1 Ahene 14 - KYERƐW KRONKRONYeroboam ho nkɔmhyɛ 1 Ɛbere no mu no, Yeroboam ba Abigya yaree. 2 Na Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Sɔre sakra wo ho, na wɔanhu sɛ wone Yeroboam yere, na kɔ Silo; hwɛ, ɛhɔ na odiyifo Ahia wɔ: Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ medi ɔman yi so hene. 3 Na fa abodoo du ne tetare ne ɛwo toa kura wo nsam, na kɔ ne nkyɛn: Ɔno na ɔbɛka wo nea ɛbɛyɛ abofra yi. 4 Na Yeroboam yere no yɛɛ saa, na osiim kɔɔ Silo, na oduu Ahia fi. Nso Ahia nhu ade, na akorabɔ nti n’aniwa agyen. 5 Na AWURADE ka kyerɛɛ Ahia sɛ: Hwɛ, Yeroboam yere reba abebisa wo hɔ asɛm, ne ba ho, efisɛ ne ba no yare. Sɛɛ ne sɛɛ na ka kyerɛ no. Efisɛ sɛ ɔba a, ɔbɛsakra ne ho ayɛ sɛ obi foforo. 6 Na Ahia tee ne nan ase sɛ ɔreba ɔpon ano no, ɔkae sɛ: Yeroboam yere, bra! Adɛn nti na woasakra wo ho ayɛ sɛ onipa foforo yi? Na me de, wɔde asɛnnennen asoma me wo nkyɛn. 7 Kɔka kyerɛ Yeroboam sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Esiane sɛ memaa wo so wo man no mu na misii wo me man Israel so panyin, 8 na metew ahenni no fii Dawid fi mede memaa wo, nanso woanyɛ sɛ m’akoa Dawid a odii me mmara nsɛm so na ɔde ne koma nyinaa dii m’akyi sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ m’ani so no nko, 9 na woayɛ bɔne asen wɔn a wodii w’anim nyinaa, na woakɔ akɔyɛ anyame foforo ne ahoni a wɔagu sɛ wode rehuru me bo, na woatow me akyene w’akyi nti, 10 hwɛ, mede bɔne bɛba Yeroboam fi so, na matwa Yeroboam fi barima biara ne Israel mu akoa ne ɔdehye, na mapra madi Yeroboam fi akyi sɛnea obi pra fi kosi sɛ ɛsa. 11 Yeroboamni a obewu kurow mu no, akraman na ebedi ne nam, na nea obewu wuram no, wim nnomaa na ebedi ne nam, AWURADE na aka. 12 Na wo de, sɔre kɔ wo fi; na wo nan si kurow no mu ara pɛ a, abofra no bewu. 13 Na Israel nyinaa begyam no na wɔasie no, na ɔno nko ne Yeroboam de a ɔbɛkɔ ɔda mu, efisɛ ɔno mu na wɔahu adepa bi AWURADE Israel Nyankopɔn fam, Yeroboam fi. 14 Na AWURADE bɛma ɔhene so Israel so a ɔbɛsɛe Yeroboam fi. Ɛda no ni! Na dɛn na aba yi? 15 Na AWURADE bɛbɔ Israel sɛnea demmire wosow nsu mu, na watutu Israel afi asase pa a ɔde maa wɔn agyanom yi so, na wabɔ wɔn apete akɔ asuogya, esiane sɛ wɔayɛ wɔn Asera nnua de ahuru AWURADE bo. 16 Na Yeroboam bɔne a ɔyɛe na ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no nti, obegyaa Israel mu ama. 17 Na Yeroboam yere no sɔre siim kɔɔ Tirsa; na oduu ɔdan no apongua ase de so no, abofra no wui. 18 Na wosiee no, na Israel nyinaa gyam no, sɛ AWURADE asɛm a ɔnam n’akoa odiyifo Ahia so kae no te no. 19 Na Yeroboam ho nsɛm nkae, sɛnea odii ako ne sɛnea odii ne hene fae no, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu. 20 Na nna a Yeroboam de dii hene si mfe aduonu abien; na otiw n’agyanom kɔɔ asaman, na ne ba Nadab bedii n’ade. Rehoboam di Yuda so hene ( 2 Berɛsosɛm 11.5—12.15 ) 21 Solomon ba Rehoboam dii hene Yuda no, na wadi mfirihyia aduanan biako na odii hene mfirihyia dunsɔn, Yerusalem, kurow a AWURADE fa fii Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no mu. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni. 22 Na Yuda yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔde ninkuntwe hyɛɛ no sen nea wɔn agyanom de wɔn bɔne a wɔyɛe no hyɛɛ no no. 23 Na wɔn nso yeyɛɛ sorɔnsorɔmmea ne adum ne Asera nnua, nkoko sorɔnsorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase. 24 Na mmarima nguaman nso wɔ asase no so; wɔyɛe sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn fii Israelfo anim no akyide nyinaa te. 25 Na ɔhene Rehoboam afe a ɛto so anum so no, Misraim hene Sisak foro baa Yerusalem so. 26 Na ɔfaa AWURADE fi akorade ne ahemfi akorade, nyinaa kɔe; na ɔfaa sika akyɛm a Solomon yɛe no nyinaa nso. 27 Na ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm sisii ananmu, na ɔde hyɛɛ ammirikatufo a wɔhwɛ ahemfi pon ano no so asafohene nsa. 28 Na da biara a ɔhene rekɔ AWURADE fi no, ammirikatufo no kurakura, na wɔde san besie ammirikatufo pia mu. 29 Na Rehoboam ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe no nyinaa, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu? 30 Na dɔmdi daa Rehoboam ne Yeroboam ntam daa. 31 Na Rehoboam tiw n’agyanom kɔɔ asaman, na wosiee no n’agyanom nkyɛn, Dawid kurow mu. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni. Na ne ba Abiam bedii n’ade. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana