1 Ahene 20 - KYERƐW KRONKRONAhab di Siriafo so nkonim mprenu 1 Na Siria hene Ben-hadad boaboaa ne dɔm nyinaa ano, na ahene aduasa abien kaa ne ho, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, na ɔforo bae betuaa Samaria ne no koe. 2 Na ɔsomaa abɔfo baa Israel hene Ahab nkyɛn kurow no mu bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Ben-hadad se ni: 3 Wo dwetɛ ne wo sika yɛ me dea, na wo yerenom a wɔn ho yɛ fɛ ne wo mma a woye no nso, wɔyɛ me dea. 4 Na Israel hene buae sɛ: W’asɛm no wom, me wura ɔhene, wo na me ne nea mewɔ nyinaa wɔ wo. 5 Na ɔbɔfo no san bae bio bɛkae sɛ: Sɛ Ben-hadad se ni: Sɛ masoma aba wo nkyɛn sɛ: Wo dwetɛ ne wo sika ne wo yerenom ne wo mma, fa ma me no, 6 sɛ ɔkyena sesɛbere mesoma me nkoa ba wo nkyɛn a, wobekyini wo fi ne wo nkoa afi, na ade biara a ɛyɛ w’ani so fɛ no, wɔbɛfa akura wɔn nsam de akɔ. 7 Ɛnna Israel hene frɛɛ asase no so mpanyimfo nyinaa sɛ: Monhwɛ nhu sɛ bɔne na oyi rehwehwɛ! Na wasoma aba me nkyɛn, me yerenom ne me mma ne me dwetɛ ne me sika ho, na mankame no. 8 Na mpanyimfo no nyinaa ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ntie, na mpene nso. 9 Na ɔka kyerɛɛ Ben-hadad abɔfo no sɛ: Monkɔka nkyerɛ me wura ɔhene sɛ: Nea wubisaa w’akoa kan no nyinaa de, mɛyɛ, na asɛm yi de, mintumi menyɛ. Na abɔfo no kɔe kobuaa no asɛm no. 10 Na Ben-hadad soma baa ne nkyɛn sɛ: Sɛ Samaria mfutuma so dɔm a wodi m’anammɔn akyi yi nyinaa bɛyɛ obiara nsama a, sɛɛ na anyame nyɛ me, na sɛɛ nso na wɔmfa nka ho! 11 Na Israel hene buae sɛ: Monkɔka sɛ: Mma nea ɔhyɛ akode nnhoahoa ne ho sɛ nea oyi yɛ yi. 12 Na ɔtee asɛm yi no, na ɔne ahene no renom nsa asese mu, ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Mommae mu! Na wɔbaee mu hyɛɛ kurow no. 13 Na hwɛ, odiyifo bi twiw bɛn Israel hene Ahab sɛ: Sɛ AWURADE se ni: So woahu asafokuw kɛse yi nyinaa? Hwɛ, mede wɔn merehyɛ wo nsa nnɛ, na woahu sɛ mene AWURADE. 14 Na Ahab kae sɛ: Ɛnam hena so? Na ose: Sɛ AWURADE se ni: Ɛnam amankuw no mmapɔmma mmerante no so. Ɛnna ɔkae sɛ: Hena na ɔmfa nkɔbɔ ani? Na ose: Wo! 15 Ɛnna ɔkan amankuw mmapɔmma no mmerante no, na wosi ahanu aduasa abien, na wɔn akyi no, ɔkan ɔman no nyinaa, Israel mma nyinaa, mpemnsɔn. 16 Na wofii adi owigyinae. Na Ben-hadad ne ahene no anom nsa abobow asese no mu, ɔno ne ahene aduasa abien a wɔboa no no. 17 Na amankuw mmapɔmma no mmerante no fii adi kan. Na Ben-hadad somae, na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Mmarima afi adi afi Samaria reba. 18 Na ose: Sɛ ɔmannwoe so na wofii adi a, monkyekyere wɔn animono, na sɛ ɔko so nso na wofii adi a, monkyekyere wɔn animono. 19 Na wɔn de, wofi kurow no mu fii adi, amansin mmapɔmma no mmerante no ne dɔm a wodii wɔn akyi no. 20 Na wokunkum wɔn mmiako mmiako, na Siriafo no guanguanee, na Israel tiw wɔn, na Siria hene Ben-hadad tenaa ɔpɔnkɔ so ne apɔnkɔsotefo fi guanee. 21 Na Israel hene fii adi kunkum apɔnkɔ ne nteaseɛnam no, na ɔde okunkɛse kum Siriafo. 22 Na odiyifo no twiw bɛn Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhyɛ wo ho den, na hwɛ na hu nea wobɛyɛ; na afedan no Siriafo bɛforo aba wo so. 23 Na Siria hene nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔn nyame yɛ mmepɔw nyame, enti na wɔn ho yɛ den sen yɛn no; na sɛ yɛne wɔn kɔko asasetaw so de a, so anka yɛn ho renyɛ den nsen wɔn anaa? 24 Na eyi na yɛ: Tutu ahene no fi wɔn tenabea, na fa amradofo sisi wɔn ananmu. 25 Na wo de, kan dɔm bi fa, sɛ dɔm a woahwere no, ne apɔnkɔ sɛ apɔnkɔ no, ne nteaseɛnam sɛ nteaseɛnam no, na yɛne wɔn nkɔko asasetaw so, sɛ yɛn ho renyɛ den nsen wɔn anaa? Na otiee wɔn, na ɔyɛɛ saa. 26 Na ɔpɛ bere mfiase no, Ben-hadad kenkan Siriafo dɔm na ɔforo baa Afek sɛ ɔne Israel rebɛko. 27 Na wɔkenkan Israelfo nso, na wosiesiee wɔn ho, na wɔkɔe kohyiaa wɔn. Na Israelfo bɔɔ wɔn ntentenso nsra sɛ mmirekyi akuw nketewa abien. Na Siriafo de, wɔyɛɛ asase no ma. 28 Na Onyankopɔn nipa no twiw bae bɛka kyerɛɛ Israel hene sɛ: Sɛnea AWURADE se ni: Esiane sɛ Siriafo aka sɛ: Mmepɔw nyame ne AWURADE, na ɔnyɛ abon mu nyame nti, mede asafokuw kɛse yi nyinaa mɛhyɛ wo nsa, na moahu sɛ mene AWURADE. 29 Na wɔbobɔɔ nsra, eyinom wɔ eyinom ntentenso. Na da a ɛto so ason no, wɔde dɔm no kɔbɔɔ anim, na Israelfo no kum Siriafo anammɔnmufo ɔpeha da koro. 30 Na nkae no guanguan kɔɔ Afek kurow no mu, na ɔfasu no buruw guu nnipa a wɔkae no mu ɔpeduonu ason so. Na Ben-hadad de, oguan kɔɔ kurow no mu fi pia mu kɔɔ pia mu. 31 Na ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, yɛate sɛ Israel fi ahene yɛ ahene a wɔyɛ adɔe. Ma yɛmfa ayitama nkyekyere yɛn asen, na yɛmfa ntampehama mmobɔ yɛn ti, na yemfi nkɔ Israel hene nkyɛn; ebia obegye wo kra nkwa. 32 Na wɔde ayitama kyekyeree wɔn asen, na wɔde ntampehama bobɔɔ wɔn ti, na wɔbaa Israel hene nkyɛn sɛ: W’akoa Ben-hadad se: Ma me kra nnya nkwa ɛ! Na ose: So ɔda so te ase? Ɔyɛ me nua. 33 Na mmarima no rehwehwɛ nsɛkyerɛnne, na wɔyɛɛ ntɛm gyee asɛm no, na wɔkae sɛ: Wo nuabarima ne Ben-hadad. Na ose: Monkɔfa no mmra! Na Ben-hadad fi baa ne nkyɛn; na ɔma ɔforo baa teaseɛnam no mu. 34 Na Ben-hadad ka kyerɛɛ no sɛ: Nkurow a m’agya gyee w’agya nsam no, mɛdan mama, na tew mmorɔn nso Damasko fa, sɛnea m’agya tewee Samaria no. Na Ahab kae sɛ: Me nso, mede apam megya wo kwan. Ɛnna ɔne no pamee, na ogyaa no kwan. 35 Ɛnna ɔbarima bi a ofi adiyifo mma mu de AWURADE asɛm ka kyerɛɛ ne yɔnko sɛ: Bɔ me ɛ! Na ɔbarima no ampene sɛ ɔbɔ no. 36 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Esiane sɛ woantie AWURADE nti, hwɛ, wufi me nkyɛn ha rekɔ ara pɛ a, gyata bekum wo. Na ofii ne nkyɛn kɔe no, gyata huu no, na okum no. 37 Na ohuu ɔbarima foforo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ me ɛ! Na ɔbarima no bɔɔ no. 38 Ɛnna odiyifo no kɔe kogyinaa ɔkwan no ho twɛn ɔhene, na ɔde n’ani akyi abotiri sakraa ne ho. 39 Na ɔhene retwam no, ɔbɔn ɔhene no sɛ: W’akoa fi kɔɔ dɔm no mu, na hwɛ, ɔbarima bi manee de ɔbarima bi brɛɛ me sɛ: Hwɛ ɔbarima yi so, na sɛ ɔyera a, ɛnne wode wo kra besi ne kra ananmu, anaasɛ wobɛkari dwetɛ talente biako. 40 Na w’akoa ani abere reyɛ ade bi no, oguanee. Ɛnna Israel hene kae sɛ: Sɛ w’atemmu te ne no, wo ara woabu. 41 Ɛnna ɔyɛɛ ntɛm yii abotiri no fii n’ani akyi, na Israel hene no huu no sɛ ofi adiyifo no mu. 42 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Esiane sɛ woama onipa a mahyira no so afi wo nsa akɔ nti, wo kra besi ne kra ananmu, na wo man asi ne man ananmu. 43 Ɛnna Israel hene no siim kɔɔ ne fi, wakum n’anim na ne bo afuw, na ɔbaa Samaria. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana