Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Berɛsosɛm 12 - KYERƐW KRONKRON


Dawid akyidifo a wodi kan

1 Na eyinom ne wɔn a wɔbaa Dawid nkyɛn Siklag bere a ɔda so siw ne ho so Kis ba Saul anim no, na wɔn nso fra nnɔmmarima a wɔboaa no akodi mu no mu,

2 takurafo a wotumi de nifa ne benkum tow abo ne agyan.

3 Saul ne nuanom a wofi Benyamin mu: Gibeani Semaa mma Ahieser a odi ti ne Yoas ne Asmawet mma Yesiel, ne Pelet ne Beraka ne Anatotni Yehu,

4 ne Gibeonni Ismaia, aduasa no mu dɔmmarima, na odi aduasa no so, ne Yeremia ne Yahasiel ne Yohanan ne Gederani Yosabad,

5 Elusai ne Yerimot ne Bealia ne Semaria ne Harufini Sefatia,

6 Elkana ne Yesia ne Asarel ne Yoeser ne Yasobeam, Korafo;

7 ne Yoela ne Sebadia, Yeroham a ofi Gedor mma.

8 Na Gadfo mu nnipa a wɔtew wɔn ho baa Dawid nkyɛn sare so atenae no mu, nnɔmmarima a wotumi na wɔyɛ akofofo a wokura kyɛm ne peaw, na wɔn anim te sɛ agyata anim, na wɔn ho yɛ hare sɛ mmepɔw so adowa ni:

9 Eser di ti, Obadia di hɔ, Eliab to so abiɛsa,

10 Mismana to so anan, Yeremia to so anum,

11 Atai to so asia, Eliel to so asɔn,

12 Yohanan to so awotwe, Elsabad to so akron,

13 Yeremia to so du, Makbanai to so dubiako.

14 Eyinom fi Gad mma mu, wɔyɛ dɔm no mu atitiriw. Obiako, akumaa betumi ɔha, na ɔkɛse betumi apem.

15 Eyinom ne wɔn a wotwaa Yordan, ɔsram a edi kan no so a ayiri ne kɔn nyinaa so no, na wɔkaa abon no mufo nyinaa gui, apuei fam ne atɔe fam.

16 Na Benyamin ne Yuda mma mu binom nso baa Dawid nkyɛn atenae no mu hɔ.

17 Na Dawid fii adi baa wɔn anim na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asomdwoe so na moba me nkyɛn sɛ morebɛboa me a, ɛnne menya mo ho koma pa sɛ yɛbɛyɛ biako. Na sɛ morebeyi me ama m’atamfo a, ɛnne amumɔyɛ bi nni me nsam yi, yɛn agyanom Nyankopɔn bɛhwɛ na wabu atɛn.

18 Ɛnna honhom no kaa Amasai, aduasa no mu otitiriw, na ɔkae sɛ: Yɛyɛ wo dea, O Dawid, na yɛwɔ w’afa, Yese ba. Asomdwoe, asomdwoe nka wo, na asomdwoe nka w’aboafo, na wo Nyankopɔn boa wo. Ɛnna Dawid gyee wɔn; na ɔde wɔn sisii n’asafo so atitiriw.

19 Na Manasefo mu binom nso wae bɛdɔm Dawid, bere a ɔne Filistifo reba ne Saul abɛko no. (Nanso Filistifo no ammoa wɔn, efisɛ Filistifo mmapɔmma kɔɔ agyina gyaa no kwan sɛ: Yɛn ti na ɔde bɛwae akɔ ne wura Saul nkyɛn).

20 Na osiim kɔɔ Siklag no, Manasefo mu binom wae bɛdɔm no: Adna ne Yosabad ne Yediael ne Mikael ne Yosabad ne Elihu ne Siletai, Manase mpem so atitiriw.

21 Na wɔn na wɔboaa Dawid ne afowfo asafo no dii asi. Na wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima a wotumi, na wɔyeyɛɛ ɛdɔm no mu asafohene.

22 Na daa, sɛ wɔde Dawid nkyɛn ba ara ni, sɛ wɔrebɛboa no, kosii sɛ wɔyɛɛ nsra kokuroo sɛ Onyankopɔn nsra.

23 Na wɔn a wɔamia ama akodi a wɔbaa Dawid nkyɛn Hebron, sɛ wɔrebɛdan Saul ahenni ama no sɛ AWURADE asɛm se no dodow ni:

24 Yuda mma a wokura akyɛm ne mpeaw a wɔamia ama akodi, mpemnsia ahanwɔtwe,

25 Simeon mma mu nnɔmmarima a wotumi akodi, mpemnson ne ɔha,

26 Lewi mma mu, mpemnan ahansia,

27 ne Yehoiada, Aaron bapɔmma, na nnipa mpensa ahanson ka ne ho,

28 ne Sadok, aberante dɔmmarima a otumi, ne n’agya fi asafohene aduonu abien

29 ne Benyamin mma, Saul nuanom, mu mpensa. Na ɛde besi bere no mu na wɔn mu dodow ara bata Saul fi ho ara;

30 ne Efraim mma mu: Ɔpeduonu ahanwɔtwe, nnɔmmarima a wotumi, nnipa a wɔwɔ din, wɔn mpanyimfi mu;

31 Manase abusuakuw fa no mu, ɔpedunwɔtwe a wɔbɔɔ wɔn din sɛ wɔmmra mmesi Dawid hene.

32 Isakar mma mu nnipa a wɔyɛ mmere mu nhumufo a wobehu nea ɛsɛ sɛ Israel yɛ, wɔn atitiriw ahanu, na wɔn nuanom nyinaa tiee wɔn.

33 Sebulon mu nnipa ɔpeduonum a wonim akodi yiye a wɔde akode nyinaa amia ama ɔsakɔ sɛ wɔde koma a ɛnyɛ ntanta rebɛboa Dawid.

34 Naftali mu asafohene apem a nnipa a wokura akyɛm ne mpeaw ɔpeduasa ason ka wɔn ho.

35 Danfo mu nnipa a wɔba bɛboaa Dawid ahensi a wɔamia ama akodi no ano si ɔpeduonu awotwe ne ahansia;

36 Aser mu nnipa a wotumi kɔ akono ɔpeduanan na wɔbae;

37 ne wɔn a wofi Yordan agya a wofi Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no mu nnipa a wokura akode ahorow nyinaa, ɔpeha ne ɔpeduonu.

38 Mmarima akofofo a wɔde koma mu yii wɔn ho kɔɔ mpasua so yi nyinaa baa Hebron, sɛ wɔde Dawid rebesi Israel nyinaa so hene. Na Israel nkae no nyinaa nso nyaa Dawid ahensi ho koma koro.

39 Na wɔne Dawid dii hɔ nnansa didi nomee, efisɛ wɔn nuanom ahwɛ wɔn akyi.

40 Na wɔn a wɔbɛn wɔn de kosi Isakar ne Sebulon ne Naftali no nso de aduan bae, mfurum ne yoma ne mfurumpɔnkɔ ne anantwi so, osiam aduan ne borɔdɔma tetare ne bobe aba a wɔahata ne nsa ne ngo ne anantwi ne nguan pii, efisɛ anigye aba Israel.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan