Yohane 4 - Apam FoforɔYesu ne Samariani baa he 1 Na Awurade huu sɛ Farisifoɔ he ate sɛ, “Oonya asuafoɔ bebree, na ɔɔbɔ nnipa bebree asu kyɛne Yohane.” 2 Nɔkwasɛm ne sɛ, Yesu ankasa ammɔ asu, na n’asuafoɔ he ne ɔmaa bɛbɔeɛ. 3 Ofirii Yudea na ɔsane n’akyi baa Galilea. 4 Nso na otwa sɛ ɔfa Samaria. 5 Nti ɔbaa Samaria kuro bi a bɛfrɛ no Sikar, baabi a ɔbɛne asaase a Yakobo de maa ne ba Yosef he. 6 Na Yakobo abura he ya hɔ. Esiane sɛ na Yesu abrɛ nti, ɔtenaa Yakobo abura he so sɛ ɔɔhome. Na aabɔ bɛyɛ awia dummienu. 7 Na Samariani baa bi baa sɛ ɔɔbɛsa nsuo. Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma me nsuo he bi nnom.” 8 (Na Yesu asuafoɔ he kɔ kuro he mu sɛ bɛɛkɔtɔ aduane.) 9 Samariani baa he ka kyerɛɛ no sɛ, “Mmɛ nti ne wo a woyɛ Yudani woobisa me Samariani baa nsuo?” (Na Yudafoɔ ne Samariafoɔ nni twaka biaa.) 10 Yesu buaa no sɛ, “Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ ne nea oobisa wo sɛ, ‘Ma me nsuo he bi nnom’ a nka wobebisa no na wama wo nkwa nsuo.” 11 Na baa he ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, wonni adeɛ a bɛde sa nsuo mpo, na abura he nso mu dɔ, nti hefa ne woya nkwa nsuo yi firi? 12 Woyɛ kɛseɛ kyɛne yɛ nana Yakobo a ɔde abura he maa yɛ na ɔno ankasa ne ne mma ne ne mmoa nom bi he anaa?” 13 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Biaa a ɔnom saa nsuo yi bi he, sukɔm bɛde no bio, 14 na nea ɔbɛbɛnom nsuo a mede bɛma no he, sukɔm ɔnne no da. Na mmom nsuo a mede bɛma no he, bɛyɛ abura a ofifiri ne mu kɔ daa nkwam.” 15 Na baa he ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ma me saa nsuo yi bi nnom, na sukɔm anne me bio, na mankɔ so amma ha ammɛsa nsuo.” 16 Na ɔka kyerɛɛ baa he sɛ, “Kɔfrɛ wo kunu, na hommra ha.” 17 Na baa he kaa sɛ, “Menni kunu.” Na Yesu kaa sɛ, “Woaka no yie sɛ, ‘Menni kunu’; 18 efiri sɛ woaware kununom num, na nea wo ne no wɔ hɔ seesei mpo, ɔnyɛ wo kunu. Nea woaka he yɛ nɔkorɛ.” 19 Na baa he ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, afei maahu sɛ woyɛ diyifoɔ. 20 Yɛ nananom som bepɔ yi so, nso ho deɛ hoka sɛ Yerusalem ne baabi a ɔsɛ sɛ bɛsom.” 21 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Baa, gye me di, berɛ bi ɔɔba a honnsom Agya he bepɔ so anaa Yerusalem. 22 Hosom nea honnim no, na yɛ deɛ yɛsom nea yenim no, efiri sɛ nkwagyeɛ firi Yuda. 23 Na berɛ he ɔɔba, na anya aba sɛ nɔkorɛ asomfoɔ bɛsom Agya he honhom ne nɔkorem, efiri sɛ nnipa saa ne Agya he ɔɔhwehwɛ. 24 Nyankopɔn yɛ honhom, na ɔsɛ sɛ bɛ a bɛsom no he som no honhom ne nɔkorem.” 25 Na baa he ka kyerɛɛ no sɛ, “Menim sɛ Mesaia he ɔɔba” (nea bɛfrɛ no Kristo he). “Sɛ ɔba a, ɔbɛka yei nyinaa akyerɛ yɛ.” 26 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me a meekasa akyerɛ wo yi, mene no.” 27 Saa berɛ heaa ne n’asuafoɔ he baeɛ, na ɔyɛɛ bɛ nwanwa sɛ ɔne baa he bɛɛkasa. Nso biaa anka sɛ “Mmɛ ne woohwehwɛ?” Anaa “Mmɛ nti ne wo ne no ɔɔkasa?” 28 Na afei baa he gyaa n’asuhina hɔ kɔɔ kuro he mu kɔka kyerɛɛ nnipa he sɛ, 29 “Hommra mmɛhwɛ beema bi a waka m’asumasɛm nyinaa akyerɛ me! Ɔnyɛ yei ne Kristo he anaa?” 30 Befirii kuro he mu baa ne nkyɛne. 31 Saa berɛ he na n’asuafoɔ he gu so ɔɔka sɛ, “Rabuni, didi.” 32 Nso ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mewɔ aduane bi di a honnim.” 33 Nti asuafoɔ he bisaa bɛ ho bɛ ho sɛ, “Bi abra no bibi adi anaa?” 34 Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “M’aduane ne sɛ mɛyɔ nea ɔsomaa me he apɛdeɛ, na mawie n’adwuma. 35 Ɔyɛ a honka sɛ, ‘Aaka bosome nnan, na twaberɛ aduru’? Hwɛ, meeka akyerɛ ho sɛ homma ho ani so nhwɛ mfuo he sɛ aho sɛ betwa. 36 Nea otwa he ɔɔgye akatua dada na ɔɔboaboa aba ano akɔ daa nkwam; na nea oduaeɛ ne nea otwaeɛ nyinaa ani agye abom. 37 Na yei ma asɛm he yɛ nɔkorɛ sɛ, ‘Bi dua, na bi twa.’ 38 Mesomaa ho sɛ ho nkotwa nea hoanyɔ ho adwuma. Binom ayɔ adwuma, na ho ne hoanya bɛ adwuma he ho mfasoɔ.” 39 Ɔnam baa he adanseɛ sɛ, “Ɔkaa m’asumasɛm nyinaa kyerɛɛ me” nti, Samariafoɔ bebree a na bɛya saa kuro he mu gyee Yesu diiɛ. 40 Nti berɛ a Samariafoɔ he baa ne nkyɛne he, bɛsrɛɛ no sɛ ɔntena bɛ nkyɛne nnaanu. 41 Na nnipa bebree a bɛboro kane nnipa he gye diiɛ, ɔnam nea baa he kaeɛ nti. 42 Bɛka kyerɛɛ baa he sɛ, “Afei, ɔnyɛ nea wokaeɛ he nti ne yɛagye adi, efiri sɛ yɛ ankasa yɛate na yɛahu sɛ nipa yi ne wiase Agyenkwa he ampa.” Yesu sane baa Galilea 43 Na nnanu akyi he, ofirii hɔ kɔɔ Galilea 44 (efiri sɛ Yesu ankasa dii adanseɛ sɛ diyifoɔ nni anidie ɔno ankasa ne kurom.) 45 Berɛ a ɔbaa Galilea he, Galileafoɔ he gyee no efiri sɛ bɛkɔɔ afahyɛ he ase bi, na behuu nea ɔyɔeɛ he. Yesu saa Ahenkwaa Panyini bi ba Yadeɛ 46 Afei Yesu sane baa Kana a ɔya Galilea, baabi a ɔdanee nsuo nsa he bio. Na ahenkwaa panyini bi ya hɔ a ne ba yare ya Kapernaum. 47 Berɛ a beema he tee sɛ Yesu firi Yudea aba Galilea he, ɔkɔɔ ne nkyɛne kɔsrɛɛ no sɛ ɔmɛsa ne ba yadeɛ, efiri sɛ na ɔda wusu. 48 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ho deɛ, hoanhu nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a honnye nni.” 49 Ahenkwaa panyini he ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, bra na me ba he anwu ansa.” 50 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ “Kɔ, wo ba he ate apɔ!” Na nipa he gyee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no he diiɛ, na ɔkɔeɛ. 51 Na ɔɔkɔ he, ne nkoa behyiaa no, na bɛkaa sɛ, “Wo ba he ate apɔ!” 52 Na obisaa bɛ berɛ pɔtee a ne ho yɛɛ no dene he, na bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Nnora bɛyɛ awia dummienu ne abunu he kɔeɛ.” 53 Na papa he huu sɛ ɔyɛ saa berɛ heaa ne Yesu kaa sɛ, “Wo ba he onnwu.” Nti ɔne n’abusuafoɔ nyinaa gye diiɛ. 54 Yei nso ne nsɛnkyerɛnne a ɔtɔ so mmienu a Yesu firi Yudea baa Galilea he, ɔyɔeɛ. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana