Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Ahene 17 - KYERƐW KRONKRON


Elia hyɛ ɔhaw ho nkɔm

1 Na Tisbini Elia a ofi Gilead atubrafo no mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a migyina n’anim te ase yi, obosu anaa osu rentɔ mfe yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!

2 Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ:

3 Fi ha kɔ, na dan wo ho kɔ apuei, na kohintaw asu Kerit a ɛwɔ Yordan anim no ho.

4 Na wobɛnom asu no mu nsu, na mahyɛ nkwaakwaadabi sɛ wɔnhwɛ wo wɔ hɔ.

5 Na osiim kɔyɛe sɛ AWURADE kae no, na ɔkɔe kɔtenaa asu Kerit a ɛwɔ Yordan anim no ho.

6 Na nkwaakwaadabi brɛɛ no abodoo ne nam anɔpa, ne abodoo ne nam anwummere, na ɔnom asu no mu nsu.

7 Na nna bi akyi no, asu no yowee, efisɛ osu antɔ asase no so.


Elia wɔ Sarefat bea kunafo bi nkyɛn

8 Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ:

9 Sɔre kɔ Sarefat a ɛyɛ Sidonfo de no, na kɔtena hɔ; na hwɛ, mahyɛ ɔbea kunafo bi hɔ sɛ ɔnhwɛ wo.

10 Na ɔsɔre kɔɔ Sarefat. Na oduu kurow no pon ano no, na hwɛ, ɔbea kunafo no wɔ hɔ repɛ mmobaa. Na ɔfrɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔsaw nsu kakra gu biribi mu brɛ me na mennom.

11 Na ɔrekɔ akɔsaw no, frɛɛ no sɛ: Fa abodoo afono ma kura wo nsam brɛ me.

12 Na ose: Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te ase yi, atode biara nni me nsam, gye asikresam nsa ma a ɛwɔ kuruwa mu ne ngo kakra a ɛwɔ toa mu, na hwɛ, merepɛ mmobaa abien bi makɔ makɔto, na me ne me ba adi na yɛawu.

13 Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, kɔyɛ sɛ woaka no, nanso kɔfa bi yɛ ɔfam ketewaa bi ma me kan, na fa brɛ me, na ɛno akyi no yɛ wo ne wo ba de.

14 Na sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Asikresam kuruwa no so renhuan, na ngo toa no so rentew de bɛkɔ akosi da a AWURADE bɛma osu atɔ agu asase so.

15 Na ɔkɔe kɔyɛe sɛ Elia ka kyerɛɛ no no, na odii, ɔno ne ɔbea no ne ne fi, nna pii;

16 na asikresam kuruwa no so anhuan na ngo toa no so antew, sɛnea AWURADE nam Elia so kae no.

17 Na nsɛm yi akyi no, ɔbea fiwura no babarima yaree, na ne yare no mu yɛɛ den pii kosii sɛ ahome biara anka no mu.

18 Na ɔbea no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Wo Onyankopɔn nipa, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Wobaa me nkyɛn sɛ worebɛma wɔakae me bɔne na wɔakum me ba!

19 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa wo ba no brɛ me! Na ogyee no fii ne kokom de no kɔɔ abansoro pia a ɔte mu no mu, na ɔde no kɔtoo ne mpa so.

20 Na ɔteɛɛm frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE me Nyankopɔn, ɔbea kunafo yi nso a mabɛsoɛ ne nkyɛn yi, wode mmusu reba no so sɛ worekum ne ba yi?

21 Na ɔteɛɛ ne mu butuw abofra no so mprɛnsa, na ɔteɛɛm frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE me Nyankopɔn, ma abofra yi kra nsan mmra no mu.

22 Na AWURADE tiee Elia nne, na abofra no kra san baa no mu, na onyaa nkwa.

23 Na Elia faa abofra no de no sian fii abansoro pia mu baa ɔdan no mu, na ɔde no brɛɛ ne na, na Elia se: Hwɛ, wo ba no anya nkwa.

24 Na ɔbea no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Afei na mahu sɛ Onyankopɔn nipa ne wo, na AWURADE asɛm a ɛwɔ w'anom no yɛ nokware.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan