1 Berɛsosɛm 16 - KYERƐW KRONKRONDawid aseda ne ayeyi dwom 1 Na wɔde Onyankopɔn adaka no baa mu de besii ntamadan a Dawid asi ama no no mu, na wɔbobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, Onyankopɔn anim. 2 Na Dawid wiee ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no bɔ no, ɔde AWURADE din hyiraa ɔman no. 3 Na ɔkyekyɛɛ Israelfo nyinaa, mmarima ne mmea, obiara abodoo sebɔw ne nankum ne bobe aba tetare. 4 Na ɔyeyɛɛ Lewifo no mu bi asomfo, AWURADE adaka no anim, sɛ wɔnkamfo AWURADE Israel Nyankopɔn nna no ase nyi no ayɛ. 5 Asaf na odi ti, na Sakaria di hɔ, Yeiel ne Semiramot ne Yehiel ne Matitia ne Eliab ne Benaia ne Obed-edom ne Yeiel, wokurakura mmɛnta asanku ne nsankuten, na Asaf de, ɔbɔ nnawuru a egyigye. 6 Na Benaia ne Yahasiel, asɔfo no hyɛn ntorobɛnto daa di Onyankopɔn apam adaka no anim. 7 Da no ara na Dawid ma wɔfaa Asaf ne ne nuanom so daa AWURADE ase kan. 8 O Monna AWURADE ase, mommɔ ne din, momma wonhu ne nneyɛe aman mu. 9 Monto no dwom, monto no ayeyi dwom, monka n’anwonwade nyinaa. 10 Momfa ne din kronkron nhyehye mo ho, wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE koma ntɔ wɔn yam. 11 Mompɛ AWURADE ne ne tumi akyi kwan, monhwehwɛ n’anim daa yi. 12 Monkae n’anwonwade a wayɛ, n’ahodwiriwde ne n’anom atemmusɛm, 13 mo, n’akoa Israel asefo, Yakob a ɔfaa no no mma. 14 Ɔno ne AWURADE yɛn Nyankopɔn, n’atemmude wɔ asase nyinaa so. 15 Monkae n’apam no nkosi daa, asɛm a ɔhyɛɛ awo ntoatoaso apem no, 16 sɛ ɔne Abraham pamee no, ne ne ntam a ɔkaa Isak no. 17 Na ɔde sii hɔ maa Yakob sɛ ahyɛde, ne Israel sɛ daa apam 18 kae sɛ: Wo na mede Kanaan asase mɛma wo, sɛ mo agyapade a wɔakyɛ no susuhama so. 19 Bere a mo ano nnɔɔso, na moyɛ nnipa kakraa bi ne ahɔho wɔ mu, 20 na wɔnenam fi ɔman mu kɔ ɔman mu, wofi ahenni bi mu kɔ ɔman foforo bi mu, 21 wamma obi anhom wɔn so, na wɔn nti ɔkaa ahene anim: 22 Monnka me nnipa a wɔasra wɔn no, na monnyɛ m’adiyifo bɔne bi. 23 Monto AWURADE dwom, asase nyinaa, mompae ne nkwagye mfi da nkɔ da mu. 24 Monka n’anuonyam wiase aman mu, ne n’anwonwade aman nyinaa mu. 25 Na AWURADE yɛ ɔkɛse na ɔsɛ ayeyi sɛ, na ne ho yɛ hu anyame nyinaa so. 26 Na amanaman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuw, na AWURADE de, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro. 27 Nidi ne anuonyam wɔ n’anim, tumi ne anika wɔ ne tenabea. 28 Aman mmusuakuw, momma AWURADE, momma AWURADE anuonyam ne tumi. 29 Momfa AWURADE din anuonyam no mma no, monsoa ayɛyɛde mmra n’anim. Monsɔre AWURADE ahokeka kronkron mu. 30 Asase nyinaa, mo ho mpopo n’anim. Nso wiase tim hɔ, ɛrenhim. 31 Wɔmma ɔsoro ani nnye, na asase ho nsan no; wɔnka amanaman mu sɛ: AWURADE adi hene. 32 Ɛpo ne ne mayɛ bɛworo. Mfuwa ne nea ɛwɔ mu nyinaa bedi ahurusi. 33 Ɛno na kwae mu nnua bɛto ahosan dwom, AWURADE anim, na ɔreba abebu asase atɛn. 34 Monna AWURADE ase, na oye, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 35 Na monka sɛ: Gye yɛn nkwa, yɛn nkwagye Nyankopɔn, na boaboa yɛn ano, na yi yɛn fi amanaman mu, na yɛnna wo din kronkron no ase, na yɛmfa w’ayeyi nhyehye yɛn ho. 36 Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn, fi daa kosi daa. Na ɔman no nyinaa kae sɛ Amen, yii AWURADE ayɛ. Ɔsom no ho nhyehyɛe 37 Ɛnna ogyaw Asaf ne ne nuanom hɔ AWURADE apam adaka no anim, sɛ wɔnsom adaka no anim daa sɛnea ehia da biara; 38 na Obed-edom ne wɔn nuanom si aduosia awotwe, na Yedutun ba Obed-edom ne Hosa yɛɛ aponanohwɛfo. 39 Na ogyaw ɔsɔfo Sadok ne ne nuanom hɔ AWURADE anim sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibea no, 40 sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre, ɔhyew afɔremuka no so mma AWURADE daa yi anɔpa ne anwummere nyɛ sɛ wɔakyerɛw AWURADE mmara a ɔhyɛɛ Israel no mu nyinaa. 41 Na Heman ne Yedutun ka wɔn ho, ne wɔn a wɔpaw wɔn a wɔbobɔɔ wɔn din no nkae, sɛ wɔnna AWURADE ase, sɛ n’adɔe wɔ hɔ daa; 42 na Heman ne Yedutun ka wɔn ho kura ntorobɛnto ne nsammɔ nnawuru a wɔma egyigye, ne nneɛma a wɔde to Onyankopɔn dwom. Na Yedutun mma de, wɔwɔ ɔpon ano. 43 Ɛnna ɔman no nyinaa siim kokɔɔ wɔn afi, na Dawid nso san kɔe kohyiraa ne fi. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana