Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Berɛsosɛm 25 - KYERƐW KRONKRON


Asɔredan no mu nnwontofo

1 Nso Dawid ne dɔm so asafohene no yiyii Asaf ne Heman ne Yedutun mma no mu wɔn a wɔnsom mfa nsankuten ne mmɛnta asanku ne nnawuru nhyɛ nkɔm. Na nnipa a wɔyɛ adwuma no sɛ wɔn som te no dodow ni:

2 Asaf mma mu: Sakur ne Yosef ne Netania ne Asarela, Asaf mma a wɔhyɛ Asaf ase, ɔno nso na ɔhyɛ ɔhene nsa ano nkɔm.

3 Yedutun de: Yedutun mma ne: Gedalia ne Seri ne Yesaia [ne Simei], Hasabia ne Matitia, baasia no hyɛ wɔn agya Yedutun ase, ɔno kura sankuten hyɛ nkɔm de aseda ne ayeyi ma AWURADE.

4 Heman de: Heman mma ne: Bukia, Matania, Usiel, Sebuel ne Yerimot, Hanania, Hanani, Eliata, Gidalti ne Romamti-eser, Yosbekasa, Maloti, Hotir, Mahasiot.

5 Eyinom nyinaa ne ɔhene dehufo Heman mma sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no so no; efisɛ Onyankopɔn maa Heman mmammarima dunan ne mmabea baasa.

6 Eyinom nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase AWURADE fi dwonto no mu kurakura nnawuru ne mmɛnta asanku ne nsankuten som Onyankopɔn fi, wɔ ɔhene no, Asaf ne Yedutun ne Heman ase.

7 Na wɔne wɔn nuanom a wɔakyerɛ wɔn AWURADE dwonto no ano si nhumufo ara nko ahanu aduɔwɔtwe awotwe.

8 Na wɔbɔɔ ɔhwɛ adwuma no so ntonto, akumaa ne ɔkɛse, ɔkyerɛkyerɛfo ne osuani, nyinaa pɛ.

9 Na ntonto a edi kan no kɔ maa Asaf de maa Yosef. Gedalia de tia abien, ɔne ne nuanom ne ne mma si dumien.

10 Nea ɛto so abiɛsa ne: Sakur, ne mma ne ne nuanom, yɛ dumien.

11 Nea ɛto so anan no fi maa Yisri, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

12 Nea ɛto so anum ne: Netania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

13 Nea ɛto so asia ne: Bukia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

14 Nea ɛto so ason ne: Yesarela, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

15 Nea ɛto so awotwe ne: Yesaia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

16 Nea ɛto so akron ne: Matania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

17 Nea ɛto so du ne: Simei, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

18 Nea ɛto so dubiako ne: Asarel, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

19 Nea ɛto so dumien ne: Hasabia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

20 Nea ɛto so dumiɛnsa ne: Subael, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

21 Nea ɛto so dunan ne: Matitia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

22 Nea ɛto so dunum ne: Yeremot, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

23 Nea ɛto so dunsia ne: Hanania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

24 Nea ɛto so dunsɔn ne: Yosbekasa, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

25 Nea ɛto so dunwɔtwe ne: Hanani, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

26 Nea ɛto so dunkron ne: Maloti, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

27 Nea ɛto so aduonu ne: Eliata, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

28 Nea ɛto so aduonu biako ne: Hotir, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

29 Nea ɛto so aduonu abien ne: Gidalti, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

30 Nea ɛto so aduonu abiɛsa ne: Mahasiot, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

31 Nea ɛto so aduonu anan ne: Romamti-eser, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan