Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Berɛsosɛm 22 - KYERƐW KRONKRON


Dawid siesie asɔrefi si no ho

1 Na Dawid kae sɛ: Eyi ne AWURADE Nyankopɔn fi no, na eyi ne Israel ɔhyew afɔremuka no.

2 Na Dawid kae sɛ wɔmmoa ahɔho a wɔwɔ Israel asase so no ano, na osisii abopaefo sɛ wɔmpae abo a wɔasen, na wɔmfa nsi Onyankopɔn fi no.

3 Na Dawid siesiee dade bebree a wɔmfa mmɔ abobow ano apon ho nnadewa ne akɔtɔkoro ne kɔbere pii a enni nkarii,

4 ne nkyeneduru nnua a enni nkanee. Na Sidonfo ne Tirofo de nkyeneduru nnua pii brɛɛ Dawid.

5 Na Dawid kae sɛ: Me ba Solomon yɛ abofra na ɔyɛ bɔkɔɔ, na ofi no, wonsi mma AWURADE mma ɛnso kɛse pa ara, na ɛnyɛ din ne afɛfɛde mma nsaase nyinaa, na enti mesiesie ho nneɛma. Na Dawid siesiee ade pii pa ansa na ɔrewu.

6 Na ɔfrɛɛ ne ba Solomon, na ɔhyɛɛ no sɛ onsi ofi mma AWURADE, Israel Nyankopɔn.

7 Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: Me de, ɛwɔ me koma mu sɛ mesi ofi mama AWURADE me Nyankopɔn din,

8 na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Woaka mogya bebree agu, na woadi ako akɛse, nsi ofi mma me din, na woaka mogya bebree agu fam wɔ m’anim.

9 Hwɛ, wɔbɛwo ɔbabarima ama wo, ɔno na ɔbɛyɛ ahodwoe nipa, na mɛma ne ho adwo no afi n’atamfo nyinaa ho ahyia. Na Solomon [a ase ne: Asomdwoeni] na ɛbɛyɛ ne din, na asomdwoe ne kommyɛ nso na mede mɛba Israel so ne bere so.

10 Ɔno na obesi ofi ama me din, na ɔno na ɔbɛyɛ me ɔba, na me nso mɛyɛ no agya, na mɛma n’ahenni agua atim Israel so akosi daa.

11 Afei, me ba, AWURADE nni w’akyi, na kɔ w’anim, na si AWURADE wo Nyankopɔn fi no, sɛnea ɔkae wo ho no.

12 Na AWURADE mma wo nimdeɛ ne nhumu, na ɔnhyɛ wo Israel ho mmara, na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn mmara di so.

13 Sɛ wohwɛ wo ho sɛ wubedi ahyɛde ne atemmude a AWURADE hyɛɛ Mose Israel ho no so a, ɛnne wobɛfɔefɔe. Hyɛ wo ho den na pirim w’anim. Nsuro na wo koma nntu.

14 Na hwɛ, m’amane mu po, masiesie AWURADE fi no ho sika dwetikɛse ɔpeha ne dwetɛ dwetikɛse ɔpepem, na kɔbere ne dade de, enni nkarii, efisɛ ɛdɔɔso pii pa ara, na nnua ne abo nso, masiesie, na wode ebi aka ho.

15 Nso wowɔ adwumayɛfo pii pa ara: Abopaefo ne abo ne nnua adwumfo ne adwuma nyinaa mu adwumfo.

16 Sika, dwetɛ ne kɔbere ne dade no nni ano. Sɔre na yɛ, na AWURADE nni w’akyi.

17 Ɛnna Dawid hyɛɛ Israel mmapɔmma nyinaa sɛ wɔmmoa ne ba Solomon [na ose]:

18 So ɛnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn na odi mo akyi na wama mo ho nyinaa adwo mo ahyia? Na ɔde asase no sofo ahyɛ mo nsa, na wɔabrɛ asase no ase AWURADE ne ne man anim.

19 Afei momfa mo koma ne mo kra nhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn. Na monsɔre nkosi AWURADE Nyankopɔn kronkronbea no, na wɔmfa AWURADE apam adaka no ne Onyankopɔn akronkronne no mmra ofi a wobesi ama Awurade din no mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan