1 Ahene 5 - KYERƐW KRONKRONAsɔrefi no si ho ahoboaboa ( 2 Berɛsosɛm 2.1-18 ) 1 Na Tiro hene Hiram somaa ne nkoa baa Solomon nkyɛn; efisɛ wate sɛ ɔno na wɔasra no asi no hene n’agya ananmu; efisɛ Hiram dɔɔ Dawid daa. 2 Na Solomon kɔɔ Hiram nkyɛn sɛ: 3 Wo ara wunim m’agya Dawid sɛ dɔm a etwaa ne ho hyiae nti wantumi ansi ɔdan amma AWURADE ne Nyankopɔn din de kosii sɛ AWURADE de wɔn hyɛɛ ne nan ase. 4 Na afei AWURADE me Nyankopɔn ama me ɔhome afa nyinaa; ɔtamfo bi nni hɔ, na asiane bi nni hɔ. 5 Na hwɛ, mise merebesi ɔdan mama AWURADE me Nyankopɔn din, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid no sɛ: Wo ba a mede no mesi w’ananmu matena w’agua so no, ɔno na obesi ɔdan ama me din. 6 Na afei hyɛ na wɔntow nkyeneduru mfi Lebanon mma me, na me nkoa bɛba abɛka wo nkoa ho, na mede wo nkoa apaade mɛma wo, sɛnea wobɛka nyinaa; na wo ara wunim sɛ obi nni yɛn mu a onim nnuatow sɛ Sidonfo. 7 Na Hiram tee Solomon nsɛm no, n’ani gyei sɛ, na ɔkae sɛ: Nhyira nka AWURADE nnɛ, sɛ wama Dawid ɔba nyansafo de no asi ɔman kɛse yi so. 8 Na Hiram soma baa Solomon nkyɛn sɛ: Mate nea enti a wosoma baa me nkyɛn no; me de, mɛyɛ nea wopɛ nyinaa nkyeneduru nnua ne ɔpopaw nnua fam. 9 Me nkoa de befi Lebanon asian aba mpoano, na makyekye no ntɛnani ɛpo so mabedu nea wobɛma wɔaka akyerɛ me no, na masansan hɔ, na wo nso woama wɔabɛfa akɔ. Na wo nso yɛ nea mepɛ ma me, sɛ wobɛma me fi aduan. 10 Ɛnna Hiram maa Solomon nkyeneduru ne ɔpopaw nnua sɛnea ɔpɛ nyinaa. 11 Na Solomon maa Hiram awi kor peduonu, sɛ ne fi aduan, ne ngo kronkron kor aduonu; sɛɛ na Solomon maa Hiram daa afe. 12 Na AWURADE maa Solomon nyansa sɛnea ɔhyɛɛ no ase no; na ɔmannwoe daa Hiram ne Solomon ntam, na wɔn baanu pamee. 13 Na ɔhene Solomon gyee Israel nyinaa hɔ adwumatow, na ɔtow no si nnipa ɔpeduasa. 14 Na ɔsomaa wɔn Lebanon so, nnipa ɔpedu daa ɔsram ma wodii no nnyigye, wodi ɔsram Lebanon, na wodi asram abien ofie, na Adoniram na odi tow adwuma no so. 15 Na Solomon wɔ nnosoasoafo ɔpeduɔsɔn ne nnuatwafo ɔpeduɔwɔtwe bepɔw no so, 16 ɛsono Solomon ahwɛfo mpanyin a wodi adwuma no so, nnipa mpensa ahasa a wodi nkurɔfo a wɔyɛ adwuma no so no. 17 Na ɔhene hyɛe ma wɔpaee abo akɛse, abo a ne bo yɛ den, sɛ wɔde bɛhyɛ ɔdan no ase, abo a wɔasinsen. 18 Na Solomon abantofo ne Hiram abantofo ne Gebalfo no sinsenee, na wosiesiee nnua ne abo sɛ wɔde besi ɔdan no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana