1 Ahene 12 - KYERƐW KRONKRONAtifi mmusuakuw no atuatew ( 2 Berɛsosɛm 10.1-19 ) 1 Na Rehoboam siim kɔɔ Sekem; na Sekem ne Israel nyinaa aba sɛ wɔrebesi no hene. 2 Na Nebat ba Yeroboam tee no, na ɔno de, ɔda so wɔ Misraim a oguan fii ɔhene Solomon anim kɔɔ hɔ no, na ɔte Misraim, 3 na wɔsoma kohyiaa no bae, na Yeroboam ne Israel asafo nyinaa bae, na wɔbɛka kyerɛɛ Rehoboam sɛ: 4 W’agya maa yɛn kɔndua yɛɛ duru, na wo de, afei yi w’agya ɔsom dennen ne ne kɔndua duruduru a ɔde too yɛn so no so ma ɛnyɛ hare, na yɛnsom wo. 5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ na nnansa akyi monsan mmra me nkyɛn. Na ɔman no kɔe. 6 Na ɔhene Rehoboam ne mpanyimfo a n’agya Solomon da so te ase no, wɔyɛ n’afotufo no tuu agyina sɛ: Ɛfo bɛn na moretu me na mede mabua ɔman yi? 7 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ nnɛ woyɛ akoa ma ɔman yi na wosom wɔn na wubua wɔn na woka wɔn asɛmpa a, ɛnne wɔbɛyɛ wo nkoa nna nyinaa. 8 Na ogyaw mpanyimfo fo a wotuu no no, na ɔne mmerante a wɔne no nyinii a wɔyɛ n’afotufo no kotuu agyina, 9 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛfo bɛn na mo nso mutu, na yɛde abua ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Yi kɔndua a w’agya de too yɛn kɔn so no so ma ɛnyɛ hare, no? 10 Na mmerante a wɔne no nyinii no ka kyerɛɛ no sɛ: Ka kyerɛ ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ wo sɛ: W’agya maa yɛn kɔndua yɛɛ duru, na wo de, yɛ no hare ma yɛn, no, ka kyerɛ wɔn sɛ: Me nsatea kokɔbɛto so sen m’agya asen, 11 na afei, m’agya de kɔndua duruduru soaa mo, na me de, mɛto mo kɔndua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me de, mede abaa a wɔfrɛ nkekantwɛre na mɛhwe mo. 12 Na Yeroboam ne ɔman no nyinaa baa Rehoboam nkyɛn da a ɛto so abiɛsa no, sɛnea ɔhene kae sɛ: Da a ɛto so abiɛsa no, monsan mmra me nkyɛn, no. 13 Na ɔhene de asɛnnennen buaa ɔman no, na ogyaw mpanyimfo no fo a wotuu no no, 14 na ɔka kyerɛɛ wɔn, sɛnea mmofra no tuu no fo no, sɛ: M’agya maa mo kɔndua yɛɛ duru, na me de, mɛto mo kɔndua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me de, mede nkekantwɛre na mɛhwe mo. 15 Na ɔhene antie ɔman no, efisɛ AWURADE na ɔdan no saa, sɛ ɔbɛma n’asɛm a AWURADE nam Siloni Ahia so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no atim. 16 Na Israel nyinaa hui sɛ ɔhene antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene sɛ: Kyɛfa bɛn na yɛwɔ Dawid mu? Nanso yenni agyapade bi Yese ba no mu, monkokɔ mo afi mu, Israel, afei, Dawid, hwɛ w’ankasa wo fi. Ɛnna Israel siim kokɔɔ wɔn afi. 17 Na Israelfo a wɔtete Yuda nkurow mu no de, Rehoboam dii wɔn so hene. 18 Na ɔhene Rehoboam somaa Adoram a odi ɔhyɛ adwuma so no; na Israel nyinaa siw no abo ma ɔtɔe. Ɛnna ɔhene Rehoboam yɛɛ ntɛm sii teaseɛnam mu sɛ ɔreguan aba Yerusalem. 19 Na Israel wae fii Dawid fi ho de besi nnɛ. 20 Na Israel nyinaa tee sɛ Yeroboam asan aba no, wɔsoma kohyiaa no baa asafo no mu, na wosii no Israel nyinaa so hene; obiara nni hɔ a odii Dawid fi akyi sɛ Yuda abusuakuw nko. 21 Na Rehoboam duu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda fi nyinaa ne Benyamin abusuakuw ano, nnipa a wɔapaw wɔn a wotu sa ɔpeha aduɔwɔtwe sɛ ɔne Israel fi rekɔko, na wɔadan ahenni no ama Solomon ba Rehoboam. 22 Na Onyankopɔn asɛm baa Onyankopɔn nipa Semaia nkyɛn sɛ: 23 Ka kyerɛ Solomon ba Rehoboam, Yuda hene, ne Yuda ne Benyamin fi nyinaa ne ɔman no nkae sɛ: 24 Sɛ AWURADE se ni: Mommforo nnkɔ na mo ne mo nuanom Israelfo nnkɔko, monsan nkokɔ mo afi; na me na asɛm yi fi me. Na wotiee AWURADE asɛm no, na wɔsan kɔe, sɛ AWURADE asɛm no se no. Yeroboam abosonsom 25 Na Yeroboam kyekyeree Sekem, Efraim bepɔw so tenaa mu; na ofii hɔ kɔkyekyeree Penuel. 26 Na Yeroboam see ne koma mu sɛ: Afei na ahenni no bɛsan akɔ Dawid fi, 27 sɛ ɔman yi foro kɔbɔ afɔre AWURADE fi Yerusalem a, ɛnne ɔman yi koma bɛdan akɔ wɔn wura Rehoboam, Yuda hene, nkyɛn, na wɔakum me, na wɔasan akɔ Yuda hene Rehoboam nkyɛn. 28 Na ɔhene no tuu agyina, na ɔyɛɛ sika nantwi mma abien, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moaforo akɔ Yerusalem bi ara! Israel, hwɛ, wo anyame a ɔde wo fi Misraim bae ni. 29 Na ɔde biako kosii Betel na ɔde biako nso kosii Dan. 30 Na asɛm yi dan bɔne, efisɛ ɔman no kɔɔ biako yi anim, Dan, [ne biako no nso anim wɔ Betel]. 31 Na ɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea afi, na ɔde ɔman no mu nnipa hunu a womfi Lewifo mu sisii asɔfo. 32 Na Yeroboam hyɛɛ dapɔnna, ɔsram a ɛto so awotwe mu, ɔsram no da a ɛto so dunum so, sɛ dapɔnna a wodi Yuda no, na ɔbɔɔ afɔre afɔremuka no so. Saa na ɔyɛe Betel: Ɔbɔɔ afɔre maa nantwi mma a ɔyɛe no, na ɔde sorɔnsorɔmmea a ɔyɛe no asɔfo duaa Betel. 33 Na ɔbɔɔ afɔre afɔremuka a ɔyɛe Betel no so, ɔsram a ɛto so awotwe da a ɛto so dunum no so, ɔsram a ɔno nko bɔɔ ne tirim hyɛe no mu, na ɔhyɛɛ dapɔnna maa Israelfo no, na ɔbɔɔ afɔre afɔremuka no so, na ɔhyew aduhuam. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana