Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Berɛsosɛm 24 - KYERƐW KRONKRON


Asafokuw horow aduonu anan no

1 Na Aaron mma no de, wɔn mu nkyekyem ni: Aaron mma ne: Nadab ne Abihu, Eleasar ne Itamar.

2 Na Nadab ne Abihu dii wɔn agya anim wuwui a wonni mma. Na Eleasar ne Itamar bedii asɔfo.

3 Na Dawid buu wɔn mu: Sadok a ofi Eleasar mma mu, ne Ahimelek a ofi Itamar mma mu, sɛ wɔn adwumayɛ dibea te wɔn som no mu.

4 Na wohuu Eleasar mma mu mmarima no mu atitiriw bebree sen Itamar mma mu, na wobuu wɔn mu: Eleasar mma nyaa mpanyimfi atitiriw dunsia, na Itamar, mma wɔn mpanyimfi so, awotwe.

5 Na wobuu wɔn mu ntonto so, eyinom ne eyinom, na kronkronbea mmapɔmma ne Onyankopɔn asafohene no fi Eleasar mma ne Itamar mma mu.

6 Na Netanel ba ɔkyerɛwfo Semaia a ofi Lewifo mu no kyerɛw wɔn din, ɔhene ne mmapɔmma ne ɔsɔfo Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfo no ne Lewifo agyanom mu atitiriw no anim, wɔtwee agya fi biako maa Eleasar ansa na wɔtwee biako nso maa Itamar.

7 Na ntonto a efii kan no yɛɛ Yehoiarib de, nea ɛto so abien yɛɛ Yedaia de,

8 Harim de too so abiɛsa, Seorim de, anan,

9 Malkiya de, anum, Miyamin de, asia,

10 Hakos de, asɔn, Abigya de, awotwe,

11 Yesua de, akron, Sekania de, du,

12 Eliasib de, dubiako, Yakim de, dumien,

13 Hupa de, dumiɛnsa, Yesebab de, dunan,

14 Bilga de, dunum, Imer de, dunsia,

15 Hesir de, dunsɔn, Hapises de, dunwɔtwe,

16 Petahia de, dunkron, Yeheskel de, aduonu,

17 Yakin de, aduonu biako, Gamul de, aduonu abien,

18 Delaia de, aduonu abiɛsa, Maasia de, aduonu anan.

19 Eyi ne wɔn adwumayɛ dibea, sɛ wɔn som no te, sɛ wɔnhyɛn AWURADE fi sɛ wɔn atɔremude a ɛnam wɔn agya Aaron so bae no, sɛnea AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛɛ no no.


Lewi mma mu atitiriw

20 Na Lewi mma a aka no de: Amram mma mu: Subael. Subael mma mu: Yehdeia.

21 Rehabia de, Rehabia mma mu: Yisia di ti.

22 Yisharfo mu: Selomot. Selomot mma mu: Yahat.

23 Na [Hebron] mma ne: Yeria, Amaria di hɔ, Yahasiel to so abiɛsa, Yekameam to so anan.

24 Usiel mma: Mika. Mika mma mu: Samir.

25 Mika ne nua Yisia. Yisia mma mu: Sakaria.

26 Merari mma ne: Mahli ne Musi; ne ba Yaasia mma,

27 Merari mma a wɔyɛ ne ba Yaasia de: Soham ne Sakur ne Ibri.

28 Mahli de: Eleasar, na ɔno de, onni mma.

29 Kis de, Kis mma: Yerahmeel.

30 Na Musi mma ne: Mahli ne Eder ne Yerimot. Eyinom ne Lewifo mma sɛ wɔn mpanyimfi te.

31 Na eyinom nso bɔɔ ntonto sɛ wɔn nuanom Aaron mma no ara, ɔhene Dawid ne Sadok ne Ahimelek ne asɔfo ne Lewifo agyanom atitiriw no anim, agyanom mu titiriw sɛ ne nua kumaa ara.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan