Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Berɛsosɛm 18 - KYERƐW KRONKRON


Dawid mmaninne ne ne mpanyin
( 2 Samuel 8.1-18 )

1 Na eyi akyi no, Dawid kunkum Filistifo, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ogyee Gat ne ɛho nkurowa Filistifo nsam.

2 Na okunkum Moabfo nso, na Moabfo dan Dawid nkoa a wɔsoa ayɛyɛde ba.

3 Na Dawid kum Soba hene Hadadeser de kosii Hamat, ne kɔ a ɔkɔe sɛ ɔde ne nsa rekosi Eufrate asubɔnten ano no mu.

4 Na Dawid kyeree ne dɔm mu nteaseɛnam apem ne apɔnkɔsotefo mpemnson ne anammɔn mufo ɔpeduonu, na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini, na ogyaw wɔn mu nteaseɛnam ɔha de.

5 Na Siriafo a wɔwɔ Damasko no bae bɛboaa Soba hene Hadadeser no, Dawid kunkum Siriafo no mu nnipa ɔpeduonu abien.

6 Na Dawid de bansifo sii Siriafo a wɔwɔ Damasko no so, na Siriafo dan Dawid nkoa a wɔsoa ayɛyɛde ba. Na AWURADE maa Dawid dii nim baabiara a ɔkɔ.

7 Na Dawid gyee sika akyɛm a Hadadeser nkoa kurakurae no de baa Yerusalem.

8 Na Dawid faa kɔbere bebree pa fii Hadadeser nkurow Tibhat ne Kun mu de bae. Ɛno na Solomon de yɛɛ kɔbere po ne adum ne kɔbere nneɛmanneɛma no.

9 Na Hamat hene Tou tee sɛ Dawid aka Soba hene Hadadeser dɔm nyinaa agu no,

10 ɔsomaa ne ba Hadoram baa ɔhene Dawid nkyɛn bekyiaa no hyiraa no, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no agu nti, efisɛ Hadadeser ne Tou di dɔm, na okura sika ne dwetɛ ne kɔbere nnwinne ahorow nyinaa bae.

11 Ɛnonom nso na ɔhene Dawid yɛɛ no kronkron maa AWURADE, ne dwetɛ ne sika a ɔkɔsoae fi amanaman no nyinaa, Edomfo ne Moabfo ne Amonfo ne Filistifo ne Amalekfo mu no.

12 Nanso Seruia ba Abisai kum Edomfo mu nnipa ɔpedunwɔtwe wɔ Nkyene-bon no mu.

13 Na ɔde bansifo sii Edomfo so, na Edomfo nyinaa dan Dawid nkoa. Na AWURADE maa Dawid dii nim nea ɔkɔ nyinaa.

14 Na Dawid dii Israel nyinaa so hene, na odii atemmusɛm ne asɛntrenee maa ne man nyinaa.

15 Na Seruia ba Yoab na odi dɔm no so. Na Ahilud ba Yehosafat ne ɔsɛnkaefo.

16 Na Ahitub ba Sadok ne Abiatar ba Abimelek ne asɔfo. Na Sawsa ne ɔkyerɛwfo.

17 Na Yehoiada ba Benaia di Keretifo ne Peletifo a wɔyɛ asraafo no so. Na Dawid mma a wodi kan no na wɔyɛ ɔhene no ankɔbeafo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan