia to so abiɛsa, Yarniel to so anan, 3 Elam to so anum, Yohanan to so asia, Eliehoenai to so asɔn. 4 Na Obed-edom wɔ mma: Semaia ne abakan, Yosabad tia abien, Yoah to so abiɛsa, Sakar to so anan, Netanel to so anum. 5 Amiel to so asia, Isakar to so asɔn, Peuletai to so awotwe, efisɛ Onyankopɔn hyiraa no. 6 Na ne ba Semaia nso, wɔwoo mma maa no, na wodii wɔn agya fi so efisɛ, wɔyɛ mmarima a wotumi. 7 Semaia mma ne: Otni ne Refael ne Obed, Elsabad a ne nuanom Elihu ne Semakia yɛ nnipa a wotumi. 8 Eyinom nyinaa fi Obed-edom mma mu, wɔne wɔn mma ne wɔn nuanom, mmarima a wotumi a wɔwɔ ɔsom mu ahoɔden, wosi aduosia abien a wɔyɛ Obed-edom de. 9 Na Meselemia wɔ mma ne nuanom, nnipa a wotumi dunwɔtwe. 10 Na Hosa a ofi Merari mma mu no wɔ mma: Simir na odi ti, ɔnyɛ abakan de, nanso n’agya na ɔde no sii ti. 11 Hilkia tia abien, Tebalia to so abiɛsa, Sakaria to so anan; Hosa mma ne ne nuanom nyinaa si dummiɛnsa. 12 Eyinom ne aponanohwɛfo no nkyekyem, sɛ wɔn atitiriw te; wɔwɔ ɔwɛn adwuma sɛ wɔn nuanom no, na wɔsom AWURADE fi. 13 Na wɔbɔɔ ɔpon biara so ntonto, akumaa ne ɔkɛse nyinaa, sɛ wɔn mpanyimfi te. 14 Na apuei ntonto no fi maa Selemia. Na ne ba Sakaria a ɔyɛ nimdeɛ mu fotufo no nso, wɔbɔɔ ntonto maa no, na ne ntonto no fii benkum fam. 15 Obed-edom de wɔ nifa fam, na ne mma de ne anoboa dan no. 16 Supim ne Hosa de wɔ atɔe fam, Saleket pon ho, aforoe tempɔn no so, ɔwɛn wɔ ɔwɛn ntentenso. 17 Lewifo baasia wɔ apuei, baanan wɔ benkum fam da koro, baanan wɔ nifa fam da koro, na anoboa dan no ho de, baanu baanu. 18 Parbar de wɔ atɔe fam: Nnipa baanan wɔ ɔtempɔn no ano, na baanu wɔ Parbar ho. 19 Eyinom ne aponanohwɛfo nkyekyem no, Korafo mma ne Merari mma no mu. Sannaafo no 20 Na Ahia a ɔyɛ Lewifo no mu bi di Onyankopɔn fi akorade ne akronkronne akorade no so: 21 Ladan mma, Gersonni no mma a wɔyɛ Ladan de no, Gersonni Ladan agyanom atitiriw: Yehieli. 22 Yehieli mma, Setam ne ne nua Yoel, dii AWURADE fi akorade no so. 23 Amramfo, Yisharfo, Hebronfo, Usielfo no mu 24 na Mose ba Gersom ba Sebuel di akorade no so bapɔmma. 25 Na ne nuanom nso: Eliesa de: Ne ba Rehabia, ne ba Yesaia, ne ba Yoram, ne ba Sikri, ne ba Selomit. 26 Ɔno Selomit ne ne nuanom di akronkronne a ɔhene Dawid ne agyanom atitiriw, mpem ne ɔha ha so asafohene ne dɔm asafohene no yɛɛ no kronkron no akorade nyinaa so, 27 akodi mu asade no bi na wɔde mae sɛ wɔmfa nsiesie AWURADE fi no. 28 Na nneɛma a ɔdehufo Samuel ne Kis ba Saul ne Ner ba Abner ne Seruia ba Yoab de mae no nyinaa nso, ɛhyɛ Selomit ne ne nuanom nsa. Atemmufo no 29 Yisharfo mu na woyii Kenania ne ne mma sɛ wonni Israel so, anihumafo adwuma mu: Wɔyɛ mpanyimfo ne atemmufo. 30 Hebronfo mu nso, Hasabia ne ne nuanom, nnipa a wotumi apem ahanson na ɛhwɛɛ Israel so, Yordan atɔe fam, AWURADE adwuma ne ɔhene som nyinaa fam. 31 Hebronfo no mu nso, Yeria na odi ti sɛ Hebronfo no awo ntoatoaso ne mpanyimfi te. Dawid ahenni afe a ɛto so aduanan mu na wɔhwehwɛɛ wɔn mu, na wohuu wɔn mu mmarima a wotumi wɔ Yaser-gilead. 32 Na ɔne ne nuanom, nnipa a wotumi na wɔyɛ mpanyimfi atitiriw mpennu ahanson, na ɔhene Dawid de wɔn sisii Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no so, Onyankopɔn ne ɔhene nsɛm nyinaa fam. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana