Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Ahene 13 - KYERƐW KRONKRON


Odiyifo bi a ɔkasa tia Betel

1 Na hwɛ, Onyankopɔn nipa bi fi Yuda nam AWURADE asɛm so baa Betel, na Yeroboam gyina afɔremuka no ho rebɛhyew aduhuam.

2 Na ɔnam AWURADE asɛm so teɛɛm hyɛɛ afɔremuka no sɛ: Afɔremuka, afɔremuka, sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, wɔbɛwo ɔba ama Dawid fi a ne din de Yosia, na wo so na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfo a wɔhyew wo so aduhuam no bɛbɔ afɔre, na wahyew nnipa nnompe wɔ wo so.

3 Na ɔmaa sɛnkyerɛnne da no ara sɛ: Eyi ne sɛnkyerɛnne sɛ AWURADE na aka, hwɛ, afɔremuka no bɛpae, na nso a ɛwɔ so no ahwie agu.

4 Na ɔhene tee Onyankopɔn nipa no asɛm a ɔteɛɛm hyɛɛ afɔremuka a ɛwɔ Betel no, Yeroboam teɛɛ ne nsa fii afɔremuka no so kae sɛ: Monkyere no. Na ne nsa a ɔteɛe no so no senee kyenkyenenn, na wantumi anka anto ne ho.

5 Na afɔremuka no paee, na nso no fii afɔremuka no so gui sɛ sɛnkyerɛnne a Onyankopɔn nipa no de AWURADE asɛm kae no te no.

6 Ɛnna ɔhene bua ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no sɛ: Afei pa AWURADE wo Nyankopɔn kyɛw na srɛ ma me, na me nsa yi nyɛ yiye mma me! Na Onyankopɔn nipa no paa AWURADE kyɛw, na ɔhene nsa no yɛɛ yiye maa no, na ɛyɛe sɛ kan no.

7 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no sɛ: Wo ne me nkɔ ofie, na kodwudwo wo ho, na mɛkyɛ wo ade.

8 Na Onyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Sɛ wode wo fi fa bɛma me po a, me ne wo renkɔ, na merennidi na merennom wɔ ha,

9 efisɛ wɔde AWURADE asɛm hyɛɛ me sɛ: Nnidi na nnom, na nsan mfa ɔkwan a wonam so kɔe no so.

10 Na ɔfaa ɔkwan foforo so, na wansan amfa ɔkwan a ɔnam so kɔɔ Betel no so.

11 Nso odiyifo akwakoraa bi te Betel; na ne ba kɔbɔɔ no nea Onyankopɔn nipa no bɛyɛe Betel da no nyinaa; nsɛm a ɔka kyerɛɛ ɔhene no nso, wɔkɔka kyerɛɛ wɔn agya.

12 Na wɔn agya no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔkwan bɛn so na ɔfae? Na ne mma no huu ɔkwan a Onyankopɔn nipa a ofi Yuda bae no faa so.

13 Na ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: Monhyehyɛ afurum no mma me! Na wɔhyehyɛɛ afurum no maa no, na ɔtenaa no so,

14 na osiim tiw Onyankopɔn nipa no, na ɔkɔtoo no sɛ ɔte odupɔn kɛse bi ase. Na obisaa no sɛ: Wone Onyankopɔn nipa a ofi Yuda bae no? Na obuae sɛ: Mene no.

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma yɛnkɔ ofie na kodidi.

16 Na ose: Merentumi ne wo nsan na me ne wo renkɔ, nso me ne wo rennidi nnom wɔ ha, efisɛ wɔde AWURADE asɛm hyɛɛ me sɛ:

17 Nnidi na nnom wɔ hɔ, nso nsan mfa ɔkwan a wonam so kɔe no so.

18 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nso meyɛ odiyifo sɛ wo, na ɔbɔfo bi de AWURADE asɛm aka akyerɛ me sɛ: Kɔsan no na ɔne wo mmra wo fi, na ommedidi na ɔnnom. Nanso atoro na odi kyerɛɛ no.

19 Ɛnna ɔne no sanee, na okodidii ne fi, na ɔnom nsu.

20 Na wɔte pon ho no, AWURADE asɛm baa odiyifo a ɔkɔsan no bae no nkyɛn,

21 na ɔteɛɛm kyerɛɛ Onyankopɔn nipa a ofi Yuda bae no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Sɛ woatew AWURADE anom asɛm ho atua na woanni mmara asɛm a AWURADE wo Nyankopɔn hyɛɛ wo no so,

22 na woasan abedidi na woanom nsu faako a wɔka kyerɛɛ wo sɛ: Nnidi na nnom nsu, no nti, wo funu renkɔ w’agyanom da mu.

23 Na odidii na ɔnom nsu wiei no, ɔhyehyɛɛ afurum no maa odiyifo a ɔkɔsan no bae no.

24 Na ɔrekɔ no, gyata behyiaa no ɔkwan no mu, na okum no, na ne funu no daa ɔkwan no mu, na afurum no gyina nkyɛn, na gyata no nso gyina funu no ho.

25 Na hwɛ, nnipa retwam, na wohuu funu a ɛda ɔkwan no mu ne gyata a ogyina funu no ho no. Na wɔkɔe kɔkae kurow a odiyifo akwakoraa no te mu no mu.

26 Na odiyifo a ɔkɔsan no fii ɔkwan no so no tee no, ɔkae sɛ: Onyankopɔn nipa a ɔtew AWURADE anom asɛm ho atua no ne no, na AWURADE de no ama gyata no ma watetew no akum no, sɛ AWURADE asɛm a ɔka kyerɛɛ no no te no.

27 Na ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ: Monhyehyɛ afurum no mma me. Na wɔhyehyɛɛ no.

28 Na ɔkɔe kohuu funu no sɛ ɛda ɔkwan no mu, na afurum no ne gyata no gyinagyina funu no ho; gyata no nnii funu no, na ɔntetew afurum no nso ɛ.

29 Na odiyifo no maa Onyankopɔn nipa no funu no so de too afurum no so de no sanee, na odiyifo akwakoraa no de no kɔɔ ne kurow mu, sɛ okogyam no na wasie no.

30 Na ɔde ne funu no too ne da mu, na wogyam no sɛ: Due, me nua!

31 Na owiee no sie no, ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ: Sɛ miwu a, munsie me ɔda a wɔasie Onyankopɔn nipa no wom no mu, momfa me nnompe ngu ne nnompe ho.

32 Na asɛm a ɔnam AWURADE asɛm so teɛɛm hyɛɛ afɔremuka a ɛwɔ Betel no ne sorɔnsorɔmmea afi a ɛwɔ Samaria nkurow mu no nyinaa, ɛbɛba mu ampa.

33 Asɛm yi akyi no Yeroboam ansan amfi ne kwammɔne so, na ɔsan faa ɔman no mu baabiara nnipa sisii sorɔnsorɔmmea asɔfo; obiara a ɔpɛ no, ɔde asɔfodi hyɛ ne nsa ma wɔyɛ sorɔnsorɔmmea asɔfo no bi.

34 Na asɛm yi dan Yeroboam fi bɔne a ɛma wɔdwerɛw wɔn na wɔsɛee wɔn fii asase ani.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan