Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yohane 21 - Apam Foforɔ


Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Asuafoɔ nson

1 Yei akyi he, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asuafoɔ he bio Tiberia po ho. Na oyii ne ho adi saa kwane yi so.

2 Na Simon Petro, Toma a bɛfrɛ no Ata, Natanael a ofiri Kana a ɔya Galilea, Sebedeo mma mmeema he ne asuafoɔ he mu mmienu nso ya hɔ.

3 Simon Petro ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meekoyi nam.” Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ ne wo bɛkɔ.” Bɛkɔtenaa kodoɔ he mu, na anadwo he nyinaa bɛanyi nam biaa.

4 Na adeɛ ɔɔyɛ akye he, Yesu begyinaa po he ano, nso asuafoɔ he ahu sɛ ɔyɛ ɔno a.

5 Yesu bisaa bɛ sɛ, “Mma nkumaa, hoanya nam?” Na bebuaa sɛ, “Daabi.”

6 Na ɔka kyerɛ bɛ sɛ, “Honto asau he ngu kodoɔ he nifa na hobenya bi.” Nti bɛtoo asau he na adwene dodoɔ a benyaeɛ nti na bentumi ntwe asau he.

7 Na suani a Yesu dɔ no he ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Ɔyɛ Awurade!” Petro tee sɛ ɔyɛ Awurade he, ɔde n’ataadeɛ kyekyeree ne ho, efiri sɛ na ɔda adagya, na ohuri kɔhwee po he mu.

8 Na asuafoɔ nkaeɛ he baa kodoɔ he mu bɛtwee asau a na adwene ahyɛ no ma he, saa berɛ he na bɛne asaase ntam bɛyɛ basafa ha.

9 Na bebeduru kokoɔ so he, behuu gyabidie a bɛasɔ a nam ne paanoo gu so.

10 Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homfa adwene a hoayi he bi mmra.”

11 Nti Simon Petro kɔtwee asau a adwene akɛseɛ ha aduonum mmeɛnsa ahyɛ no ma he baa kokoɔ so. Na ɔdɔɔso deɛ, nso asau he ante.

12 Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hommra mmedidi.” Nso asuafoɔ he mu biaa antumi ammisa sɛ, “Woyɛ hwane?” Na benim sɛ ɔyɛ Awurade.

13 Yesu ba bɛfaa paanoo he na ode maa bɛ, na ɔfaa nam he nso yɔɔ saa.

14 Yei ne ne mprɛnsa so a Yesu nyane firii awufoɔ mu he, oyii ne ho adi kyerɛɛ asuafoɔ he.


Yesu ne Petro

15 Na bedidi wieeɛ he, Yesu bisaa Simon Petro sɛ, “Simon, Yohane ba, wodɔ me kyɛne yeinom nyinaa?” Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛɛ, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma me nnwane he aduane nni.”

16 Obisaa no mprenu so sɛ, “Simon, Yohane ba, wodɔ me?” Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛɛ, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne me nnwane.”

17 Obisaa no mprɛnsa so sɛ, “Simon, Yohane ba, wodɔ me anaa?” Petro werɛ hoo sɛ oobisa no mprɛnsa so sɛ “wodɔ me?” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, wonim bibiaa, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nyɛne me nnwane he.”

18 Nɔkwasɛm paa ne sɛ, woyɛ abranteɛ he na wode abɔsoɔ bɔ wo mu nante kɔ baabiaa a w’ankasa wopɛ. Nso sɛ wobɔ akɔkora a, wobɛtene wo nsa na bi de abɔsoɔ abɔ wo mu, na ɔde wo akɔ baabi a wompɛ sɛ wokɔ.

19 (Ɔkaa yei de kyerɛɛ wuo korɔ a obewu de ahyɛ Nyankopɔn animuonyam.) Yei akyi he ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Di m’akyi.”


Yesu ne suani a ɔdɔ no he

20 Petro danee ne ho he, ohuu suani a Yesu dɔ no he sɛ odi n’akyi, nea na ɔtweree Yesu kokom adidie he ase a obisaa sɛ, “Awurade, hwane ne beyi wo ama he.”

21 Na Petro huu no he, obisaa Yesu sɛ, “Awurade, na yei nso ɛ?”

22 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ ɔyɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛba a, ɔfa wo ho bɛ?” Wo deɛ, kɔ soaa na di m’akyi.

23 Nti asɛm yi trɛɛ anuanom he mu sɛ saa suani he onwu; nso Yesu anka sɛ suani he onwu, na mmom ɔkaa sɛ, “Sɛ mepɛ sɛ ɔbɛtena hɔ akosi sɛ mɛba a, ɔfa wo ho bɛ?”

24 Yei ne suani a oodi nnoɔma yi ho adanseɛ na watwerɛ yeinom, na yenim sɛ adanseɛ a odi he yɛ nɔkorɛ.

25 Na nnoɔma bebree ya hɔ nso a Yesu yɔeɛ a, sɛ bɛtwerɛɛ ne nyinaa a, nka mesusu sɛ, nwoma a bɛbɛtwerɛ he nkɔ wiase mu mpo.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan