Yohane 6 - Apam FoforɔNnipa Mpem Num Aduanema ( Mateo 14:13-21 ; Marko 6:32-44 ; Luka 9:13-17 ) 1 Yeinom akyi he, Yesu kɔɔ Galilea po, nea bɛsane frɛ no Tiberia po, he agya. 2 Na nnipakuo kɛseɛ kɔɔ so dii n’akyi, efiri sɛ behuu nsɛnkyerɛnne a na ɔɔyɔ ma ayarefoɔ. 3 Yesu kɔɔ bepɔ he so na ɔne n’asuafoɔ he tenaa hɔ. 4 Nso na Yudafoɔ Twam Afahyɛ he abɛne. 5 Afei Yesu maa n’ani so na ohuu sɛ nnipakuo kɛseɛ ɔɔba ne nkyɛne he, obisaa Filipo sɛ, “Hefa na yɛbɛtɔ paanoo ama nnipa yi adi?” 6 Obisaa yei de sɔɔ no hwɛeɛ, efiri sɛ na ɔno ankasa nim nea ɔɔbɛyɔ. 7 Filipo buaa sɛ, “Paanoo a ne boɔ bɛyɛ paani bosome nsia akatua mpo ɔnso bɛ sɛ bɛ mu biaa benya bi adi.” 8 Na asuafoɔ he mu baako, Andrea, Simon Petro nua beema, ka kyerɛɛ no sɛ, 9 “Abeemaa bi ya ha a ɔwɔ atokoɔ paanoo nnum ne nkyenam nketewa mmienu. Nso yei bɛyɛ nnipadɔm yi dɛ?” 10 Na Yesu kaa sɛ, “Homma nnipa he ntenatena ase!” Nso na serɛ pii ya hɔ. Nti mmeema a bɛ dodoɔ bɛyɛ mpem num tenatenaa ase. 11 Na Yesu faa paanoo ne nkyenam he, na ɔdaa ase he, ɔkyɛ maa bɛ a bɛtete hɔ he; saa nso ne ɔmaa bɛ nkyenam he dodoɔ a biaa hia. 12 Na bɛmemeeɛ he, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Hommoaboa mproprowa he ano, na bi anyera.” 13 Nti bɛboaboa ano, na atokoɔ paanoo mproprowa he yɛɛ nkɛntɛne dummienu ma ma. 14 Afei nnipa he huu nsɛnkyerɛnne a Yesu yɔeɛ he, bɛkaa sɛ, “Nɔkwasɛm, diyifoɔ a ɔɔba wiase he di.” 15 Afei berɛ a Yesu huu sɛ bɛpɛ sɛ bɛkye no si no hene he, ɔno ankasa twee ne ho kɔɔ bepɔ he so bio. Yesu nantee Nsuo so ( Mateo 14:22-33 ; Marko 6:45-52 ) 16 Na nwunu doeɛ he, n’asuafoɔ he kɔɔ mpoano, 17 na bɛforo tenaa kodoɔ bi mu sɛ beetwa po he akɔ Kapernaum. Saa berɛ he na sum ahyɛ dada, na Yesu nnya mmaa bɛ nkyɛne. 18 Na mframa kɛseɛ bɔ maa po he huruiɛ. 19 Afei berɛ a bɛharee bɛyɛ nkwansini nnan he, behuu sɛ Yesu nam po he so ɔɔba kodoɔ he ho, na besuroeɛ. 20 Nso ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ɔyɛ me a, honnsuro.” 21 Afei deɛ na bɛpɛ sɛ ɔbɛtena kodoɔ he mu, na ankyɛre koraa ne kodoɔ he duruu asaase a bɛɛkɔ so he so. Paanoo a ofiri Soro baeɛ 22 Adeɛ kyeeɛ he, nnipakuo a na begyina po he agya he huu sɛ kodoɔ biaa nni hɔ gye sɛ baako a n’asuafoɔ he kɔɔ mu he, nso Yesu ne bɛ ankɔ kodoɔ he mu, na n’asuafoɔ he nkoaa ne bɛkɔeɛ. 23 Na afei akodoɔ firi Tiberia baa baabi a Awurade daa ase, na bedii paanoo he. 24 Na nnipakuo he huu sɛ Yesu ne n’asuafoɔ he mu biaa nni hɔ he, bɛkɔtenatenaa kodoɔ nketewa mu baa Kapernaum bɛhwehwɛɛ Yesu. 25 Na berɛ a behuu no po he agya he, bebisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, mmɛ berɛ ne wobaa ha?” 26 Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkwasɛm a ɔyam ne sɛ, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne a hohuiɛ nti ne hoohwehwɛ me, na mmom paanoo a hodi meeɛ he nti a. 27 Honnyɔ aduane a ɔsɛe ho adwuma, na mmom honyɔ aduane a ɔtena hɔ de kɔ daa nkwam a Nipa Ba he de bɛma ho he ho adwuma, efiri sɛ, ɔno ne Agya Nyankopɔn ankasa de ne nsɔano agye no atom.” 28 Nti bebisaa no sɛ, “Ɛɛne ne ɔsɛ sɛ yɛ yɔ na yɛayɔ Nyankopɔn nnwuma?” 29 Yesu buaa bɛ sɛ, “Nyankopɔn adwuma ne sɛ hobɛgye nea ɔsomaa no he adi.” 30 Nti bebisaa no sɛ, “Abɛ nsɛnkyerɛnne ne wobɛyɔ na yɛagye wo adi? Mmɛ adwuma ne wooyɔ? 31 Yɛ nananom dii mana serɛ he so sɛnea bɛatwerɛ he, ‘Ɔmaa bɛ paanoo a ofiri soro ma bediiɛ.’ ” 32 Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, ɔnyɛ Mose ne maa ho paanoo a ofiri soro he, na mmom m’Agya ne maa ho paanoo kann a ofiri soro he. 33 Na Nyankopɔn paanoo ne nea osiane firi soro ba na ɔma wiase nkwa he.” 34 Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ma yɛ paanoo he bi da biaa.” 35 Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mene nkwa paanoo he. Nea ɔba menkyɛne he kɔm ɔnne no da, na nea ɔgye me di he, sukɔm ɔnne no da. 36 Nso maka akyerɛ ho sɛ, hoahu me nso honnye nni. 37 Bibiaa a Agya he de bɛma me he bɛba me nkyɛne, na nea ɔba me nkyɛne he, mempam no da, 38 efiri sɛ mefiri soro ne aba sɛ hobɛyɔ nea ɔsomaa me he apɛdeɛ, na ɔnyɛ m’ankasa me deɛ. 39 Nea ɔsomaa me he apɛdeɛ ne sɛ memma nea ɔde ama me he mu biaa nyera, na mmom sɛ menyane no da a odi akyi he. 40 Na m’Agya apɛdeɛ ne sɛ biaa a ohu Ba he na ɔgye no di he benya daa nkwa, na menyane no da a odi akyi he.” 41 Afei Yudafoɔ he firi aseɛ nwiinwii sɛ waka sɛ, “Mene paanoo a osiane firii soro he.” 42 Na bɛkaa sɛ, “Ɔnyɛ yei ne Yesu, Yosef ba, nea yenim ne papa ne ne maame he? Ɔyɛɛ dɛ ne afei deɛ ɔdɛ, ‘Mene paanoo a osiane firii soro he’?” 43 Yesu buaa bɛ sɛ, “Honwiinwii ho mu. 44 Biaa ntumi mma me nkyɛne gye sɛ Agya a ɔsomaa me he twe no ba; na menyane no nna odi akyire he. 45 Bɛatwerɛ ya adiyifoɔ he mu sɛ, ‘Nyankopɔn bɛkyerɛkyerɛ bɛ nyinaa.’ Biaa a wate bibi afiri Agya he nkyɛne na wasua he ne ba me nkyɛne. 46 Biaa nhuu Agya he, gye sɛ nea ofiri Nyankopɔn hɔ he; ɔno ne wahu Agya he. 47 Meeka akyerɛ ho nɔkorem sɛ, biaa a ɔgye di he benya daa nkwa. 48 Mene nkwa paanoo he. 49 Ho nananom dii mana serɛ he so, na bewuwuiɛ. 50 Yei ne paanoo a osiane firi soro he, sɛ biaa nni na wanwu. 51 Mene paanoo a nkwa yam a mesiane firi soro baeɛ he, sɛ bi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa he ne me honam.” 52 Na afei Yudafoɔ he firi aseɛ kasakasaa bɛ mu sɛ, “Ɔbɛyɛ dɛ na saa beema yi de ne honam ama yɛ adi?” 53 Nti Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem sɛ, sɛ hoanni Nipa Ba he honam na hoannom ne mogyaa a, honnya nkwa ya ho mu. 54 Bɛ a bedi me honam na bɛnom me mogyaa he wɔ daa nkwa, na menyane bɛ nna odi akyire he, 55 efiri sɛ me honam yɛ aduane ampa na me mogyaa yɛ anonneɛ ampa. 56 Bɛ a bedi me honam na bɛnom me mogyaa tena me mu, na me nso metena bɛ mu. 57 Sɛnea Agya a ɔte ase he somaa me he, na Agya he nti mete ase he, saa ara nso ne nea odi me honam he, me nti ɔbɛtena ase. 58 Yei ne paanoo a osiane firii soro baeɛ a ɔnte sɛ nea ho nananom diiɛ na bewuiɛ he; nea odi paanoo yi bɛtena ase daa.” 59 Ɔkaa saa nsɛm yi berɛ a na ɔɔkyerɛkyerɛ Kapernaum hyiadane mu. Daa Nkwa Nsɛm 60 Nti berɛ a n’asuafoɔ he mu bebree tee yei he, bɛkaa sɛ, “Asɛm yi ano ɔdene, hwane ne betumi agye?” 61 Nso esiane sɛ na Yesu nim sɛ n’asuafoɔ he nwiinwii yei ho nti, obisaa bɛ sɛ, “Yei to ho sintidua anaa? 62 Na afei, sɛ hohu Nipa Ba he sɛ ɔɔkɔ soro, baabi a na ɔya kane he nso ɛ? 63 Honhom ne ma nkwa; honam deɛ nka hwee koraa. Nsɛm a maka akyerɛ ho yi yɛ honhom ne nkwa. 64 Nso ho mu binom nnye nni.” Na ofiri mfitiaseɛ he na Yesu nnim bɛ a bɛnnye nni ne nea obeyi no ama he. 65 Na ɔkaa sɛ, “Yei nti ne meka kyerɛ ho sɛ biaa ntumi mma me nkyɛne gye sɛ Agya he ama no kwane.” 66 Yei nti n’asuafoɔ he bebree sane kɔɔ bɛ akyi, na bɛne no annante bio. 67 Nti Yesu bisaa dummienu he sɛ, “Ho nso hopɛ sɛ ho kɔ anaa?” 68 Simon Petro buaa sɛ, “Awurade, hwane nkyɛne ne yɛbɛkɔ? Wo nkoaa ne wowɔ daa nkwa nsɛm. 69 Na yɛagye adi, na yɛahu sɛ wone Kronkronni a wofiri Nyankopɔn hɔ he.” 70 Yesu buaa bɛ sɛ, “Nyɛ mene maayi ho nnipa dummienu yi? Nso ho mu baako yɛ bronsam.” 71 Na ɔɔka Yuda Iskariot, Simon ba he ho asɛm. Ewom sɛ na ɔyɛ dummienu he mu baako deɛ, nso na oobeyi Yesu ama. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana