Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Berɛsosɛm 21 - KYERƐW KRONKRON


Ɔman no kan ne ɔyaredɔm
( 2 Samuel 24.1-25 )

1 Na Satan gyina hyɛɛ Israel, na opiapiaa Dawid sɛ ɔnkan Israel.

2 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne dɔm no mu asafohene sɛ: Monkɔ nkɔkan Israel mfi Beer-seba nkodu Dan, na mummebua me, na minhu wɔn dodow.

3 Na Yoab kae sɛ: AWURADE nka ne man ho sɛnea wɔte yi mpɛn ha so, me wura ɔhene, ɛnyɛ wɔn nyinaa ne me wura nkoa anaa? Ɛdɛn nti na me wura rehwehwɛ eyi? Ɛdɛn nti na ɛnyɛ asodi mma Israel?

4 Nanso ɔhene asɛm no yɛɛ Yoab so den. Na Yoab fii adi kokyin faa Israel nyinaa mu, na ɔsan baa Yerusalem.

5 Na Yoab de ɔman no anobu dodow brɛɛ Dawid: Na Israel nyinaa ano si ɔpepem ne ɔpeha, nnipa a wɔtwe nkrante. Na Yuda ano si ɔpehanan aduɔwɔtwe, nnipa a wɔtwe nkrante.

6 Na Lewi ne Benyamin de, Yoab ankan wɔn, efisɛ ɔhene asɛm no yɛɛ no ahi.

7 Nanso asɛm yi ansɔ Onyankopɔn ani nti, ɔbɔɔ Israel.

8 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mayɛ bɔne pa ara sɛ madi saa asɛm yi, na afei mesrɛ wo, ma w’akoa amumɔyɛ nsen nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ.

9 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid dehufo Gad sɛ:

10 Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Ade abiɛsa na mede resi w’anim, fa emu biako na menyɛ wo.

11 Na Gad baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Fa emu biako:

12 Sɛ mfe abiɛsa ɔkɔm oo, anaa asram abiɛsa aguan w’ahohiafo anim a w’atamfo nkrante reto wo oo, anaa AWURADE afoa ne asase no so yaredɔm nnansa a AWURADE bɔfo resɛe nnipa Israel ahye nyinaa mu oo, afei hwɛ mmuae a memfa mensan menkɔma nea ɔsomaa me no.

13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hia me sɛ, ma menhwe AWURADE nsam ɛ, na ne mmɔborohunu dɔɔso sɛ, na onipa nsam na wɔmmma mennhwe.

14 Na AWURADE maa ɔyaredɔm baa Israel so, na Israel mu nnipa ɔpeduɔson wuwui.


Dawid afɔrebɔ

15 Na Onyankopɔn somaa ɔbɔfo kɔɔ Yerusalem sɛ ɔnkɔsɛe hɔ. Na ɔresɛe hɔ no, AWURADE hwɛe, na onuu ne ho bɔne no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔresɛe hɔ no sɛ: Adɔɔso afei, pono wo nsa. Nso na AWURADE bɔfo no gyina Yebusini Ornan awiporowbea ho.

16 Na Dawid maa n’ani so na ohuu AWURADE bɔfo no sɛ ogyina asase ne ɔsoro ntam, na n’afoa a watwe kura ne nsam, na wateɛ Yerusalem so. Ɛnna Dawid ne mpanyimfo a wofurafura ayitama no de wɔn anim butubutuw fam.

17 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: So ɛnyɛ me na mise wɔnkan ɔman no, na me na mayɛ bɔne, na mayɛ nea enye yi, na nguan yi de, dɛn na wɔayɛ? AWURADE me Nyankopɔn, ma wo nsa mmra me so ne m’agya fi so, na mma ɛmmma wo man so mmmɛbɔ wɔn.

18 Ɛnna AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ Gad sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Dawid sɛ Dawid mforo nkɔ nkosi afɔremuka mma AWURADE, Yebusini Ornan awiporowbea hɔ.

19 Na Dawid foro kɔe sɛnea Gad de AWURADE din kae no.

20 Na Ornan dan ne ho, na ohuu ɔbɔfo no, na ne mma baanan ka ne ho, na wɔde wɔn ho hintawee; nso na Ornan reporow awi.

21 Na Dawid duu Ornan nkyɛn no, Ornan dan n’ani na ohuu Dawid. Ɛnna ofii adi fii awiporowbea hɔ, na ɔkotow Dawid de n’anim butuw fam.

22 Na Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Fa awiporowbea yi ma me na minsi so afɔremuka memma AWURADE. Fa ma me sɛ ne bo te, na wɔasiw ɔhaw no kwan afi ɔman no so.

23 Na Ornan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Gye fa, na me wura ɔhene nyɛ nea ɛsɔ n’ani. Hwɛ mema anantwi a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre ne ɔporow teaseɛnam a wɔde bɛyɛ nnyina ne awi a wɔde bɛyɛ aduan afɔre, mede ne nyinaa mema.

24 Na ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Dabi, na ɔtɔ na mɛtɔ no sɛ ne bo te, na meremfa ade a ɛyɛ wo de memma AWURADE, nso meremfa atetade mmɔ ɔhyew afɔre.

25 Na Dawid maa Ornan sika a wɔakari nnwetɛbona ahansia de tɔɔ ɛhɔ.

26 Na Dawid sii hɔ afɔremuka maa AWURADE, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na ɔfrɛɛ AWURADE no, ɔde ogya fii soro gyee no so ɔhyew afɔremuka no so.

27 Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ ɔbɔfo no, na ɔde n’afoa hyɛɛ boha mu.

28 Ɛbere a Dawid hui sɛ AWURADE agye no so, Yebusini Ornan awiporowbea no, ɔbɔɔ afɔre hɔ.

29 Efisɛ saa bere no na AWURADE tenabea a Mose yɛe sare so ne afɔremuka no wɔ sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibeon no mu;

30 nanso Dawid antumi ankɔ ɛno anim ankɔhwehwɛ Onyankopɔn, efisɛ ehu aka no AWURADE bɔfo no afoa anim.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan