Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Berɛsosɛm 15 - KYERƐW KRONKRON


Wɔde apam adaka no ba Sion bepɔw so

1 Na osisii adan Dawid kurow mu, na osiesiee afa bi maa Onyankopɔn adaka no, na osii ntamadan maa no.

2 Ɛno mu na Dawid kae sɛ obiara nnsoa Onyankopɔn adaka no sɛ Lewifo no ara nko, na wɔn na AWURADE apaw wɔn sɛ wɔnsoa Onyankopɔn adaka no na wɔnsom no daa.

3 Na Dawid boaa Israel nyinaa ano behyiaa Yerusalem sɛ wɔrekɔfa AWURADE adaka no de aba n’afa a wasiesie ama no no.

4 Na Dawid boaa Aaron mma ne Lewifo no ano:

5 Kohat mma no mu: Ɔsafohene Uriel ne ne nuanom, ɔha aduonu.

6 Merari mma mu: Ɔsafohene Asaia ne ne nuanom, ahanu aduonu.

7 Gersom mma mu: Ɔsafohene Yoel ne ne nuanom, ɔha aduasa.

8 Elisafan mma mu: Ɔsafohene Semaia ne ne nuanom, ahanu.

9 Hebron mma mu: Ɔsafohene Eliel ne ne nuanom, aduɔwɔtwe.

10 Usiel mma mu: Ɔsafohene Aminadab ne ne nuanom, ɔha ne dumien.

11 Na Dawid frɛɛ Sadok ne Abiatar, asɔfo no, ne Lewifo no: Uriel, Asaia, Yoel, Semaia, Eliel ne Aminadab,

12 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mone Lewifo mu agyanom atitiriw, mo ne mo nuanom nnwira mo ho, na momfa AWURADE Israel Nyankopɔn adaka no mmra nea masiesie mama no hɔ;

13 na kan no ɛnyɛ mo na moyɛe nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn abufuw baa yɛn so, sɛ yɛanhwehwɛ no n’atɔremude no so.

14 Ɛnna asɔfo ne Lewifo no dwiraa wɔn ho sɛ wɔrekɔfa AWURADE Israel Nyankopɔn adaka no aba.

15 Na Lewifo mma no soaa Onyankopɔn adaka no, sɛnea Mose hyɛe, sɛnea AWURADE kae no; wɔde ɛho mpoma no totoo wɔn kɔn ho.

16 Na Dawid ka kyerɛɛ Lewifo asafohene no sɛ wɔmma wɔn nuanom nnwontofo no nkurakura nnwonto ade, mmɛnta asanku, mmɛn ne asankuten ne nsammɔ nnawuru nnyinagyina hɔ mma wɔnte wɔn nka na wɔmma wɔn nne so anigye mu.

17 Na Lewifo no yii Yoel ba Heman, ne ne nuanom mu Berekia ba Asaf, ne wɔn nuanom Merari mma mu Kusaia ba Etan de wɔn gyinagyinaa hɔ.

18 Na wɔde wɔn nuanom a wɔto so abien kaa wɔn ho: Sakaria, Ben, Yaasiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Maaseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne Obed-edom ne Yeiel, aponanohwɛfo no.

19 Na nnwontofo Heman, Asaf ne Etan bɔɔ kɔbere nnawuta ma wɔtee nka,

20 na Sakaria ne Asiel ne Semiramot ne Yehiel ne Uni ne Eliab ne Maaseia ne Benaia bɔɔ mmɛnta asanku, mmabaa nne so.

21 Na Matitia ne Elifelehu ne Mikneia ne Obed-edom ne Yeiel ne Asaia bɔ asankuten, nne a ɛto so awotwe so.

22 Na Kenania, Lewifo safohene wɔ soma mu, odi soma no so, efisɛ ɔyɛ nhumufo.

23 Na Berekia ne Elkana ne adaka no aponanohwɛfo.

24 Na Sebania ne Yosafat ne Netanel ne Amasai ne Sakaria ne Benaia ne Eliesa, asɔfo no, ne ntorobɛntohyɛnfo a wɔhyɛn ntorobɛnto, Onyankopɔn adaka no anim. Na Obed-edom ne Yehia ne adaka no aponanohwɛfo.

25 Ɛnna Dawid ne Israel mpanyin ne mpem so asafohene no siim kɔe, sɛ wɔrekɔfa AWURADE apam adaka no afi Obed-edom fi aba, anigye mu.

26 Na Onyankopɔn boaa Lewifo a wɔso AWURADE apam adaka no no, wɔde anantwinini ason ne adwennini ason bɔɔ afɔre.

27 Na Dawid hyɛ asaawa nwera batakari, ɔno ne Lewifo a wɔso adaka no nyinaa, ne nnwontofo no, ne ɔsafohene Kenania a odi soma no so no wɔ nnwontofo no mu; na Dawid hyɛ nwera asɔfotade.

28 Na Israel nyinaa de AWURADE apam adaka no bae, osebɔ ne mmɛnhyɛn ne ntorobɛnto ne nsammɔ nnawuru mu, ne mmɛnta asanku ne asankuten a egyigye dennen.

29 Na AWURADE apam adaka no duu Dawid kurom no, Saul babea Mikal hwɛɛ mfɛnsere mu, na ohuu ɔhene Dawid sɛ ɔrehuruhuruw na ɔregoru no, obuu no animtiaa ne koma mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan