Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Ahene 22 - KYERƐW KRONKRON


Ahab ne Yehosafat ko tia Siriafo
( 2 Berɛsosɛm 18.2-27 )

1 Na wɔtenaa hɔ mfirihyia abiɛsa a ɔko bi nni Siria ne Israel ntam.

2 Na afe a ɛto so abiɛsa mu no, Yuda hene Yehosafat sian baa Israel hene nkyɛn.

3 Na Israel hene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: So munnim sɛ Ramot-gilead wɔ yɛn, na yɛn de, yɛte hɔ komm na yennye mfi Siria hene nsam?

4 Na ɔka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Wo ne me bɛkɔ Ramot-gilead sa anaa? Na Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Mete sɛ wo, me man te sɛ wo man, m’apɔnkɔ te sɛ w’apɔnkɔ.

5 Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene sɛ: Bisa AWURADE asɛm nnɛ ɛ!

6 Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifo no ano, ɛbɛyɛ mmarima ahannan, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Menkɔ Ramot-gilead menkɔko anaasɛ minnyae? Na wose: Foro kɔ, na AWURADE de bɛhyɛ ɔhene nsa.

7 Ɛnna Yehosafat kae sɛ: So AWURADE diyifo bi nni ha bio a yebebisa no hɔ ade?

8 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɔbarima biako bi da so wɔ hɔ a anka yebetumi abisa AWURADE afi ne nkyɛn, nanso metan no, efisɛ ɔnhyɛ me ho nkɔm pa, sɛ bɔne nko, ɛyɛ Imla ba Mikaia. Na Yehosafat se: Mma ɔhene nnka sa.

9 Ɛnna Israel hene frɛɛ ogyaaseni bi, na ɔkae sɛ: Ma Imla ba Mikaia nnu ha ntɛm!

10 Na Israel hene ne Yuda hene Yehosafat tete wɔn nhengua so hyehyɛ wɔn ntade, Samaria pon ano mprae so, na adiyifo no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm wɔn anim.

11 Na Kenaana ba Sedekia ayɛ dade mmɛn, na ɔkae sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Eyinom na wode besum Siriafo de akosi sɛ wobewie wɔn sɛe.

12 Na adiyifo no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm saa sɛ: Kɔ Ramot-gilead na kodi siade, na AWURADE de ahyɛ ɔhene nsa.

13 Na ɔbɔfo a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, adiyifo no nyinaa de nokoro ka asɛmpa kyerɛ ɔhene, ma wo nsɛm nyɛ sɛ wɔn mu biako de, na ka nea eye!

14 Na Mikaia kae sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, nea AWURADE bɛka akyerɛ me no, ɛno na mɛka.


Mikaia hyɛ nkogu ho nkɔm

15 Ɛnna ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Mikaia, so yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ yennyae? Na obuaa no sɛ: Kɔ na kodi nim, na AWURADE de ahyɛ ɔhene nsa.

16 Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Mpɛn ahe ara na menka wo ntam sɛ, nka me asɛm bi sɛ nokware nko AWURADE din mu?

17 Na ose: Mahu Israel nyinaa sɛ wɔapete mmepɔw so sɛ nguan a wonni hwɛfo, na AWURADE se: Eyinom nni wura, ma wɔnsan nkokɔ wɔn afi asomdwoe mu.

18 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: So manka mankyerɛ wo sɛ ɔrenhyɛ me ho nkɔm pa bi, na mmom bɔne?

19 Ɛnna ɔkae sɛ: Enti tie AWURADE asɛm: Mahu AWURADE sɛ ɔte n’agua so, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum.

20 Na AWURADE kae sɛ: Hena na ɔbɛdaadaa Ahab na waforo akɔtɔ Ramot-gilead? Na oyi kaa sɛɛ, na oyi kaa sɛɛ.

21 Na honhom bi fi begyinaa AWURADE anim kae sɛ: Me na mɛdaadaa no.

22 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Wode dɛn? Na ose: Mefi makɔyɛ atoro honhom n’adiyifo nyinaa anom. Na ɔkae sɛ: Wobɛdaadaa no na wubetumi nso; fi kɔ na kɔyɛ saa.

23 Na afei, hwɛ, AWURADE de atoro honhom ahyɛ w’adiyifo yi nyinaa anom, na AWURADE akasa wo ho bɔne.

24 Ɛnna Kenaana ba Sedekia twiw bɛnee bɛbɔɔ Mikaia sotɔre kae sɛ: Ɛhe na AWURADE honhom nam fii me nkyɛn kɔka kyerɛɛ wo yi?

25 Na Mikaia se: Hwɛ, da a wubefi pia mu akɔ pia mu akohintaw no na wubehu.

26 Ɛnna Israel hene kae sɛ: Kyere Mikaia fa no kɔ kurow no so hwɛfo Amon ne ɔhene ba Yoas nkyɛn,

27 na kɔka sɛ: Sɛ ɔhene se ni: Momfa oyi nto nneduadan mu, na momma no ahohia aduan nni ne ahohia nsu nnom nkosi sɛ mɛba no dwoodwoo.

28 Na Mikaia kae sɛ: Sɛ wosan ba dwoodwoo a, ɛnne ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasae. Na ose: Mo aman nyinaa, muntie!


Ahab wu
( 2 Berɛsosɛm 18.28-34 )

29 Na Israel hene ne Yuda hene Yehosafat foro kɔɔ Ramot-gilead.

30 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Mɛsakra me ho na makɔ dɔm no mu, na wo de, hyɛ wo ntade. Na Israel hene no sakraa ne ho, na ɔkɔɔ dɔm no mu.

31 Nso na Siria hene no ahyɛ ne nteaseɛnam a ɔwɔ no so asafohene aduasa abien no sɛ: Mo ne akumaa anaa ɔkɛse nnko, gye Israel hene no nko.

32 Na nteaseɛnam so asafohene no huu Yehosafat no, wɔkae sɛ: Ampa, Israel hene no ni! Na wɔmanee ne no kɔkoe; na Yehosafat teɛɛm.

33 Na nteaseɛnam so asafohene no hui sɛ ɛnyɛ Israel hene ne no no, wɔsan fii n’akyi.

34 Na ɔbarima bi twee ne ta mu anibiannaso so, na ɔde saa Israel hene no mmɔtoam ne nkatabo no ntam. Na ɔka kyerɛɛ ne teaseɛnamkafo no sɛ: Dan wo nsa fa me fi dɔm yi mu, na mapira.

35 Na ɔko no mu yɛɛ den da no. Na wokura ɔhene no mu ma ogyina teaseɛnam no mu Siriafo no anim ara, na owui anwummere; na apirakuru no mu mogya sen guu teaseɛnam no mu.

36 Na wɔpae faa nsra no mu owiatɔ bere sɛ: Nnipa nyinaa nkokɔ wɔn kurom ne wɔn asase so.

37 Na ɔhene no wui, na wɔde no baa Samaria; na wosiee ɔhene no Samaria.

38 Na wɔkɔhohoroo teaseɛnam no mu Samaria ɔtare mu, na akraman bɛtaforoo ne mogya, na mmea nguaman nso guaree hɔ, sɛnea AWURADE aka no.

39 Na Ahab ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa ne asonse dan a osii, ne nkurow a ɔkyekyee nyinaa, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu?

40 Na Ahab wui, na ne ba Ahasia bedii n’ade.


Yehosafat di Yuda so hene
( 2 Berɛsosɛm 20.31—21.1 )

41 Na Israel hene Ahab afe a ɛto so anan so na Asa ba Yehosafat bedii Yuda so hene.

42 Yehosafat bedii hene no, na wadi mfirihyia aduasa anum, na odii hene mfirihyia aduonu anum Yerusalem. Na ne na din de Asuba, Silhi ba.

43 Na ɔfaa n’agya Asa kwan nyinaa so, wamman amfi ho, na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so; gye sorɔnsorɔmmea no na wɔanyi: Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew aduhuam sorɔnsorɔmmea hɔ.

44 Na asomdwoe daa Yehosafat ne Israel hene ntam.

45 Na Yehosafat ho nsɛm nkae ne ne mmaninne a ɔyɛe ne sɛnea odii ako no, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu?

46 Na mmarima nguaman nkae a wogyaw wɔn n’agya Asa bere so no, oguu wɔn ase fii asase no so.

47 Na ɔhene bi nni Edom; na n’abediakyiri na ɔhwɛ akyi sɛ hene.

48 Yehosafat yɛɛ Tarsis ahyɛn sɛ ɛnkɔ Ofir nkɔpɛ sika kɔkɔɔ; nanso ankɔ, efisɛ ahyɛn no bobɔe Esion-geber.

49 Ɛno mu na Ahab ba Ahasia ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ma me nkoa ne wo nkoa nkɔ ahyɛn no mu. Na Yehosafat ampene.

50 Na Yehosafat wui, na wosiee no kaa n’agyanom ho, n’agya Dawid kurow mu; na ne ba Yehoram bedii n’ade.


Ahasia di Israel so hene

51 Ahab ba Ahasia bedii Israel so hene Samaria, Yuda hene Yehosafat afe a ɛto so dunsɔn so, na odii Israel so mfe abien.

52 Na ɔyɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔfaa n’agya kwan so ne ne na kwan so ne Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no kwan so;

53 na ɔsom Baal na ɔsɔree no, na ohuruu AWURADE, Israel Nyankopɔn, bo sɛnea n’agya yɛe no ara.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan