1 Ahene 3 - KYERƐW KRONKRONSolomon bɔ mpae srɛ nyansa ( 2 Berɛsosɛm 1.3-12 ) 1 Na Solomon ne Misraim hene Farao yɛɛ osew, na ɔfaa Farao babea waree, de no baa Dawid kurow mu kosii sɛ owiee ne dan ne AWURADE dan ne Yerusalem ho fasu no to. 2 Nanso ɔman no bɔɔ afɔre sorɔnsorɔmmea ara, efisɛ ɛde besi saa bere no na wonsii ɔdan bi mmaa AWURADE din ɛ. 3 Na Solomon nam n’agya Dawid ahyɛde no mu dɔ AWURADE, nanso ɔbɔ afɔre na ɔhyew aduhuam sorɔnsorɔmmea no so. 4 Na ɔhene kɔɔ Gibeon sɛ ɔkɔbɔ afɔre, efisɛ ɛhɔ ne afɔrebɔbea kɛse a agye din. Solomon bɔɔ ɔhyew afɔre apem wɔ afɔremuka no so. Solomon mpaebɔ 5 Na AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon anadwo dae mu wɔ Gibeon, na Onyankopɔn kae sɛ: Srɛ nea memma wo. 6 Na Solomon se: Wo na woyɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, adɔe kɛse, sɛnea ɔnantew w’anim nokware ne trenee mu ne wo ho komam teeyɛ mu, na wode adɔe kɛse yi asie ama no, na woama no ɔba a ɔte n’agua so sɛ ɛte nnɛ yi. 7 Na afei, AWURADE me Nyankopɔn, wo na woasi w’akoa ɔhene asi m’agya Dawid ananmu, na me de, meyɛ abofra ketewa, minnim adifi ne emuba. 8 Na w’akoa wɔ wo man a woapaw wɔn no mu, ɔman kɛse a wɔn dodow nti wontumi nkan wɔn mmu wɔn ano. 9 Enti ma w’akoa koma a etie, na memfa mimmu wo man atɛn, na minhu papa ne bɔne mu, na hena na obetumi abu ɔman duruduru yi atɛn? 10 Na asɛm no sɔɔ AWURADE ani, sɛ Solomon abisa asɛm yi. 11 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Esiane sɛ wubisaa asɛm yi, na woammisa nna dodo amfa, na woammisa ahonyade amfa, nanso woammisa w’atamfo kra, na wubisa nhumu, sɛ wode betie atemmu yi, 12 hwɛ, mayɛ sɛ w’asɛm no se. Hwɛ, mama wo nyansa ne nhumu koma a obiara a odii w’anim nte sɛ wo, na w’akyi nso obi rensɔre a ɔsɛ wo. 13 Nanso nea wummisae no mama wo, ahonya ne anuonyam a ahene mu biara rento wo wo nna nyinaa. 14 Na sɛ wonantew m’akwan mu na wudi m’ahyɛde ne me mmara nsɛm so sɛnea w’agya Dawid nantewee no a, mɛma wo nna aware. 15 Na Solomon nyanee, na hwɛ, ɛyɛ ɔdae. Na ɔbaa Yerusalem, na obegyinaa AWURADE apam adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, na ɔtow ne nkoa nyinaa pon. Solomon atemmu bi 16 Ɛbere no mu no, mmea nguaman baanu bi baa ɔhene nkyɛn begyinaa n’anim. 17 Na ɔbea biako kae sɛ: Me wura, mepa wo kyɛw, me ne ɔbea yi te fi koro mu, na mewoo ɔba wɔ ne nkyɛn ofie hɔ. 18 Na mewoe akyi nnansa no, ɔbea yi nso woe, na yɛwɔ faako ara, ɔhɔho bi nka yɛn ho ofie hɔ gye yɛn baanu pɛ na yɛwɔ ofi no mu. 19 Na ɔbea yi ba no wui anadwo, efisɛ ɔdaa no so. 20 Na ɔsɔree ɔdasu mu bɛfaa me ba no wɔ me nkyɛn, nso na w’afenaa ada, na ɔde no too ne kokom, na ɔde ne ba a wawu no bɛtoo me kokom. 21 Na mesɔree anɔpa sɛ merema me ba nufu no, na hwɛ, wawu. Na mifeefee no anɔpa no, na hwɛ, ɛnyɛ me ba a mewoo no nen. 22 Na ɔbea biako no se: Dabi, na me ba ne onikanfo no, na wo ba ne owufo no. Na oyi se: Dabi, na wo ba ne owufo no, na me ba ne ɔteasefo no. Na wɔkasakasae ɔhene anim hɔ. 23 Ɛnna ɔhene kae sɛ: Oyi se: Me ba ne onikanfo no, na wo ba ne owufo no; na oyi se: Daabi, na wo ba ne owufo no, na me ba ne onikanfo no. 24 Na ɔhene kae sɛ: Mommrɛ me nkrante. Na wɔde nkrante baa ɔhene anim. 25 Na ɔhene kae sɛ: Monkyɛ ɔba onikanfo no mu abien, na momfa ɔfa mma obiako, na momfa ɔfa mma obiako. 26 Ɛnna ɔbea a ne ba ne onikanfo no ka kyerɛɛ ɔhene, efisɛ ne yam hyehye no ne ba no ho sɛ: Me wura, mepa wo kyɛw, momfa ɔba onikanfo no mma no, na okum de, munnkum no! Na oyi se: Mma ɔnnyɛ me de, nso ɔnnyɛ wo de, monkyɛ mu! 27 Ɛnna ɔhene buae sɛ: Momfa ɔba onikanfo no mma ɔno, na okum de wonnkum no, ɔne ne na. 28 Na Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene bui no, wosuroo ɔhene anim, efisɛ wohui sɛ Onyankopɔn nyansa wɔ no mu a ɔde bu atɛn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana