Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yohane 9 - Apam Foforɔ


Beema bi a bɛwoo no anifira mu nyaa n’ayaresa

1 Na afei Yesu ootwam baabi he, ohuu beema bi a bɛwoo no he na n’ani afira.

2 N’asuafoɔ he bisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, hwane ne yɔɔ bɔne, beema yi anaa n’awofoɔ, sɛ bɛwoo no a na n’ani afira yi?”

3 Yesu buaa sɛ, “Ɔnyɛ beema yi anaa n’awofoɔ ne yɔɔ bɔne, na mmom bɛwoo no anifra mu senea ɔbɛyɛ a Nyankopɔn nnwuma bɛda adi ne mu.

4 Adekyeɛ ya hɔ yi ɔsɛ sɛ yɛyɔ nea ɔsomaa yɛ he nnwuma; anadwo ɔɔba a biaa ntumi nnyɔ adwuma.

5 Berɛ a meya wiase yi, mene wiase hann.”

6 Ɔkaa saa he, ɔtoo ntasuo too fam, na ɔde ntasuo he fraa nnɛteɛ, na ɔde nnɛteɛ he faa nifirani he ani so.

7 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔhohoro so ya tadeɛ Siloa (asekyerɛ ne nea bɛasoma no) mu.” Na ɔkɔhohoroo so, na ɔbaeɛ he na ohu adeɛ.

8 Ne mpɔtamufoɔ ne bɛ a na benim no sɛ na ɔyɛ srɛsrɛfoɔ he kaa sɛ, “Ɔnyɛ beema a na ɔte hɔ srɛsrɛ adeɛ he di?”

9 Afei binom kaa sɛ, “Ɔyɛ ɔno a.” Na binom nso kaa sɛ, “Ɔsɛ no.” Na ɔnoaa deɛ, ɔkaa sɛ, “Ɔyɛ me a.”

10 Na bebisaa no sɛ: Ɔyɛɛ dɛ ne w’ani abie yi?

11 Obuaa sɛ, “Nipa bi a bɛfrɛ no Yesu ne potɔɔ nnɛteɛ de sraa m’ani so, na ɔka kyerɛ me sɛ, ‘Kɔ tadeɛ Siloa mu kɔ hohoro so.’ Na mekɔ hohoroo so he, mehuu adeɛ.”

12 Na bebisaa no sɛ, “Ɔya he?” Na ɔkaa sɛ, “Mennim.”


Farisifoɔ he hwehwɛɛ Ayaresa he mu

13 Bɛde nea nka ɔyɛ nifirani he kɔɔ Farisifoɔ nkyɛne.

14 Na nea na ɔteɛ ne sɛ, na saa da a Yesu potɔɔ nnɛteɛ de biee n’ani he yɛ homeda.

15 Na Farisifoɔ he nso bisaa no bio sɛnea ɔyɔeɛ a ohuu adeɛ. Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nnɛteɛ ne ɔde sraa m’ani so a, mekɔ hohoroo so a, mehuu adeɛ yi.”

16 Na Farisifoɔ he mu bi kaa sɛ, “Nipa yi mfiri Nyankopɔn nkyɛne, efiri sɛ onni homeda.” Nso binom bisaa sɛ, “Ɔbɛyɛ dɛ na nipa debɔneyɛni atumi ayɔ nsɛnkyerɛnne a ɔte sɛ yi?” Afei mpaepaemu baa bɛ mu.

17 Nti bɛsane bisaa nea na ɔyɛ nifirani he sɛ, “Wone wabie w’ani, na wo nso mmɛ ne wowɔ ka fa ne ho?” Ɔkaa sɛ, “Ɔyɛ diyifoɔ.”

18 Nso na Yudafoɔ he nnye ne ho nsɛm he nni, sɛ na nka ɔyɛ nifirani na seesei ohu adeɛ, kosii sɛ bɛfrɛɛ deɛ ohuu adeɛ he awofoɔ,

19 na bebisaa bɛ sɛ, “Ho ba a hoka sɛ howoo no nifirani he di? Afei ɔyɛɛ dɛ ne ohuu adeɛ yi?”

20 N’awofoɔ he ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yenim sɛ yɛba di, na yɛwoo no nifirani;

21 na sɛnea ɔyɔeɛ a ohuu adeɛ yi deɛ yennim. Afei nso nipa korɔ a obiee n’ani he, yɛdeɛ, yennim no; waanyini, hommisa no, na ɔno ankasa betumi ayi ano.”

22 Deɛ nti a n’awofoɔ kaa saa ne sɛ, na besuro Yudafoɔ he; efiri sɛ, na Yudafoɔ he apam dada sɛ, sɛ bi paem ka sɛ Yesu ne Kristo he a, bebetu no afiri hyiadane he mu.

23 Yei ne maa n’awofoɔ kaa sɛ, “Wɔanyini hommisa no.”

24 Na bɛfrɛɛ nipa a na nka ɔyɛ nifirani he ne mprenu so ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa animuonyam ma Nyankopɔn! Yɛ deɛ, yenim sɛ nipa yi yɛ debɔnyɛni.”

25 Na ɔkaa sɛ, “Sɛ ɔyɛ debɔnyɛni a, mennim; adeɛ baako pɛ ne menim, na nka meyɛ nifirani, na afei deɛ maahu adeɛ.”

26 Na bebisaa no sɛ: Mmɛ ne ɔyɔ maa wo? Obiee w’ani he sɛ?

27 Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Maaka akyerɛ ho dada, na hoantie? Ɛɛne ne hopɛ sɛ hote bio? Ho nso hopɛ sɛ hoyɛ n’asuafoɔ anaa?”

28 Bɛyeyaa no, na bɛkaa sɛ, “Wone woyɛ ne suani; na yɛ deɛ, yɛyɛ Mose asuafoɔ.”

29 Yenim sɛ Nyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose; na yei deɛ, yennim baabi a ofiri.

30 Beema he buaa sɛ, “Yei ne ɔnwanwa he, sɛ honnim faako a ofiri, nso wabie m’ani.

31 Yenim sɛ Nyankopɔn ntie abɔnefoɔ, na otie bɛ a bɛsom no ne bedi n’apɛdeɛ so.

32 Ofiri tete de besi nnɛ yɛntee sɛ bi abie bi a bɛwoo no nifirani ani da.

33 Sɛ beema yi mfiri Nyankopɔn hɔ a, nka ontumi nyɔ hwee.”

34 Bebuaa no sɛ, “Wo a bɔne mu ne bɛwoo wo yi ne wookyerɛkyerɛ yɛ yi?” Na bɛpamoo no firi hɔ.


Honhom mu Anifira

35 Yesu tee sɛ bɛapam no, na ohuu no he, obisaa no sɛ, “Wogye Nipa Ba he di?”

36 Obuaa sɛ, “Owura, ɔno ne hwane? Ka kyerɛ me na mennye no nni.”

37 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woahu no, na ɔnoaa ne ɔne wo ɔɔkasa yi.”

38 Ɔkaa sɛ, “Awurade, megye no di.” Na ɔsɔree no.

39 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Atemmuo nti ne mebaa wiase, na bɛ a benhu adeɛ he ahu adeɛ, na bɛ a behu adeɛ he bɛadane anifirafoɔ.”

40 Na Farisifoɔ he mu bi a na bɛ ne no ya hɔ tee asɛm yi, na bebisaa no sɛ, “Yɛ nso yɛyɛ anifirafoɔ anaa?”

41 Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ honyɛ anifirafoɔ a nka bɔne nni ho ho. Na afei ho dɛ, ‘Yehu adeɛ.’ Ho bɔne he aka hɔ.”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan