1 Ahene 2 - KYERƐW KRONKRONDawid samansew ne ne wu 1 Afei Dawid nna bɛnee sɛ obewu, na ɔhyɛɛ ne ba Solomon sɛ: 2 Me de, merekɔ asase sofo nyinaa kwan: Enti yɛ den na yɛ ɔbarima. 3 Na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛde, sɛ wobɛnantew n’akwan so, sɛ wubedi n’ahyɛde, ne mmara nsɛm ne n’atemmude ne n’adansesɛm so, sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara mu, na woadi yiye nea woyɛ nyinaa mu, baabiara a wobɛkɔ. 4 Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkae me ho no atim sɛ: Wo mma hwɛ wɔn kwan sɛ wɔbɛnantew m’anim nokware mu, wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa mu a, ɛnne ose Israel agua so barima remmɔ wo. 5 Nanso wo ara wunim nea Senuia ba Yoab yɛɛ me, nea ɔyɛɛ Israel asahene baanu, Ner ba Abner ne Yeter ba Amasa, a odii wɔn awu na ɔkaa ɔsa mu mogya gui asomdwoe bere mu, na ɔde ɔsa mu mogya kekaa n’abɔso a ɛbɔ n’asen ne ne mpaboa a ɛhyɛ ne nan ho no. 6 Enti di no nyansa so, na mma ne dwen mmfa asomdwoe mu nnsian nnkɔ asaman. 7 Na Gileadni Barsilai mma de, yɛ wɔn adɔe na ma wɔntena wɔn a wodidi wo pon so mu; na saa na wotwiw baa me nkyɛn bere a miguanee wo nua Absalom anim no. 8 Na hwɛ, Benyaminni Gera ba Simei a ofi Bahurim na ɔwɔ wo nkyɛn yi, ɔno na ɔdomee me nnome dennen da a mekɔɔ Mahanaim no. Nanso osian behyiaa me Yordan ho, na mekaa no AWURADE sɛ meremfa nkrante minkum no. 9 Na afei de, mma ne ho nnyɛ tɔtorɔtɔɔ, na woyɛ ɔba nyansafo, na wubehu ade a wobɛyɛ no, na woama ne dwen nam mogya mu asian akɔ asaman. 10 Ɛnna Dawid tiw n’agyanom wɔ asaman, na wosiee no Dawid kurow mu. 11 Na nna a Dawid de dii Israel so hene si mfirihyia aduanan. Odii hene mfe ason Hebron, na odii hene mfe aduasa abiɛsa Yerusalem. 12 Na Solomon tenaa n’agya Dawid agua so, na n’ahenni timii pintinn pa. Solomon nneyɛe bi 13 Na Hagit ba Adonigya baa Solomon ne na Batseba nkyɛn. Na obisaa no sɛ: So asomdwoe so na woba yi? Na ose: Asomdwoe so. 14 Na ɔkae sɛ: Mewɔ asɛm bi meka kyerɛ wo. Na ose: Ka ɛ! 15 Na ɔkae sɛ: Wo ara wunim sɛ anka ahenni no yɛ me dea, na me so na Israel nyinaa de wɔn ani toe sɛ medi hene, nanso ahenni no danee, na akɔyɛ me nua de; na efi AWURADE na ɛkɔyɛɛ ne de. 16 Na afei ade biako pɛ na merebisa wɔ wo hɔ, na nkame me. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa ɛ! 17 Na ose: Mesrɛ wo, ka kyerɛ ɔhene Solomon, na ɔrenkame wo, na ɔmfa Sunamni Abisag mma me aware. 18 Na Batseba kae sɛ: Yoo, mɛka makyerɛ ɔhene mama wo. 19 Ɛnna Batseba baa ɔhene Solomon nkyɛn sɛ ɔne no rebɛkasa ama Adonigya. Na ɔhene sɔre kohyiaa no na ɔkotow no, na ɔtenaa n’agua so; na wɔde agua sii hɔ maa ɔhene ne na, na ɔtenaa ne nifa so. 20 Na ɔkae sɛ: Ade ketewa bi na merebebisa wo hɔ, na nkame me. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Awo, bisa, na merenkame wo. 21 Na ose: Ma wɔmfa Sunamni Abisag mma wo nua Adonigya aware. 22 Na ɔhene Solomon bua ka kyerɛɛ ne na sɛ: Na adɛn nti na wubisa Sunamni Abisag ama Adonigya? Bisa ahenni no nso ma no, na ɔno ne me nua a ɔsen me panyin, bisa ma no ne ɔsɔfo Abiatar ne Seruia ba Yoab. 23 Ɛnna ɔhene Solomon kaa AWURADE ntam sɛ: Onyankopɔn nyɛ me sɛɛ na ɔnkɔ so sa, sɛ Adonigya aka asɛm yi ahyɛ n’ankasa ne kra. 24 Na afei, sɛ AWURADE a wama matim na ɔde me atena m’agya Dawid agua so na wakyekye ofi ama me sɛnea ɔkae no te ase yi, ɛnnɛ ara wobekum Adonigya. 25 Na ɔhene Solomon somaa Yoiada ba Benaia ma ɔkɔbɔɔ no ma owui. 26 Na ɔsɔfo Abiatar nso, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ Anatot, w’ankasa asase so, na wosɛ owu; nanso ɛnnɛ yi de, merenkum wo, efisɛ woasoa AWURADE Nyankopɔn adaka m’agya Dawid anim, na wuhuu amane a m’agya hui no nyinaa nso bi. 27 Saa na Solomon tuu Abiatar sɛ onnni AWURADE sɔfo, sɛ ɔbɛma AWURADE asɛm a ɔkae Eli fi ho wɔ Silo no aba mu. 28 Na asɛm no duu Yoab nkyɛn; nso na Yoab adan akodi Adonigya akyi, na Absalom akyi de, wannan ankodi; na Yoab guan kɔɔ AWURADE ntamadan ho kosusoo afɔremuka abɛn mu. 29 Na wɔbɛka kyerɛɛ ɔhene Solomon sɛ: Yoab aguan akɔ AWURADE ntamadan ho, na hwɛ, ɔwɔ afɔremuka no ho. Na Solomon somaa Yoiada ba Benaia sɛ: Kɔ kɔbɔ no ade. 30 Na Benaia kɔɔ AWURADE ntamadan no ho kɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔhene se: Fi adi! Na ose: Dabi, na ɛha na mewu. Na Benaia san bɛka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛnea Yoab aka ni, sɛnea wabua me ni. 31 Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ sɛnea ɔkae no, na kokum no, na sie no, na yi mogya a Yoab ahwie agu kwa no fi me ne m’agya fi so. 32 Na AWURADE mma ne mogya mmua n’atifi, sɛ okunkum mmarima baanu a wɔteɛ na woye sen no, na ɔde nkrante dii wɔn awu: Ner ba Abner, Israel sahene, ne Yeter ba Amasa, Yuda sahene no, a m’agya Dawid nnim ho bi; 33 na wɔn mogya nsan mmebua Yoab atifi ne n’asefo atifi nkosi daa, na Dawid ne n’asefo ne ne fi ne n’agua nnya AWURADE nkyɛn asomdwoe daa. 34 Na Yoiada ba Benaia foro kɔe kɔbɔɔ no kum no; na wosiee no ne fi wɔ sare so. 35 Na ɔhene de Yoiada ba Benaia sii n’ananmu dii dɔm no so, na ɔsɔfo Sadok nso, ɔhene de no sii Abiatar ananmu. 36 Na ɔhene soma kohyiaa Simei bae na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Si dan wɔ Yerusalem, na tena hɔ, na mfi hɔ nkɔ baabiara. 37 Na da a wubefi adi akotwa Kidron subon no, hu sɛ owu na wubewu, na wo mogya bebua w’atifi. 38 Na Simei ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Eye, sɛnea me wura ɔhene aka no, saa ara na w’akoa bɛyɛ. Na Simei tenaa Yerusalem nna pii. 39 Na mfe abiɛsa akyi no, Simei nkoa baanu guan kɔɔ Gat hene Maaka ba Akis nkyɛn, na wɔbɛka kyerɛɛ Simei sɛ: Hwɛ, wo nkoa no wɔ Gat. 40 Na Simei sɔre hyehyɛɛ n’afurumpɔnkɔ, na osiim kɔɔ Gat, Akis nkyɛn sɛ ɔrekɔhwehwɛ ne nkoa no; na Simei kɔe kɔfaa ne nkoa no fii Gat bae. 41 Na wɔbɛka kyerɛɛ Solomon sɛ: Simei afi Yerusalem akɔ Gat, na wasan aba. 42 Na ɔhene soma kɔfrɛɛ Simei sɛ: So manka wo AWURADE ntam manni wo adanse sɛ da a wubefi adi akɔ baabiara no, hu sɛ owu na wubewu? Na woka kyerɛɛ me sɛ: Nea woka no ye, mate. 43 Adɛn nti na woanni AWURADE ntam ne mmara a mehyɛɛ wo no so? 44 Na ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: Wo ara wunim, wo koma mu, bɔne a wode yɛɛ m’agya Dawid no nyinaa, na AWURADE adan wo bɔne no agu w’atifi. 45 Na nhyira bɛka ɔhene Solomon, na Dawid agua betim AWURADE anim akosi daa. 46 Na ɔhene hyɛɛ Yoiada ba Benaia, na ofii adi kɔbɔɔ no ma owui. Na ahenni no timii Solomon nsam. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana