1 Ahene 4 - KYERƐW KRONKRONSolomon Mpanyimfo 1 Na ɔhene Solomon dii Israel nyinaa so hene. 2 Na eyinom ne mmapɔmma a ɔwɔ: Sadok ba ɔsɔfo Asaria; 3 Sisa mma Elihoref ne Ahia ne akyerɛwfo; Ahilud ba Yosafat ne ɔsɛnkaefo; 4 Yoiada ba Benaia di dɔm so, na Sadok ne Abiatar di asɔfo; 5 Natan ba Asaria di tow sohwɛfo so, na Natan ba Sabud yɛ ɔsɔfo ne ɔhene adamfo; 6 na Ahisar di ofie so, na Abda ba Adoniram di adwumayɛ tow so. 7 Na Solomon wɔ tow sohwɛfo dumien Israel nyinaa so a wɔhwɛ ɔhene ne ne fi aduan so; afirihyia mu ɛtɔ obiako so ɔsram biako sɛ ɔma aduan. 8 Wɔn din ni: Hur ba wɔ Efraim bepɔw so; 9 Deker ba wɔ Makas ne Saalbim ne Bet-semes ne Elon-bet-hanan; 10 Hesed ba wɔ Arubot, ne de ne Soko ne Hefer asase nyinaa; 11 Abinadab ba wɔ Nafat-dor nyinaa ɔwaree Solomon babea Tafat. 12 Ahilud ba Baana wɔ Taanak ne Megido ne Bet-sean a ɛwɔ Sartan nkyɛn mu nyinaa, Yesreel ase, de fi Bet-sean kodu Abel-mehola de kɔ Yokmeam akyi; 13 Geber ba wɔ Ramot-gilead, ne de ne Manase ba Yair atenae a ɛwɔ Gilead no, ne de nso ne Argob asase a ɛwɔ Basan, nkurow akɛse aduosia a ɛho wɔ afasu ne kɔbere adaban; 14 Ido ba Abinadab wɔ Mahanaim; 15 Ahimaas wɔ Naftali ɔno nso faa Solomon ba Basmat waree; 16 Husai ba Baana wɔ Aser ne Alot; 17 Parua ba Yehosafat wɔ Isakar; 18 Ela ba Simei wɔ Benyamin; 19 Uri ba Geber wɔ Gilead asase so, Amorifo hene Sihon ne Basan hene Og asase so, na tow sohwɛfo biako na ɔwɔ asase no so. Solomon ahenni nkɔso 20 Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano nwea dodow, wodidi na wɔnom, na wɔn ani gye. Solomon tumi 21 Na Solomon dii ahenni nyinaa so fi asubɔnten Eufrate ano kosi Filistifo asase so ne Misraim hye so. Wɔde ayɛyɛde ba na wɔsom Solomon ne nkwa nna nyinaa. 22 Na Solomon da koro aduan ne asikresam pa kor aduasa ne awisam kor aduosia; 23 anantwi a wɔadɔ du ne adidibea anantwi aduonu ne nguan ha, ɛsono aforote ne adowa ne awansan ne nnomaa a wɔadɔ. 24 Na odi asubɔnten no agya ha ahene a wɔwɔ asubɔnten no fa ha nyinaa so tumi fi Tifsa bedu Gasa, na onyaa ɔmannwoe n’afa nyinaa hyiae. 25 Na Yuda ne Israel tenaa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase mmiako mmiako, efi Dan kosi Beer-seba, Solomon nna nyinaa. 26 Na Solomon wɔ apɔnkɔdan ɔpeduanan ma ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔfo ɔpedumien. 27 Na tow sohwɛfo no hwɛɛ aduan so maa ɔhene Solomon ne wɔn a wɔbaa ɔhene Solomon pon ho nyinaa, wɔn sram so mmiako mmiako; wɔmma hwee nka. 28 Na atoko ne sare a wɔde ma apɔnkɔ ne apɔnkɔ ahoɔharefo nso, wɔde baa nea wɔwɔ hɔ no, wɔn nyinaa sɛnea wɔahyehyɛ wɔn. Solomon nyansa 29 Na Onyankopɔn maa Solomon nyansa ne nhumu bebree pa, ne adwene a emu trɛw sɛ mpoano nwea. 30 Na Solomon nyansa dɔɔso sen apueifo nyinaa nyansa ne Misraim nyansa nyinaa. 31 Na onim nyansa sen nnipa nyinaa, ɔsen Esrani Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahol mma no, na ne din hyetaa amanaman nyinaa mu hyiae. 32 Na obubuu mmɛ mpensa, na ne nnwom si apem ne anum. 33 Na ɔkasae nnua ho fi kyeneduru a ɛwɔ Lebanon so kosii adwerɛ a efifi ɔfasu mu so, na ɔkaa mmoa ne nnomaa ne wɔn a wɔwea ne mpataa ho nsɛm. 34 Na amanaman nyinaa mu bi bae sɛ wobetie Solomon nyansa, wofi asase so ahene a wɔtee ne nyansa no nyinaa nkyɛn bae. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana