Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Ahene 16 - KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE asɛm baa Hanani ba Yehu nkyɛn tiaa Baasa sɛ:

2 Esiane sɛ mama wo so afi mfutuma mu, na masi wo me man Israel so panyin, na woafa Yeroboam kwan so, na woama me man Israel ayɛ bɔne ma wɔde wɔn bɔne ahuru me bo yi nti,

3 hwɛ, merepra Baasa ne ne fi akɔ, na mɛyɛ wo fi sɛ Nebat ba Yeroboam fi.

4 Baasani a obewu kurow mu no, akraman na ebedi ne nam, na ne ni a obewu wuram no, wim nnomaa na ebedi ne nam.

5 Na Baasa ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe ne ne mmaninne, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu?

6 Na Baasa wui, na wosiee no Tirsa. Na ne ba Ela bedii n’ade.

7 Nanso AWURADE asɛm nam Hanani ba odiyifo Yehu so bae hyɛɛ Baasa ne ne fi, bɔne a ɔyɛe AWURADE ani so nyinaa, sɛ ɔde ne nsa ano adwuma yɛe sɛ Yeroboam fi de huruu ne bo, ne okum a okum no nti.


Ɔhene Ela di Israel so hene

8 Yuda hene Asa afe a ɛto so aduonu asia so na Baasa ba Ela bedii hene Tirsa mfe abien.

9 Na n’akoa Simri, ne nteaseɛnam fa so safohene, tew ne so atua; na ɔwɔ Tirsa anom nsa abow wɔ Arsa a odi ahemfi a ɛwɔ Tirsa no so no fi.

10 Na Simri kɔɔ mu kɔbɔɔ no kum no, Yuda hene Asa afe a ɛto so aduonu ason so, na odii n’ade.

11 Na obedii hene, na ɔtenaa ahengua so ara pɛ no, okum Basa fi nyinaa, obusuani oo, adamfo oo, wannyaw ɔbarima biara amma no.

12 Na Simri sɛee Baasa fi nyinaa sɛnea AWURADE nam odiyifo Yehu so ka kyerɛɛ Baasa no,

13 Baasa bɔne nyinaa ne ne ba Ela bɔne a wɔyeyɛe na wɔde maa Israel yɛɛ bɔne sɛ wɔde wɔn ahuhude huruu AWURADE, Israel Nyankopɔn, bo no nti.

14 Na Ela ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu?


Ɔhene Simri di Israel so hene

15 Yuda hene Asa afe a ɛto so aduonu ason so na Simri bedii hene nnansɔn Tirsa. Na ɔman no abɔ Filistifo kurow Gibeton ho nsra.

16 Na aman a wɔwɔ nsram no tee sɛ Simri atew atua akum ɔhene no, Israel nyinaa de ɔsahene Omri sii Israel so hene da no ara nsra no mu.

17 Na Omri fi Gibeton foro bae, na Israel nyinaa ka ne ho, na wobetuaa Tirsa.

18 Na Simri hui sɛ wɔagye kurow no no, ɔkɔɔ ahemfi aban no mu, na ɔde ogya hyew ahemfi no guu ne ho so, na owui,

19 ne bɔne a ɔyɛe, de tiaa AWURADE, sɛ ɔnantew Yeroboam akwan so, ne nea ɔmaa ɔman Israel nso yɛe no nti.

20 Na Simri ho nsɛm nkae ne n’apam a ɔkɔe no, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu?

21 Ɛno na Israel man mu paepaee afaafa abien. Ɔman no fa dii Ginat ba Tibni akyi sɛ wobesi no hene, na ɔfa nso dii Omri akyi.

22 Na ɔman a wodii Omri akyi no yɛ den sen ɔman a wodii Ginat ba Tibni akyi, na wokum Tibni, na Omri dii hene.


Ɔhene Omri di Israel so hene

23 Yuda hene Asa afe a ɛto so aduasa biako so na Omri bedii Israel so hene mfe dumien. Odii hene Tirsa mfe asia.

24 Na ɔkɔtɔɔ Samaria bepɔw, Semer hɔ, maa dwetɛ dwetikɛse abien, na ɔkyekyee bepɔw no so kurow, na ɔde bepɔw no wura Semer din too kurow a ɔkyekyee no din Samaria.

25 Na Omri yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔyɛɛ bɔne sen wɔn a wodii n’anim nyinaa.

26 Na ɔfaa Nebat ba Yeroboam akwan nyinaa ne ne bɔne a ɔmaa Israel yɛe no so, sɛ wɔde wɔn ahuhude behuru AWURADE, Israel Nyankopɔn, no bo.

27 Na Omri ho nsɛm nkae, nea ɔyɛe ne mmaninne a ɔyɛe no, wɔakyerɛw no Israel ahemfo beresosɛm nhoma no mu?

28 Na Omri wui, na wosiee no Samaria. Na ne ba Ahab bedii n’ade.


Ɔhene Ahab di Israel so hene

29 Na Omri ba Ahab bedii Israel so hene, Yuda hene Asa afe a ɛto so aduasa awotwe so. Ahab dii Israel so hene Samaria mfirihyia aduonu abien.

30 Ahab yɛɛ AWURADE ani so bɔne sen wɔn a wodii n’anim nyinaa.

31 Na wammu no hwee sɛ ɔbɛnantew Nebat ba Yeroboam bɔne mu, na ɔkɔfaa Sidonfo hene Etbaal babea Yesebel waree, na ɔkɔe kɔsom Baal na ɔsɔree no.

32 Na osii afɔremuka maa Baal wɔ Baal fi wɔ Samaria.

33 Na Ahab yɛɛ Asera nnua, na ɔyɛɛ nneɛma pii kaa ho huruu AWURADE, Israel Nyankopɔn, bo sen Israel ahene a wodii n’anim nyinaa.

34 Ne bere so na Betelni Hiel kyekyee Yeriko; n’abakan Abiram wui bere a ɔtoo fapem, na ne ba kumaa Segub nso wui bere a osisii ano apon no, sɛ AWURADE asɛm a ɔnam Nun ba Yosua so kae no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan