Yuda 1 - Apam FoforɔNkyea 1 Yesu Kristo akoa Yuda a ɔyɛ Yakobo nua twerɛ krataa yi de kɔma bɛ a bɛafrɛ bɛ a Agya Nyankopɔn dɔ bɛ na bɛakora bɛ ama Yesu Kristo he. 2 Mmɔborɔhunu, asomdwie ne dɔ nnɔɔso mma ho. Kristofoɔ gyidie ho pere 3 Adɔfonom, berɛ a meebɔ mmɔdene atwerɛ ho afa nkwagyeɛ a yɛ nyinaa te mu he ho he, mehuu sɛ ohia sɛ metwerɛ de fa hia ohia sɛ hoyere ho ho gyina gyidie a Nyankopɔn de ahyɛ ahoteefoɔ nsa prɛko he ho. 4 Na nnipa bi awiawia bɛ ho aba mu a befiri tete atwerɛ bɛ ho asɛm ato hɔ ama saa atemmuo yi, amumuyɔfoɔ a bɛde akohwibra bu Nyankopɔn adom he animtia, na bɛpo Owura korɔ a ɔne Awurade Yesu Kristo he. Torɔ akyerɛkyerɛfoɔ atemmuo 5 Ɔyɛ nɔkorɛ sɛ honim yei dada, nso mepɛ sɛ mekae ho adwene fa gyeɛ a Awurade gyee Israelfoɔ firii Misraim asaase so prɛko na akyire yi he, ɔsɛee bɛ a bɛannye asɛm he anni he. 6 Na abɔfoɔ a bɛtraa bɛ tumi, na begyaa bɛ atenaeɛ he, bɛde daa nkɔnsɔnkɔnsɔn agugu bɛ ya sum kabii mu a Nyankopɔn de bɛ asie ɔɔtwɛne da kɛseɛ he atemmuo. 7 Saa ara ne Sodom ne Gomora ne nkuro a atwa bɛ ho ahyia a bɛyɔɔ sɛ yeinom, de bɛ ho maa adwamammɔfoɔ, na bekodii honam akɔnnɔ akyi a na ɔnyɛ ne kwane so, na bɛde daa gya twee bɛ aso de ayɔ nsɛnnahɔ ama yɛ. 8 Saa nnipa he nam saa kwane korɔ heaa so sosoo daeɛ ma bɛyɔɔ bɔne tiaa bɛ nipadua. Bemmu tumidie, na bɛkasa tiaa animuonyamfoɔ. 9 Nso berɛ a bɔfo-panyini Mikael ne bronsam ɔɔpere Mose amu so a akasakasaa sii bɛ ntam he mpo, bɔfoɔ Mikael anyɔ n’adwene sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛne, na mmom asɛm a ɔkaeɛaa ne sɛ, “Awurade nka w’anim!” 10 Nso saa nnipa yi ka nea bennim he ho nsɛmmɔne, na deɛ befiri bɛ nnipa su mu nim sɛ mmoa a benni adwene he nso nim he, ɔno mu ne begu bɛ ho fi. 11 Mmusuo nka bɛ! Efiri sɛ, kwane a Kain faa so heaa so ne bɛnam, na mfasoɔ nti, bɛde bɛ ho ahyɛ mfomsoɔ a Bileam yɔeɛ he bi ase. Bɛayɔ dɔm sɛnea Kora yɔɔ dɔm he nam so ma bɛasɛe bɛ sɛ ɔno. 12 Yeinom yɛ ho dɔ adidie mu nkekaeɛ, bɛne ho bom oodidi, bɛmfɛre adeɛ, bɛyɛne bɛ ho; bɛte sɛ mununkum a nsuo nni mu a mframa twetwe kyinkyini, anaa nnua a so nhahane apere a onni aba, na awu mprenu a ne nhini atutu. 13 Bɛ aniwuo da adi te sɛ po asorɔkye a opu ahuro fi gu, bɛte sɛ nsoromma a okyinkyini a Nyankopɔn de bɛ asie sum kabii mu afebɔɔ. 14 Yeinom ho ne Henok nso a ɔtɔ Adam so nson awoɔ ntoatoasoɔ mu hyɛɛ saa nnipa yi ho nkɔm teteete sɛ, “Hwɛ, Awurade ne n’abɔfoɔ kronkron mpempem bɛba, 15 na bɛabebu ho nyinaa atɛne na bɛabu nnebɔnyɛfoɔ nyinaa atɛne bɛ bɔne a bɛayɔ ne nsɛm a ano ɔdene a bɛaka atia Nyankopɔn he ho.” 16 Yeinom yɛ anwiinwiifoɔ, yɔnaafoɔ a bedi bɛaa bɛ akɔnnɔ akyi, na bɛyɛ anumdwafoɔ a mfasoɔ nti, bɛdɛfɛdɛfɛ nnipa. Kɔkɔbɔ ne afutuo ahodoɔ 17 Adɔfonom, honkae nsɛm a tete he asomafoɔ he ka too hɔ faa Awurade Yesu Kristo ho, 18 bɛkaa sɛ, “Sɛ awieeɛ he duru a, fɛwdifoɔ bɛba a, bebedi bɛaa bɛ amumuyɔ akɔnnɔ akyi.” 19 Yeinom ne nnipa a bɛnam bɛ akɔnnɔ so de mpaepaemu ba he. Na benni Honhom he. 20 Nti adɔfonom, metu ho fo sɛ, honkɔ so nyini ho gyidie kronkron mu, hommɔ mpaeɛ Honhom Kronkron he tumi mu, 21 na honkɔ so ntena Nyankopɔn dɔ mu berɛ a hootwɛne yɛ Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu mu ama wama ho nkwa a onni awieeɛ he. 22 Na akyinnyegyefoɔ nso, honhu bɛ mmɔbɔ 23 berɛ a hoontwe bɛ afiri gya mu agye bɛ nkwa, homfa suro nhu binom mmɔbɔ, na hontane nipasu a ɔte sɛ ataadeɛ a nkekaeɛ akeka mu he nso. Nhyira nsɛm 24 Na nea obetumi asɔ ho mu na hoansonti, na ɔde ho asi n’animuonyam anim sɛ nnipa a benni dɛm ahosane mu he, 25 Nyankopɔn koro a ɔnam yɛ Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛ Agyenkwa he, ɔno ne animuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔdene ne tumi nka no mmerɛ santene, seesei ne daa nyinaa. Amen. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana