Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Ahene 19 - KYERƐW KRONKRON


Elia wɔ Sinai bepɔw so

1 Na Ahab bɛkaa nea Elia yɛe no nyinaa kyerɛɛ ne yere Yesebel, ne sɛnea ɔde nkrante akunkum Baal adiyifo no nyinaa.

2 Na Yesebel somaa ɔbɔfo kɔɔ Elia nkyɛn sɛ: Sɛɛ na anyame nyɛ me, na sɛɛ nso na wɔmfa nka ho, sɛ ɔkyena sesɛɛ na mama wo kra ayɛ sɛ wɔn mu biako de.

3 Na ohuu saa no, ne nkwa nti ɔsɔre kɔe na okoduu Beer-seba a ɛyɛ Yuda de no, na ogyaw n’abofra no wɔ hɔ.

4 Na ɔno de, ɔnantew sare so da koro kwan na ɔkɔtenaa sisia bi ase, na ɔsrɛe sɛ ne kra nwu. Na ɔkae sɛ: Ɛdɔɔso, afei, AWURADE, fa me kra, na minnye mensen m’agyanom.

5 Na ɔde ne ho too hɔ dae, sisia bi ase. Na hwɛ, ɔbɔfo bi bɛkaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre didi!

6 Na ɔhwɛe, na hwɛ, ɔfam a wɔato no nnyansramma so ne nsu kuruwa si n’atifi; na odidii na ɔnomee, na ɔtɔɔ hɔ dae.

7 Na AWURADE bɔfo san bɛkaa no ne mprenu so sɛ: Sɔre didi, na ɔkwan no ware papa ma wo.

8 Na ɔsɔre didii na ɔnomee, na ɔde aduan no mu ahoɔden nantewee adaduanan, awia ne anadwo, koduu Onyankopɔn bepɔw Horeb ho.


Onyankopɔn yi ne ho adi Horeb

9 Na oduu ɔbodan no ho hɔ, na ɔsoɛɛ. Na hwɛ, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Elia, dɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?

10 Na ose: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfo agyaw w’apam: W’afɔremuka no, wɔadwiridwiriw, na w’adiyifo nso, wɔde nkrante akunkum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me akum me.

11 Na ɔkae sɛ: Fi adi kogyina bepɔw no so AWURADE anim. Na hwɛ, AWURADE twaam, na mframa kɛse a ɛyɛ den paepaee mmepɔw na ebubuu abotan dii AWURADE anim; na ɛnyɛ mframa no mu na AWURADE wɔ; na mframa no akyi no asasewosow; na ɛnyɛ asasewosow no mu na AWURADE wɔ;

12 na asasewosow no akyi no ogya; na ɛnyɛ ogya no mu na AWURADE wɔ; na ogya no akyi no na mframa a ɛbɔ brɛoo bi nne di.

13 Na Elia tee no, ɔde ne nguguso kataa n’ani, na ofi kogyinaa ɔbodan no ano. Na hwɛ, ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Elia, dɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?

14 Na ose: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfo agyaw w’apam: W’afɔremuka no, wɔadwiridwiriw, na w’adiyifo nso, wɔde nkrante akunkum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me akum me.

15 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, san si wo kwan so kɔ Damasko sare so; na sɛ wudu a, sra Hasael ngo si no Siria so hene;

16 na Nimsi ba Yehu nso, sra no si Israel so hene; na Safat ba Elisa a ofi Abel-mehola no de, sra no si w’ananmu diyifo.

17 Na nea obefi Hasael nkrante ano no, Yehu bekum no, na nea obefi Yehu nkrante ano no, Elisa bekum no.

18 Nanso megyaw Israel mu nnipa mpemnsɔn, nkotodwe a ennya nkotow Baal nyinaa ne ano a ennya mfew n’ano nyinaa.


Elisa frɛ

19 Ɛnna ofii hɔ kɔe. Na okohuu Safat ba Elisa sɛ ɔrefɛtɛw; anantwi mpamho dumien na edi n’anim, na ɔno ne nea ɛto so dumien na ɛrefuntum; na Elia sen baa ne nkyɛn, na ɔtow ne nguguso guu no so.

20 Na ogyaw anantwi no, na otuu mmirika dii Elia akyi kae sɛ: Ma menkɔkra m’agya ne me na, na mimmedi w’akyi! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: San kɔ bio, na dɛn na mayɛ wo yi?

21 Na ɔsan fii n’akyi kɔfaa anantwi mpamho no kunkum wɔn, na ɔde anantwi no adwumayɛ nnua no noaa nam no, na ɔde maa nkurɔfo no, na wodii; na ɔsɔre dii Elia akyi, na ɔsom no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan