1 Ahene 6 - KYERƐW KRONKRONSolomon si Asɔredan no 1 Na Israelfo fii Misraim asase so bae no akyi afe a ɛto so ahanan aduɔwɔtwe so no, Solomon dii Israel so hene afe a ɛto so anan mu, ɔsram Siw a ɛne ɔsram a ɛto so abien a ɛte sɛ Ogyefo no so no, osii AWURADE dan no. 2 Na ɔdan a ɔhene Solomon si maa AWURADE no, basafa aduasa ne ne ntwemu, na basafa du ne ne tɛtrɛtɛ, na basafa dunum ne ne korɔn. 3 Na abrannaa a ɛwɔ asɔrefi dan no anim no, basafa du ne ne ntwemu, sɛ ɔdan no trɛw no te no, basafa anum ne ne trɛw ɔdan no anim. 4 Na ɔyɛɛ ɔdan no ho mfɛnsere a emu ahunaniankansa tintim mu. 5 Na ɔtotoo ɔdan no fasu ho asansa nsɛmso de twaa ɔdan no afasu ho hyiae, asɔredan no ankasa ne mpiakyiri no ho, na ɔyɛɛ no mpia mpia hyiae: 6 Ase mpia no, basafa abien ne fa ne ne trɛw, na mfinimfini de no, basafa abiɛsa ne ne trɛw, na nea ɛto so abiɛsa no, basafa abiɛsa ne fa ne ne trɛw, na ɔyɛɛ ɔdan no akyi mmamma hyiae, na mpuran no anhyɛn ɔdan no afasu mu. 7 Na wɔresi ɔdan no, wɔde abo amuamu a wɔasiesie fi abotubea saa na esii: Na wɔresi no, wɔante asae anaa pɛe anaa adwinnade biara nka ɔdan no ho. 8 Ase mpia no pon bi wɔ ɔdan no nifa fam, na wɔforo atrapoe nkyinkyimii kɔ mfinimfini de no mu, na wofi mfinimfini de no mu kɔ nea ɛto so abiɛsa no mu. 9 Na osii dan no wiei no, ɔde kyeneduru mpuran ne ntaaboo kataa ɔdan no so. 10 Na osisii nsɛmso no twaa ɔdan no ho nyinaa hyiae, basafa abien ne fa ne ebiara korɔn, na wɔde kyeneduru mpuran na esusoo ɔdan no mu. 11 Na AWURADE asɛm baa Solomon nkyɛn sɛ: 12 Ɔdan yi a woresi yi, sɛ wonantew m’ahyɛde mu na woyɛ m’atemmude na wudi me mmara nsɛm nyinaa so sɛ wobɛnantew mu a, ɛnne mɛma m’asɛm a meka mekyerɛɛ w’agya Dawid no agyina ama wo; 13 na mɛtena Israelfo mu, na merennyaw me man Israel. 14 Na Solomon sii dan no wiei. 15 Na ɔde kyeneduru ntaaboo pam ɔdan no afasu no wɔ mu, ɔde nnua kataa mu fi ɔdan no fam kosi nsɛmso ani, na ɔde ɔpopaw ntaaboo sɛm ɔdan no fam. 16 Na ɔde kyeneduru ntaaboo sii ɔdan no akyiri fam basafa du, fi fam kɔpem nsɛmso mpuran, na osii de emu yɛɛ mpiakyiri, ɛne kronkronbea no. 17 Na kronkronbea a ɛwɔ kronkron mu kronkron no anim no yɛ basafa aduonu. 18 Na ɔdan no mu kyeneduru ntaaboo no anim no, wodii so kukuduuduu ne nhwiren a ahanhan adwinni; ne nyinaa yɛ kyeneduru, wɔanhu ɔbo biara. 19 Na osiesiee mpiakyiri no ɔdan no mu, sɛ wɔmfa AWURADE apam adaka no nsi hɔ. 20 Na mpiakyiri no mu gow de, basafa adu ne ne ntwemu, na basafa du ne ne trɛw, na basafa du ne ne korɔn; na ɔde sika amapa duraa mu, na ɔde kyeneduru kataa afɔre pon no ho. 21 Na Solomon de sika amapa duraa ɔdan no mu, na ɔde sika nkɔnsɔnkɔnsɔn twaa mpiakyiri no anim, na oduraa ho sika. 22 Na ɔdan no nyinaa, ɔde sika duraa mu kosii sɛ ehyiaa ɔdan no mu nyinaa, na afɔre pon a ɛyɛ mpiakyiri de no, ɔde sika duraa ho nyinaa. 23 Na mpiakyiri no mu hɔ no, ɔde ngodua yɛɛ kerubim abien, na basafa anum ne ne tenten. 24 Na kerubim no ntaban biako si basafa abien ne fa, na kerubim no ntaban biako no nso si basafa abien ne fa, efi ne ntabantiri ano kosi ne ntabantiri ano si basafa anum. 25 Na kerubim a otia abien no nso yɛ basafa anum; kerubim abien no nyinaa yɛ nsusuwii koro ne suban koro. 26 Kerubim biako tenten si basafa anum, na biako no nso saa ara. 27 Na ɔde kerubim no sisii akyiri dan no mu, na kerubim no trɛtrɛw wɔn ntaban mu, na obiako ntaban ka ɔfasu, na obiako ntaban ka ɔfasu biako no nso, na wɔn ntaban no hyia ɔdan no mfinimfini, ntaban pem ntaban anim. 28 Na ɔde sika duraa kerubim no ho. 29 Na odii ɔdan no afasu no nyinaa ho adwinni hyiae, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanhan, pia no mu ne asa no so. 30 Na ɔdan no fam nso, ɔde sika duraa hɔ, pia no mu ne asa no so. 31 Na mpiakyiri no ano no, ɔde ngodua yɛɛ aponnta, apongua no atifi ne nkyɛn mu yɛ ɔfasu no mu abupɛn anum mu biako. 32 Na ngodua aponnta abien no, odii so adwinni, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanhan, na ɔde sika duraa ho, na ɔde sika kataa kerubim ne mmɛ no so. 33 Saa ara nso na ɔde ngodua yɛɛ asɔredan no ano apongua no, ɔfasu no mu abupɛn anan mu biako; 34 na ɔde ɔpopaw nnua yɛɛ apon abien: Ɔpon biako wɔ afa abien a etumi dannan, na ɔpon biako no nso wɔ afa abien a etumi dannan; 35 na odidii mu adwinni, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanhan; na ɔde sika duraa ho, na ɔkeka tintim nkurukyerɛwee no mu. 36 Na ɔyɛɛ emu fam abangua no, abo a wɔasinsen kyerɛpɛn abiɛsa ne kyeneduru mpuran kyerɛpɛn biako. 37 Afe a ɛto so anan no mu, ɔsram Siw a ɛte sɛ Ogyefo mu na wɔhyɛɛ AWURADE dan no ase, 38 na n’ahenni afe a ɛto so dubiako ɔsram Bul a ɛne ɔsram a ɛto so awotwe [a ɛte sɛ Ɔsanaa] no mu na wowiee ofi no, ne ɛho nneɛma ne ne yɛbea nyinaa fam, na mfe ason na wɔde sii. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana