1 Ahene 8 - KYERƐW KRONKRONWɔde Apam adaka no ba asɔrefi hɔ ( 2 Berɛsosɛm 5.2—6.2 ) 1 Ɛno na Solomon hyiahyiaa Israel mpanyimfo ne mmusuakuw mu atitiriw, Israelfo agyanom mmapɔmma nyinaa baa ɔhene Solomon nkyɛn Yerusalem sɛ wɔrekɔ akɔfa AWURADE apam adaka no afi Dawid kurow Sion mu aba. 2 Na Israel mmarima nyinaa behyiaa ɔhene Solomon nkyɛn ɔsram Etanim a ɛyɛ ɔsram a ɛto so ason a ɛte sɛ Kitawonsa no mu nnapɔnna no mu. 3 Na Israel mpanyin nyinaa bae, na asɔfo no bɛsoaa adaka no. 4 Na wɔde AWURADE adaka no ne ahyiae ntamadan no ne kronkronbea nneɛma a ɛwɔ ntamadan no mu no nyinaa bae, na asɔfo no ne Lewifo no de foro bae. 5 Na ɔhene Solomon ne Israel asafo a wɔabehyia ne nkyɛn no nyinaa ne no di adaka no anim kunkum nguan ne anantwi a wɔn dodow nti wontumi nkan mmu ano bɔɔ afɔre. 6 Na asɔfo no de AWURADE apam adaka no besii n’afa, ɔdan no mpiakyiri a ɛne kronkronkronbea no mu, kerubim no ntaban ase. 7 Na kerubim no atrɛtrɛw wɔn ntaban mu, adaka no afa no so, na kerubim no kataa adaka no ne ɛho mpoma no so ɔsoro. 8 Na mpoma no wowaree ma wohu mpoma no ti kronkronbea hɔ wɔ mpiakyiri no anim, nanso wonhu wɔ adiwo; na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ. 9 Biribi nni adaka no mu gye abo apon abien a Mose de guu mu Horeb, bere a wofi Misraim asase so reba a AWURADE ne Israelfo pamee no. 10 Na asɔfo no fii kronkronbea hɔ fii adi no, omununkum bɛhyɛɛ AWURADE dan no ma. 11 Na omununkum no nti amma asɔfo no antumi annyina ansom, efisɛ AWURADE anuonyam ahyɛ AWURADE dan no ma. 12 Ɛno na Solomon kae sɛ: AWURADE aka sɛ ɔbɛtena esum kabii mu. 13 Osi na masi dan mayɛ tenabea mama wo, baabi a wobɛtena hɔ daa. Solomon kasa kyerɛ ɔman no ( 2 Berɛsosɛm 6.3-11 ) 14 Na ɔhene dan n’ani, na ohyiraa Israel asafo no nyinaa, na Israel asafo no nyinaa gyinagyina hɔ. 15 Na ɔkae sɛ: Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ m’agya Dawid, na ɔde ne nsa ama aba mu sɛ: 16 Efi da a mikoyii me man Israel fii Misraim bae no, mampaw Israel mmusuakuw nyinaa mu kurow bi sɛ wonsi dan na me din ntena hɔ; na mafa Dawid sɛ onni me man Israel so. 17 Na ɛwɔ m’agya Dawid komam sɛ anka obesi dan ama AWURADE Israel Nyankopɔn din. 18 Na AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid sɛ: Sɛ ɛwɔ wo koma mu sɛ anka wubesi dan ama me din yi, woayɛ yiye sɛ ɛwɔ wo koma mu. 19 Nanso ɛnyɛ wo na wubesi dan no, na mmom wo ba a ofi w’asen mu, ɔno na obesi dan ama me din. 20 Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkae no atim, na masɔre masi m’agya Dawid ananmu matena Israel ahengua so, sɛnea AWURADE kae no, na masi dan no mama AWURADE Israel Nyankopɔn din, 21 na mayɛ hɔ afa bi mama adaka a apam a AWURADE de yɛn agyanom fi Misraim asase so reba no, ɔne wɔn pamee no wɔ mu no. Solomon mpaebɔ ( 2 Berɛsosɛm 6.12-42 ) 22 Na Solomon gyinaa AWURADE afɔremuka no anim, Israel asafo nyinaa anim, na ɔtrɛw ne nsam kɔɔ ɔsoro 23 kae sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn bi nni ɔsoro a ɛwɔ atifi ne asase so ɛfam sɛ wo a wokora apam ne adɔe ma wo nkoa a wɔde wɔn koma nyinaa nantew w’anim no. 24 Wo na woakora nea woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no ama no; wode w’ano na ɛkae, na wode wo nsa ama aba mu, sɛ ɛte nnɛ yi. 25 Na afei, AWURADE, Israel Nyankopɔn, kora nea woaka akyerɛ w’akoa, m’agya Dawid, no ma no, sɛ wokae sɛ: Wɔremma onipa a ɔbɛtena Israel ahengua so mmɔ wo m’anim: Ɔhwɛ nko na wo mma nhwɛ wɔn kwan, sɛ wɔbɛnantew m’anim sɛnea wonantew m’anim no. 26 Na afei, Israel Nyankopɔn, ma wo nsɛm a woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no ntim ɛ! 27 Na so ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na menne ɔdan yi a masi yi! 28 Nanso dan w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ ne ne nkotɔsrɛ, AWURADE me Nyankopɔn, na tie nteɛm ne mpae a w’akoa rebɔ w’anim nnɛ yi, 29 sɛ wubebue w’ani akyerɛ ɔdan yi anadwo ne awia sɛnea wokae sɛ: Me din bɛtena hɔ, no, na woatie mpae a w’akoa rebɔ akyerɛ ha yi. 30 Na tie w’akoa ne wo man Israel nkotɔsrɛ a wɔde rebɔ mpae akyerɛ ha yi, na wo de, tie wɔ wo tenabea ɔsoro, na wote a, fa firi! 31 Sɛ obi yɛ ne yɔnko bɔne na wɔde ntam gye no sɛ ɔnka, na ntam no ba w’afɔremuka anim ofi yi mu a, 32 ɛnne wo ara tie ɔsoro, na yɛ, na bu wo nkoa atɛn, sɛ wubebu ɔbɔnefo fɔ ama ne kwan abua n’atifi, na woabu ɔtreneeni bem ama no sɛ ne trenee te. 33 Sɛ wɔka wo man Israel gu wɔn atamfo anim, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔsan ba wo nkyɛn bɛbɔ wo din, na wɔbɔ wo mpae na wɔkotɔ srɛ wo ofi yi mu a, 34 ɛnne wo ara tie ɔsoro, na fa wo man Israel bɔne firi, na san wɔn bra asase a wode maa wɔn agyanom no so. 35 Sɛ wɔto ɔsoro mu na osu ntɔ, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔbɛbɔ mpae kyerɛ ha yi na wɔbɔ wo din, na wɔsan fi wɔn bɔne no ho, sɛ wɔabrɛ wɔn ase ntia a, 36 ɛnne wo ara tie ɔsoro, na fa wo nkoa ne wo man Israel bɔne kyɛ, na kyerɛ wɔn ɔkwan pa a wɔmfa so, na ma osu ntɔ ngu w’asase a wode maa wo man sɛ agyapade no so. 37 Sɛ ɔkɔm ba asase yi so oo, ɔyaredɔm ba oo, ɔhow, ɔpo, ntutummɛ, mmɛbɛw, sɛ ɛba oo, sɛ wɔn atamfo behiahia wɔn ho, wɔn kurow biara mu oo, ɔhaw biara oo, ɔyare biara oo, 38 mpaebɔ biara, nkotɔsrɛ biara a onipa biara anaa wo man Israel nyinaa wɔ no, sɛ obiara behu ne koma mu haw, na sɛ ɔbɛtrɛw ne nsa mu kyerɛ ofi yi a, 39 wo ara tie ɔsoro, wo tenabea hɔ na fa kyɛ, na yɛ ma onipa no sɛ n’akwan nyinaa te, sɛ wuhu ne komam no; na wo ara wo nko na wunim nnipa mma nyinaa koma mu, 40 nea ɛbɛyɛ na wɔasuro wo, nna a wɔde bɛtena asase a wode maa yɛn agyanom no so no nyinaa. 41 Nanso ɔhɔho a omfi wo man Israel mu na wo din nti ofi akyirikyiri asase bi so aba, 42 efisɛ wɔbɛte wo din kɛse ne wo nsa dennen ne wo basa a ateɛ no nka, sɛ ɔba bɛbɔ mpae wɔ ɔdan yi mu, 43 wo ara tie ɔsoro, wo tenabea hɔ, na yɛ sɛ ɔhɔho no su frɛ wo no nyinaa, nea ɛbɛyɛ na asase so aman nyinaa ahu wo din na wɔasuro wo, sɛ wo man Israel, na wɔahu sɛ wo din na wɔde frɛ ɔdan a masi yi. 44 Sɛ wo man fi adi ne wɔn atamfo kodi ako, ɔkwan a wobɛsoma wɔn so, na wɔbɔ AWURADE mpae kyerɛ kurow a woayi ne ɔdan a masi mama wo din yi a, 45 ɛnne tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotɔsrɛ ɔsoro, na di wɔn asɛm ma wɔn. 46 Sɛ wɔyɛ wo bɔne, efisɛ onipa bi nni hɔ a ɔnyɛ bɔne, na wofa wɔn abufuw, na wuyi wɔn ma wɔn atamfo, na dɔm soa wɔn nnommum kɔ atamfo asase so akyirikyiri oo, mmɛnkyɛnee oo, 47 na wɔma ɛka wɔn koma, asase a wɔafa wɔn nnommum akɔ hɔ no so, na wɔdan wɔn ho na wɔkotɔ srɛ wo wɔn nnommumfafo asase no so ka sɛ: Yɛayɛ bɔne na yɛato, yɛadi abɔnefosɛm, 48 na wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa san ba wo nkyɛn, wɔn atamfo a wɔfaa wɔn nnommum kɔe no asase so, na wɔbɔ wo mpae kyerɛ wɔn asase a wode maa wɔn agyanom no, kurow a woayi ne ɔdan a masi mama wo din yi a, 49 ɛnne tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotɔsrɛ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na di wɔn asɛm ma wɔn, 50 na fa wo man bɔne a wɔayɛ wo ne wɔn mmarato a wɔato afom wo no nyinaa kyɛ wɔn, na ma wonnya wɔn nnommumfafo no anim mmɔborohunu, na wonhu wɔn mmɔbɔ. 51 Efisɛ wɔyɛ wo man ne w’agyapade a wuyii wɔn Misraim fii dade fononoo mu de wɔn bae no, 52 na bue w’aniwa ma w’akoa nkotɔsrɛ ne wo man Israel nkotɔsrɛ, na tie wɔn nea wosu frɛ wo no nyinaa mu. 53 Na wo AWURADE Nyankopɔn, wo ara na wuyii wɔn yɛɛ agyapade fii asase so aman nyinaa mu, sɛnea wonam w’akoa Mose so kae ɛbere a wuyii yɛn agyanom fii Misraim bae no. 54 Na Solomon wiee mpae a ɔbɔɔ AWURADE ne nkotɔsrɛ yi nyinaa no, ɔsɔre fii afɔremuka no anim, na ogyaee ne nankoroma anim kotow ne ne nsam trɛw a ɔtrɛw kyerɛɛ ɔsoro no. 55 Na ogyinaa hɔ de nne kɛse hyiraa Israel asafo no nyinaa sɛ: 56 Nhyira ne AWURADE a wama ne man Israel ɔmannwoe sɛnea ɔkae no nyinaa. N’asɛmpa a ɔnam n’akoa Mose so kae no nyinaa mu asɛm biako po antɔ fam. 57 AWURADE yɛn Nyankopɔn nni yɛn akyi, sɛnea odii yɛn agyanom akyi no, onnnyaw yɛn, nanso ɔmmpa yɛn. 58 Na ɔnkom yɛn koma mmra ne ho, na yɛanantew n’akwan nyinaa mu, na yɛadi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde ne n’atemmude a ɔhyɛɛ yɛn agyanom no so. 59 Na ma me nsɛm a mede mekotɔ mesrɛ AWURADE anim yi mmɛn AWURADE yɛn Nyankopɔn awia ne anadwo, na onni n’akoa asɛm ne ne man Israel asɛm mma wɔn, sɛnea ehia da biara, 60 na asase so aman nyinaa nhu sɛ: AWURADE ne Onyankopɔn, na obi nni hɔ bio. 61 Na momma mo koma mmɔ AWURADE yɛn Nyankopɔn ho pɛ, sɛ mobɛnantew n’ahyɛde so na moadi ne mmara nsɛm so sɛ ɛte nnɛ yi. 62 Ɛnna ɔhene ne Israel nyinaa bɔɔ mu bɔɔ afɔre AWURADE anim. 63 Na Solomon bɔɔ asomdwoe afɔre a ɔbɔ maa AWURADE no: Anantwi ɔpeduonu abien ne nguan ɔpeha aduonu. Na saa na ɔhene ne Israel mma nyinaa dwiraa AWURADE fi. 64 Da no ara ɔhene yɛɛ AWURADE dan no anim abangua no kronkron, na ɛhɔ na ɔhyew ɔhyew afɔre ne aduan afɔre ne asomdwoe afɔre ho srade no, efisɛ kɔbere afɔremuka a esi AWURADE anim no sua dodo sɛ ɛbɛhyew ɔhyew afɔre ne aduan afɔre ne asomdwoe afɔre ho srade no. 65 Na Solomon dii nnapɔnna no ɛbere no mu, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛse, wofi nea wɔrekɔ Hamat de besi Misraim subon ano, wodii AWURADE yɛn Nyankopɔn anim nnapa nnawɔtwe abien. 66 Da a ɛto so awotwe no, ogyaa ɔman no kwan ma wɔkɔe; na wohyirahyiraa ɔhene, na wɔde papa a AWURADE ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel no nyinaa ho anigye ne koma pa sii mu kokɔɔ wɔn afi mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana