1 Ahene 21 - KYERƐW KRONKRONNabot bobeturo 1 Na nsɛm yi akyi no, na Yesreelni Nabot wɔ bobeturo bi Yesreel a ɛwɔ Samaria hene Ahab ahemfi ho. 2 Na Ahab ka kyerɛɛ Nabot sɛ: Fa wo bobeturo no ma me, na memfa menyɛ fan turo, efisɛ ɛbɛn me fi ho, na mɛma wo bobeturo a eye sen no mahyɛ ananmu, anaasɛ wopɛ a, mɛma wo ɛso sika. 3 Na Nabot ka kyerɛɛ Ahab sɛ: AWURADE mma eyi mpare me, sɛ mede m’agyanom awunnyade mɛma wo. 4 Ɛnna Ahab kɔɔ ne fi, a na wakum n’anim na odi yaw, Yesreelni Nabot asɛm a ɔka kyerɛɛ no no nti, sɛ osee no sɛ: Meremfa m’agyanom awunnyade memma wo. Na ɔdaa ne mpa so dan n’ani, na wannidi. 5 Na ne yere Yesebel baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn na wo honhom abotow sɛɛ na wunnidi yi? 6 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Efisɛ me ne Yesreelni Nabot kasae, na misee no sɛ: Fa wo bobeturo no ma me gye sika, anaasɛ nso sɛ wopɛ a, mɛma wo bobeturo mahyɛ ananmu. Na ose: Meremfa me bobeturo no memma wo. 7 Ɛnna ne yere Yesebel ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wudi Israel so hene? Sɔre didi, na ma wo bo ntɔ wo yam na mede Yesreelni Nabot bobeturo no mɛma wo. 8 Ɛnna ɔde Ahab din kyerɛkyerɛw nhoma, na ɔde ne nsɔanode sosɔɔ ano, na ɔsomasomae ma wɔde nhoma no kɔmaa mpanyimfo ne adehye a wɔwɔ ne kurom a wɔne Nabot te no. 9 Na ɔkyerɛw nhoma no mu sɛ: Mompae mma wonni mmuada, na momfa Nabot ntena nkurɔfo no ti. 10 Na momfa mmarima baanu a wɔyɛ mmahuhufo nnyina n’anim, na wonni no adanse sɛ: Woadome Onyankopɔn ne ɔhene! Na momfa no mfi nkosiw no abo mma onwu. 11 Ɛnna ne kurow no mufo, mpanyimfo ne adehye a wɔte ne kurom no yɛe sɛnea Yesebel kraa wɔn no, sɛnea ɔkyerɛw nhoma a wɔde kɔmaa wɔn no mu no: 12 Ɔpaee sɛ wonni mmuada, na wɔde Nabot tenaa nkurɔfo no ti. 13 Na mmarima mmahuhufo baanu bae bɛtenaa n’anim, na mmarima ahuhufo no dii Nabot adanse ɔman no anim sɛ: Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene. Na woyii no fii kurow no akyi kosiw no abo ma owui. 14 Ɛnna wɔsoma kɔɔ Yesebel nkyɛn sɛ: Wɔasiw Nabot abo, na wawu. 15 Na Yesebel tee sɛ wɔasiw Nabot abo na wawu no, Ɔka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɔre kɔfa Yesreelni Nabot bobeturo a ɔmpɛ sɛ ɔde ma wo gye sika no di so, efisɛ Nabot nte ase bio, na wawu. 16 Na Ahab tee sɛ Nabot awu no, Ahab sɔree sɛ ɔresian akɔ Yesreelni Nabot bobeturo no mu akɔfa adi so. Elia hyɛ asotwe ho nkɔm 17 Ɛnna AWURADE asɛm baa Tisbini Elia nkyɛn sɛ: 18 Sɔre sian kohyia Israel hene Ahab a ɔwɔ Samaria no. Hwɛ, ɔwɔ Nabot bobeturo a wasian akɔ hɔ sɛ ɔrekɔfa adi so no mu; 19 na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Woadi awu, na woafa obi ade adi so? Na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Faako a akraman taforoo Nabot mogya no, ɛhɔ na akraman bɛtaforo wo nso wo mogya. 20 Na Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ: So woahu me, me tamfo? Na ose: Mahu wo, efisɛ woatɔn wo ho ayɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne. 21 Mɛpra wo akɔ, na matwa Ahab babarima biara afi Israel mu, akoa anaa ɔdehye. 22 Na mɛyɛ wo fi sɛ Nebat ba Yeroboam fi ne Ahigya ba Baasa fi, ohuru a woahuru me bo na woama Israel ayɛ bɔne ntia. 23 Na Yesebel nso, AWURADE kaa ne ho asɛm sɛ: Akraman bedi Yesebel nam, Yesreelni fasu ho. 24 Ahabni a obewu kurow mu no, akraman na ebedi ne nam, na nea obewu wuram no, wim nnomaa na ebedi ne nam. 25 Ampa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ Ahab a ɔtɔn ne ho sɛ ɔbɛyɛ AWURADE ani so bɔne, efisɛ ne yere Yesebel hyɛɛ no. 26 Na ɔyɛɛ akyide sɛ, efisɛ odii ahoni huhuw no akyi, sɛnea Amorifo a AWURADE tuu wɔn Israelfo anim yɛe no ara. 27 Na Ahab tee nsɛm yi no, osunsuanee ne ntade mu, na ɔde atweaatam guu ne ho so, na odii abuada, na ɔdaa atweaatam no mu, na ɔnam siamoo. 28 Na AWURADE asɛm baa Tisbini Elia nkyɛn sɛ: So woahu sɛ Ahab abrɛ ne ho ase m’anim? 29 Esiane sɛ wabrɛ ne ho ase m’anim nti, meremfa bɔne no memma ne bere so. Ne ba bere so na mede bɔne no mɛba ne fi so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana