Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Ahene 18 - KYERƐW KRONKRON


Elia ne Obadia

1 Na nna pii akyi no, afe a ɛto so abiɛsa mu no, AWURADE asɛm baa Elia nkyɛn sɛ: Fa wo ho kɔ kyerɛ Ahab, na mɛma osu atɔ asase so.

2 Na Elia siim kɔe sɛ ɔde ne ho kɔkyerɛ Ahab. Nso ɔkɔm a emu yɛ den aba Samaria.

3 Na Ahab frɛɛ Obadia a odi ne fi so; nso Obadia de, osuro AWURADE sɛ;

4 na Yesebel retwitwa AWURADE adiyifo agu no, Obadia faa AWURADE adiyifo ha, na ɔde wɔn aduonum aduonum kosiee ɔbodan mu, na ɔde aduan ne nsu hwɛɛ wɔn.

5 Na Ahab ka kyerɛɛ Obadia sɛ: Kokyini asase no so, nsuaniwa nyinaa ne nsubon nyinaa ho; ebia yebenya wura de agye apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ bi nkwa, na yɛanhwere mmoa no.

6 Na wɔkyɛɛ asase no mu fae sɛ wɔrekyini so, Ahab nko faa ɔkwan biako so, na Obadia nko nso faa ɔkwan biako so.

7 Na Obadia wɔ ɔkwan no so no, hwɛ, Elia ne no behyiae, na ohuu no, na ɔde n’anim butuw fam kae sɛ: Me wura Elia ni?

8 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mini. Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: Elia aba.

9 Na ɔkae sɛ: Bɔne bɛn na mayɛ, na wo de, woreyi w’akoa ahyɛ Ahab nsa na wakum me yi?

10 Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te ase yi, ɔman ne ahenni biara nni hɔ a me wura nsoma nkɔɔ hɔ nkɔhwehwɛɛ wo ɛ. Na sɛ wɔka kyerɛɛ no sɛ: Onni hɔ, a, ɔma ahenni no ne ɔman no ka ntam sɛ wonhuu wo ɛ.

11 Na afei, wo ara wuse: Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: Elia aba.

12 Na sɛ me de, mifi wo nkyɛn mekɔ a, AWURADE honhom bɛma wo so akɔ baabi a minnim, na sɛ meka mekyerɛ Ahab na wanhu wo a, obekum me. Na me, w’akoa de, mifi me mmofraase misuro AWURADE.

13 So wɔnkaa nea Yesebel kum AWURADE adiyifo no, meyɛe no nkyerɛɛ me wura, sɛ mefaa AWURADE adiyifo mu mmarima ɔha, na mede wɔn aduonum aduonum misiee ɔbodan mu, na mede aduan ne nsu mehwɛɛ wɔn no?

14 Na afei, wo de, wuse: Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: Elia aba, na onkum me.

15 Na Elia kae sɛ: Sɛ asafo AWURADE a migyina n’anim te ase yi, ɛyɛ dɛn ara a, nnɛ mede me ho mɛkyerɛ no.

16 Ɛnna Obadia kɔe kohyiaa Ahab, na ɔka kyerɛɛ no; na Ahab kɔe kohyiaa Elia.

17 Na Ahab huu Elia no, Ahab ka kyerɛɛ no sɛ: So wo a wohaw Israel no ni?

18 Na ose: Menhaw Israel ɛ, na mmom wo ne w’agya fi, sɛ moagyaw AWURADE mmara nsɛm, na woakodi Baalim akyi.

19 Na afei soma kɔboaboa Israel nyinaa ano brɛ me Karmel bepɔw so, ne Baal adiyifo ahanan aduonum no, ne Asera adiyifo ahanan a wodidi Yesebel pon so no.

20 Na Ahab soma kɔɔ Israelfo nyinaa mu kɔboaboaa adiyifo no ano kɔɔ Karmel bepɔw so.


Elia ne Baal asɔfo

21 Ɛnna Elia twiw baa ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkae sɛ: Da bɛn na mubehinhim nsɛm abien ntam akosi? Sɛ AWURADE ne Nyankopɔn a, munni n’akyi: Sɛ Baal nso a, munni n’akyi ɛ! Na ɔman no ammua no asɛm biara.

22 Na Elia ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Me de, me nko ara mene AWURADE diyifo a waka, na Baal adiyifo de, wosi mmarima ahanan aduonum.

23 Na momma wɔmma yɛn anantwinini abien, na ma wonyi nantwinini no biako mfa, na wontwitwa no asinasin, na wɔmfa ngu nnyina so, na ogya de, wɔmmfa nngu ase. Na me nso, mesiesie nantwinini biako no, na mede magu nnyina so, na meremfa ogya mingu ase.

24 Na mommɔ mo nyame din, na me nso memmɔ AWURADE din, na onyame a ɔde ogya begye so no, ɔno ne Nyankopɔn. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Ɔsɛmpa!

25 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifo no sɛ: Munyi nantwinini biako mfa, na munsiesie no kan; na mo de, modɔɔso; na mommɔ mo nyame din, na ogya na mommfa nngu ase.

26 Na wɔfaa nantwinini a wɔde maa wɔn no, na wosiesiei; na wɔbɔɔ Baal din fii anɔpa koduu owigyinae sɛ: Baal, gye yɛn so! Nso wɔante ɛnne bi, na obi nso annye so. Na wohuruhuruw twaa afɔremuka a wɔyɛe no ho hyiae.

27 Na owigyinae no Elia yii wɔn ahii, na ɔkae sɛ: Momma mo nne so mfrɛ na onyame ne no! Sesɛɛ ɔredwen, anaasɛ wafi adi kogya n’anan, anaasɛ ɔnam kwan; ebia wada, na wanyan.

28 Na wɔde nne kɛse teɛteɛɛm, na wɔde nkrante ne mpeaw bobɔɔ wɔn ho akam, sɛ wɔn amanne te no, kosii sɛ mogya guu wɔn so.

29 Na owigyinae twaa mu no, wɔkɔmee koduu sɛ ɛrekɔ aduan afɔrebɔ bere; nso wɔante ɛnne bi, na obi nso annye so, na obi antie wɔn.

30 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Muntwiw mmɛn me! Na ɔman no nyinaa twiw bɛn no. Na osiesiee AWURADE afɔremuka a abubu no.

31 Na Elia tasee abo dumien sɛ Yakob a AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Israel ne wo din no, mma mmusuakuw no ano si.

32 Na ɔde abo no sii afɔremuka, AWURADE din mu, na otwaa ɔka a ebedi aba a wogu susuw ade abien, afɔremuka no ho hyiae.

33 Na ɔhyehyɛɛ nnyina no, na otwitwaa nantwinini no asinasin de guu nnyina no so kae sɛ: Momfa nsu nhyehyɛ nhina anan amaama, na mummehwie ngu ɔhyew afɔre ne nnyina no so!

34 Na ɔkae sɛ: Monyɛ bio! Na wɔyɛe bio. Na ɔkae sɛ: Momma ɛnyɛ mprɛnsa! Na wɔma ɛyɛɛ mprɛnsa.

35 Na nsu no fofaa afɔremuka no ho hyiae, na ɔka no nso, ɔhyɛɛ no nsu ma.

36 Na afɔrebɔ bere mu no, odiyifo Elia twiw bae, na ɔkae sɛ: AWURADE, Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, nnɛ ma wonhu sɛ wo na wone Nyankopɔn Israel mu na mene w’akoa, na w’asɛm so na mayɛ ade yi nyinaa.

37 Gye me so, AWURADE, gye me so, na ɔman yi nhu sɛ wo AWURADE ne Nyankopɔn, na wo nso woama wɔn koma asan akyiri aba.

38 Ɛnna AWURADE gya duru bɛhyew ɔhyew afɔre no ne nnyina no ne abo ne dɔte no, na ɛyow nsu a ɛwɔ ɔka no mu no.

39 Na ɔman no nyinaa hui no, wɔde wɔn anim butubutuw fam kae sɛ: AWURADE, ɔno ne Nyankopɔn! AWURADE, ɔno ne Nyankopɔn!

40 Na Elia kae sɛ: Monkyere Baal adiyifo no, mommma wɔn mu biara mmfi mu! Na wɔkyekyeree wɔn na Elia de wɔn sian kɔɔ Kison asu ho, na okum wɔn wɔ hɔ.

41 Na Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Foro kɔ kodidi na nom. Na mete osu kɛse nka.

42 Na Ahab foro kɔe sɛ okodidi na wanom. Na Elia de, ɔforo kɔɔ Karmel atifi na ɔkotow fam, na ɔde n’anim hyɛɛ ne nkotodwe ntam.

43 Na ɔka kyerɛɛ n’abofra sɛ: Foro kɔ kɔhwɛ po fam. Na ɔforo kɔhwɛe, na ɔbɛkae sɛ: Hwee nni hɔ. Na ose: San kɔ mpɛn asɔn.

44 Na nea ɛto so ason no, ɔkae sɛ: Hwɛ, omununkum ketewa bi te sɛ onipa nsa resɔre afi po mu. Na ose: Foro kɔka kyerɛ Ahab sɛ: Siesie [wo nteaseɛnam] na sian kɔ, na osu ansiw wo kwan.

45 Na ɛyɛɛ kakra na omununkum ne mframa abiri soro tumm, na osu kɛse tɔe. Na Ahab nam teaseɛnam mu kɔɔ Yesreel.

46 Na AWURADE nsa baa Elia so, na ɔkyekyeree n’asen tuu mmirika dii Ahab anim de koduu sɛ wɔrehyɛn Yesreel.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan