Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yohane 7 - Apam Foforɔ


Yesu nuanom annyeannie

1 Yei akyi he, Yesu kɔɔ Galilea. Na ɔmpɛ sɛ ɔbɛkɔ Yudea efiri sɛ na Yudafoɔ he ɔɔhwehwɛ kwane bi afa so aku no.

2 Afei na Yudafoɔ Apata Afahyɛ he abɛne.

3 Nti ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ, “Firi ha kɔ Yudea sɛ ɔbɛyɛ na w’asuafoɔ he nso behu nnwuma a wooyɔ,

4 efiri sɛ biaa a ɔpɛ sɛ nnipa bebree behu no he nni dwuma kokoam. Sɛ hoyɔ saa nnoɔma yi a, homfa ho ho nkyerɛ wiase.”

5 (Na ne nua mmeemanom mpo nnye no nni.)

6 Nti Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Me berɛ nnuruiɛ, na ho deɛ, berɛ biaa yɛ ma ho.

7 Wiase nni nnyinasoɔ biaa de tane ho, na me deɛ ɔtane me, efiri sɛ medi ne ho adanseɛ sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.

8 Honkɔ afahyɛ he ase, me deɛ mennya nkɔɔ afahyɛ yi ase, efiri sɛ berɛ he nnuruiɛ.”

9 Na ɔkaa yeinom wieeɛ he, ɔtenaa Galilea.


Yesu kɔɔ afahyɛ he ase

10 Na ne nuammeemanom kɔɔ afahyɛ he ase he, ɔno nso kɔeɛ a wannyi ne ho adi na mmom ɔde ne ho sieeɛ.

11 Na Yudafoɔ ɔɔhwehwɛ no afahyɛ he ase; na bebisaa sɛ, “Ɔya he?”

12 Na bɛyɛɛ ne ho huhuhuhu pii nnipadɔm he mu. Binom kaa sɛ. “Ɔyɛ nipa pa.” Binom nso kaa sɛ, “Daabi, ɔɔdaadaa nkurofoɔ he.”

13 Nso, Yudafoɔ he ho hu nti, biaa anyi n’anim anka ne ho asɛm.

14 Afei berɛ a afahyɛ he duruu mfimfini he, Yesu kɔɔ asɔredane he mu, na ofirii aseɛ kyerɛkyerɛeɛ.

15 Na yei yɛɛ Yudafoɔ he nwanwa ma bɛkaa sɛ, “Ɔyɛɛ dɛ ne nipa a onsuaa nwoma biaa yi nim nwoma saa?”

16 Na Yesu buaa bɛ sɛ, “Nea me kyerɛkyerɛ he nyɛ me dea, na mmom ɔyɛ nea ɔsomaa me he dea.”

17 Sɛ bi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛdeɛ a, obehu sɛ nkyerɛkyerɛ he firi Nyankopɔn hɔ anaa m’ankasa ne mebɔ me tim kasa.

18 Bɛ a bɛbɔ betim kasa he hwehwɛ bɛ ankasa bɛ animuonyam; na nea ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no he animuonyam he yɛ nɔkwafoɔ a nea ɔntene biaa nni ne mu.

19 “Ɔnyɛ Mose ne maa ho mmara he? Nso ho mu baako mpo nni mmara he so. Ɛɛne nti ne hoopɛ kwane afa so aku me?”

20 Nnipa he buaa sɛ, “Wowɔ honhommɔne; hwane ne ɔɔhwehwɛ wo aku wo?”

21 Yesu buaa bɛ sɛ, “Maayɔ adwuma baako, na yei yɛ ho nyinaa nwanwa.

22 Mose maa ho twetiatwa (ɔnyɛ sɛ ofiri Mose hɔ, na mmom ofiri agyanom hɔ), na ho twa nipa twetia homeda.

23 Sɛ hotumi twa nipa twetia homeda sɛ ɔbɛyɛ a ɔnto Mose mmara he a, ɛɛne nti ne ho bo afu me sɛ mama bi ho ayɛ ne dene homeda?

24 Hommfa nea hohu mmmu atɛne, na hommu atɛntenenee.”


Kristo he di?

25 Afei Yerusalemfoɔ he binom kaa sɛ, “Ɔnyɛ beema yi ne bɛɛpɛ no aku no yi?

26 Nso, hwɛ ɔɔkasa peteem, nso bɛnka hwee nkyerɛ no. Nti mpanyimfoɔ he ahu sɛ ɔno ne Kristo he anaa?

27 Yei deɛ yenim nea ofiri, nso Kristo he deɛ sɛ ɔba a, biaa onhu baabi a ofiri.”

28 Nti berɛ a Yesu ɔɔkyerɛkyerɛ asɔredane mu hɔ he, ɔteaam sɛ, “Honim me, na honim baabi a mefiri nso. Na ɔnyɛ m’ankasa mepɛ so na me baeɛ, na nea ɔsomaa me he yɛ nɔkwafoɔ a honnim no.

29 Menim no efiri sɛ, mefiri ne nkyɛne ne baeɛ, na ɔno ne somaa me.”

30 Nti bɛhwehwɛɛ kwane a bɛbɛfa so akye no nso biaa amfa ne nsa anka no, efiri sɛ na berɛ he nnuruiɛ.

31 Na nnipakuo he mu pii gyee no diiɛ, na bebisaa sɛ, “Sɛ Kristo he ba a, ɔbɛyɔ nsɛnkyerɛnne asene nea nipa yi ayɔ yi anaa?”


Bɛsomaa Mpanyimfoɔ sɛ bɛnkɔ kye Yesu

32 Farisifoɔ he tee sɛ nnipakuo he oonwinwii keka yeinom fa ne ho, na Farisifoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he somaa asɔrefie awɛmfoɔ sɛ bɛnkɔ kye no.

33 Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meya ho nkyɛne berɛ tiaa bi, na meebɛkɔ nea ɔsomaa me he nkyɛne.

34 Hobɛhwehwɛ me, na honhu me, na nea meya he, hontumi mma hɔ.”

35 Yudafoɔ he bisaa bɛ ho bɛ ho sɛ, “Hefa ne nipa yi pɛ sɛ ɔkɔ a nti yenhu no? Ɔpɛ sɛ ɔkɔ Yudafoɔ a bɛahwete Helafoɔ mu he nkyɛne na ɔkɔkyerɛkyerɛ Helafoɔ he anaa?

36 Abɛ asɛm ne ɔɔka yi sɛ, ‘Hobɛhwehwɛ me, na honhu me, na nea meya he, hontumi mma hɔ’?”


Nkwa Nsuo

37 Da a otwa toɔ afahyɛ he mu he, Yesu gyinaa hɔ teaam sɛ, “Nea sukɔm de no he mmra me nkyɛne mɛnom nsuo.

38 Sɛnea twerɛsɛm he aka he, ‘Nea ɔgye me di he, nkwa asubɔntene bɛtene afiri n’akomam.’ ”

39 Nso ɔkaa yei faa Honhom a na bɛ a bɛbɛgye no adi he benya he ho, saa berɛ he na Honhom he nnya mmaeɛ, efiri sɛ na bennya nhyɛɛ Yesu animuonyam.


Nnipa he mu ntete mu

40 Na bɛtee saa nsɛm yi he, nnipa bi firi nnipakuo he mu kaa sɛ, “Diyifoɔ he di ampa.”

41 Na binom nso kaa sɛ, “Kristo he di.” Na binom nso bisaa sɛ, “Kristo he befiri Galilea anaa?”

42 Twerɛsɛm he nkaa sɛ Kristo he befiri Dawid ase ne Betlehem, akuraa a na Dawid te mu he ne bɛba?”

43 Afei Yesu nti nnipakuo he mu kyekyɛeɛ.

44 Na bemu binom pɛɛ sɛ bɛkye no, nso biaa amfa ne nsa anka no.


Mpanyimfoɔ he Annyeanie

45 Nti awɛmfoɔ he sane kɔɔ asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he hɔ, na bebisaa awɛmfoɔ he sɛ, “Mmɛ nti ne hoankye no?”

46 Awɛmfoɔ he buaa sɛ, “Nipa biaa nkasaa sɛ beema yi da!”

47 Afei Farisifoɔ he kaa sɛ, “Wadaadaa ho nso anaa?

48 Mpanyimfoɔ he bi anaa Farisifoɔ he bi agye no atom anaa?

49 Na nnipakuo yi a bennim mmara he—bɛadome bɛ!”

50 Nikodemo a ɔbaa Yesu nkyɛne dabi he a na ɔyɛ bemu baako bisaa sɛ,

51 “Sɛ wonnii kane ntiee bi anum asɛm nhuu nea ɔɔyɔ a, nti yɛ mmara he tumi bu no atɛne?”

52 Bebuaa sɛ, “Womfiri Galilea, anaa wofiri hɔ? Hwehwɛ mu hwɛ na wobehu sɛ diyifoɔ biaa nni hɔ a obefiri Galilea asɔre.”


Baa he a bɛkyee no adwammammɔ mu he

53 [Nti biaa kɔɔ fie.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan