1 Berɛsosɛm 14 - KYERƐW KRONKRONDawid aban, ne yerenom ne ne mma ( 2 Samuel 5.11-16 ) 1 Na Tiro hene Hiram somaa abɔfo baa Dawid nkyɛn, wɔde nkyeneduru nnua ne abantofo ne nnuapaefo bae sɛ wommesi ɔdan mma no. 2 Na Dawid hui sɛ AWURADE asi no Israel so hene, na ne man Israel nti wama n’ahenni so. 3 Na Dawid warewaree yerenom bio Yerusalem, na Dawid wowoo mmammarima ne mmabea bio. 4 Na wɔn a wɔwoo wɔn maa no Yerusalem din ni: Samua ne Sobab, Natan ne Solomon, 5 ne Yibhar ne Elisua ne Elpelet, 6 ne Noga ne Nefeg ne Yafia, 7 ne Elisama ne Beeliada ne Elifelet. Dawid Filistifo so nkonimdi horow ( 2 Samuel 5.17-25 ) 8 Na Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid de no asi Israel nyinaa so hene no, Filistifo nyinaa foro bae sɛ wɔbɛhwehwɛ Dawid. Na Dawid tee no, ofii adi kohyiaa wɔn. 9 Na Filistifo no bae de bɛyeree Refaim bon mu. 10 Ɛnna Dawid kobisaa Onyankopɔn sɛ: So menkɔ Filistifo no ho na wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, na mede wɔn mɛhyɛ wo nsa. 11 Na wɔforo baa Baal-perasim. Na Dawid kunkum wɔn wɔ hɔ. Na Dawid kae sɛ: Onyankopɔn apae m’atamfo mu me nsam, sɛ nsu mu pae no. Enti wɔfrɛɛ hɔ: Baal-perasim 12 Na wogyigyaw wɔn anyame wɔ hɔ. Na Dawid kae ma wɔde ogya hyewee. 13 Na Filistifo no san foro bae bio de bɛyeree obon no mu. 14 Na Dawid bisaa Onyankopɔn bio, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Nkɔ nkodi wɔn akyi, dan fi wɔn ho, na fa baka nnua no ntentenso bra wɔn so. 15 Na sɛ wote ɔnantew nka baka nnua no atifi a, ɛnne fi kɔko, na Onyankopɔn afi redi w’anim akokum Filistifo dɔm no. 16 Na Dawid yɛe sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no no, na wokunkum Filistifo dɔm no fii Gibeon de kosii Geser. 17 Na Dawid din hyetaa nsaase no nyinaa so, na AWURADE maa ne ho hu baa amanaman no nyinaa so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana