Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Ahene 10 - KYERƐW KRONKRON


Seba hemmaa nsrahwɛ

1 Na Seba hemmaa tee Solomon nka a ɛfa AWURADE din ho, na ɔbae sɛ ɔde mmebusɛm a emu dɔ rebɛsɔ no ahwɛ.

2 Na ɔne asafo yuu pa de yoma a wɔsoso nnuhuam ne sika bebree pa ne aboɔden abo baa Yerusalem; na oduu Solomon nkyɛn no, ɔne no bɔɔ nea ɛwɔ ne komam nyinaa ho nkɔmmɔ.

3 Na Solomon buaa no ne nsɛm nyinaa; asɛm biara anhintaw ɔhene a wanka ankyerɛ no.

4 Na Seba hemmaa no huu Solomon nyansa nyinaa ne ofi a wasi,

5 ne ne pon so nnuan ne ne nkoa atenae ne n’asomfo gyinabea ne wɔn ntade ne ne nsahyɛfo ne n’aforoe a ɔnam so kɔ AWURADE fi no, ne home tew no, na ɛyɛɛ no nwonwa.

6 Na ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Wo nsɛnnii ne wo nyansa ho asɛm a metee m’asase so no yɛ nokware;

7 na mannye nsɛm no manni de besii sɛ mebae, na mede m’aniwa mabehu yi; na hwɛ, wɔanka me emu fa po: Wo nyansa ne wo yiye sen nka a metee no.

8 Nhyira ne wo nnipa, nhyira ne wo nkoa yi a wogyinagyina w’anim daa yi te wo nyansa no.

9 Nhyira nka AWURADE wo Nyankopɔn a ɔpɛ w’asɛm na ɔde wo atena Israel ahengua so. Sɛ AWURADE dɔ Israel de rekosi daa nti, na wasi wo hene sɛ yɛ atemmude ne treneede.

10 Na ɔmaa ɔhene sika dwetikɛse ɔha aduonu, ne nnuhuam bebree pa ara, ne aboɔden abo; nnuhuam bebree saa bi amma bio, sɛnea Seba hemmaa de maa ɔhene Solomon no.

11 Nanso Hiram ahyɛnkuw a ɛde sika fi Ofir bae no de asamfono nnua bebree pa ne aboɔden abo bae.

12 Na ɔhene de asamfono nnua no yɛɛ AWURADE fi ne ɔhene fi aforoe ne asanku ne mmɛnta asanku maa nnwontofo no. Saa asamfono nnua yi bi amma bio, na wɔanhu bi bio de besi nnɛ.

13 Na ɔhene Solomon maa Seba hemmaa no n’ade a ɔpɛ a obisae nyinaa; ɛsono nea efi ɔhene Solomon nsam a ɔde maa no. Na ɔsan siim kɔɔ n’asase so, ɔno ne ne nkoa.


Solomon ahonyade ne n’anuonyam

14 Nso sika a ɛba Solomon nsam afe biako mu duru si sika dwetikɛse ahansia aduosia asia,

15 ɛsono nea efi aguadifo hɔ ne akwantemfo batadi mu ne nea efi Arabia ahemfo nyinaa ne asase no so amradofo no nsam.

16 Na Solomon de sika a wɔaboro yɛɛ akyɛm ahanu; sika nnwetɛbona ahansia na ɔde duraa akyɛm no mmiako mmiako ho;

17 na ɔde sika a wɔaboro yɛɛ akyɛm nkumaa ahasa; sika mmɛnnaa abiɛsa na ɔde duraa akyɛm no mmiako mmiako ho. Na ɔhene de kosiee Lebanon kwae dan no mu.

18 Na ɔhene yɛɛ asonse ahengua kokuroo, na ɔde sika amapa duraa ho.

19 Agua no wɔ ntrapoe asia, na agua no ti a ɛwɔ akyi yɛ kurukuruwa, na nsa wowɔ ha ne ha wɔ atenae no ho, na agyata abien gyinagyina nsa no ho;

20 na agyata dumien gyinagyina ntrapoe asia no so ha ne ha; wɔnyɛɛ saa bi da ahenni biara mu.

21 Na ɔhene Solomon nkuruwa a ɔnom mu nyinaa yɛ sika, na Lebanon kwae dan mu nneɛma nyinaa yɛ sika kronkron; dwetɛ nni mu: Wommu no hwee Solomon bere so.

22 Na ɔhene wɔ Tarsis ahyɛn ɛpo no so a ɛka Hiram ahyɛn ho; mfe abiɛsa biara mu, Tarsis ahyɛn no ba pɛnkoro de sika ne dwetɛ, asonse ne nkyeneboa ne koohaa ba.

23 Na ɔhene Solomon soe sen asase so ahene nyinaa, ade dodow ne nyansa fam.

24 Na asase nyinaa hwehwɛɛ Solomon anim ahu, sɛ wobetie ne nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ ne koma mu no.

25 Na wɔde wɔn ayɛyɛde ba mmiako mmiako, dwetɛ nneɛma ne sika nneɛma ne ntade ne akode ne nnuhuam, apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ, afe biara ne ne de.

26 Na Solomon boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo ano, na onyaa nteaseɛnam apem ne ahanan ne apɔnkɔsotefo mpem dumien, na ɔde wɔn duaduaa nteaseɛnam nkurow mu ne ɔhene nkyɛn Yerusalem.

27 Na ɔhene maa dwetɛ yɛe sɛ abo wɔ Yerusalem, ne nkyeneduru nso sɛ ankye nnua a ɛwɔ asasetaw so.

28 Na Solomon wɔ apɔnkɔ a wofi Misraim ne Kue, ɔhene aguadifo asafo kɔtotɔ apɔnkɔkuw, sɛ wɔn bo te, de ba.

29 Na wɔde teaseɛnam fi Misraim ba a ne bo yɛ dwetɛ nnwetɛbona ahansia, ne ɔpɔnkɔ nso, ɔha aduonum; na saa ara na aguadifo de bi brɛ Hetifo ahemfo nyinaa ne Siria ahemfo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan