1 Berɛsosɛm 17 - KYERƐW KRONKRONDawid pɛ sɛ osi asɔrefi ( 2 Samuel 7.1-17 ) 1 Na Dawid te ne fi no, ɔka kyerɛɛ odiyifo Natan sɛ: Hwɛ, me de, mete nkyeneduru dan mu, na AWURADE apam adaka no wɔ ntama ase. 2 Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ade biara a ɛwɔ wo koma mu no yɛ, na Onyankopɔn di w’akyi. 3 Na anadwo no ara, Onyankopɔn asɛm baa Natan nkyɛn sɛ: 4 Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Ɛnyɛ wo na wubesi ɔdan ama me na matena mu. 5 Na mentenaa ɔdan mu pɛn fi da a mikoyii Israel mebae no de abedu nnɛ da yi, na mmom mifi ntamadan mu mekɔ ntamadan mu, na mifi tenabea mekɔ tenabea. 6 Baabiara a me ne Israel nyinaa nennamee no, so maka makyerɛ Israel akannifo no a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛn me man no mu bi sɛ: Ɛdɛn nti na munsi nkyeneduru dan mma me? 7 Na afei, ka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛɛ na asafo AWURADE se: Me de, mefaa wo mifii nguan adidibea nguan no akyi, sɛ bɛyɛ me man Israel so panyin, 8 na madi w’akyi baabiara a wokɔe, na matwitwa w’atamfo nyinaa afi w’anim, na mayɛ wo din sɛ asase so nnipa akɛse din. 9 Na mesiesie baabi mama me man Israel, na madua wɔn na wɔatena wɔn afa, na wɔanhaw wɔn bio, na amumɔyɛ mma ankɔ so ansɛe wɔn sɛ kan no, 10 ne nna a mehyɛɛ akannifo no sɛ wonni me man Israel so no; na mɛbrɛ w’atamfo nyinaa ase. Na meka mekyerɛ wo sɛ AWURADE besi ofi ama wo. Onyankopɔn bɔhyɛ kɛse no 11 Na sɛ wo nna wie du na wokɔ w’agyanom nkyɛn asaman a, mɛma w’aseni so wɔ w’akyi a obefi wo mma mu, na mama n’ahenni atim. 12 Ɔno na obesi ɔdan ama me, na mɛma n’agua atim akosi daa. 13 Me de, mɛyɛ no agya, na ɔno nso ayɛ me ɔba. Na m’adɔe nso merenyi mimfi ne ho, sɛnea miyii nea odi w’anim no ho no. 14 Na mede no mesi me fi ne m’ahenni mu akosi daa, na n’ahengua betim hɔ akosi daa. Dawid aseda ne adesrɛ mpaebɔ ( 2 Samuel 7.18-29 ) 15 Sɛ nsɛm yi nyinaa ne anisoadehu yi nyinaa te no, saa ara na Natan kasa kyerɛɛ Dawid. 16 Ɛnna ɔhene Dawid ba bɛtenaa AWURADE anim sɛ: Hena ne me, AWURADE Nyankopɔn, na hena ne me fi, na wode me abedu sesɛɛ yi? 17 Nanso eyi yɛ w’ani so ketewa, Onyankopɔn, na woaka daakye a ɛwɔ akyirikyiri ho asɛm, w’akoa fi ho, na woabu me sɛ onipa a ɔwɔ dibea a ɛkɔ soro, AWURADE Nyankopɔn. 18 Dɛn na Dawid nka nkyerɛ wo bio, sɛ woahyɛ w’akoa anuonyam? Na wo na wunim w’akoa. 19 AWURADE, w’akoa nti, ne sɛ ɛwɔ wo koma mu no, na woadi saa asɛnkɛse yi nyinaa, sɛ worema wɔahu asɛnkɛse no nyinaa. 20 AWURADE, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo, na Onyankopɔn biara nni w’akyi sɛnea yɛde yɛn aso ate no nyinaa. 21 Na hena na ɔte sɛ wo man Israel, asase so man biako a Onyankopɔn akogye wɔn afa ayɛ ɔman, na wode ade akɛse ne ade a ɛyɛ hu agye din, na woatutu amanaman, wo man a wugyee wɔn Misraim no anim no? 22 Na wode wo man Israel ayɛ wo man afa de rekosi daa, na wo, AWURADE, woayɛ wɔn Onyankopɔn. 23 Na afei, AWURADE, asɛm a wokae w’akoa ho ne ne fi ho no, ma entim nkosi daa, na yɛ sɛnea woaka no; 24 na entim, na wo din no nso kɛse nkosi daa, na wɔnka sɛ: Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, ne Nyankopɔn ma Israel. Na ma w’akoa Dawid fi nsi w’anim pintinn. 25 Na wo, me Nyankopɔn, woayi w’akoa asitiw sɛ wubesi ofi ama no, enti na w’akoa nso ahu sɛnea ɔbɔ mpae w’anim yi. 26 Na afei, AWURADE, wo ara ne Nyankopɔn, na woaka w’akoa ho asɛmpa yi, 27 na afei ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wubehyira w’akoa fi, na ensi w’anim daa; na nea wo, AWURADE, wuhyira no no na wɔahyira no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana