Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yohane 20 - Apam Foforɔ


Yesu wusɔreɛ
( Mateo 28:1-10 ; Marko 16:1-11 ; Luka 24:1-12 )

1 Afei nnawɔtwe da a odi kane he, Maria Magdalene kɔɔ da he so anɔpatutuutu na ohuu sɛ boɔ he nna nna he ano.

2 Nti ɔde mmirika kɔɔ Petro ne suani foforɔ a Awurade pɛ n’asɛm he nkyɛne kɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛafa Awurade afiri nna he mu, na yennim baabi a bɛde no akɔto.”

3 Na Petro ne suani foforɔ he firii adi baa nna he ho.

4 Na bɛ mmienu ne beetu mmirika boom nso suani baako he de mmirika tɛntɛ dii Petro anim, na oduruu nna he ho kane.

5 Na ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ nna he mu, nso wankɔ mu.

6 Na Simon Petro dii n’akyi baeɛ, na ɔkɔɔ nna he mu na ohuu nwera he sɛ ogu hɔ,

7 na afei ntoma a bɛde bɔɔ ne ti he nso bɛabobɔ gu nkyɛne baabi a ɔnka nwere he ho.

8 Na afei suani foforɔ he a oduruu nna he ho kane he nso kɔɔ mu, na ohuuiɛ, na ɔgye diiɛ.

9 Saa berɛ he na ɔntee twerɛsɛm he ase sɛ otwa sɛ onyane firi awufoɔ mu.

10 Nti asuafoɔ he sane kɔɔ bɛ afie mu.


Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Maria Magdalene

11 Maria deɛ, na ɔda soaa gyina da he nkyɛne baabi a oosu. Na oguso oosu he, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ da he mu.

12 Na ohuu abɔfoɔ mmienu bi a bɛhyɛ ntaadeɛ fitaa a na bɛtete baabi a na Yesu amu da he; na baako te baabi a na Yesu amu he da he atifi na baako nso te anafoɔ.

13 Bebisaa no sɛ, “Baa, ɛɛne nti ne woosu yi?” Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛafa m’Awurade amu kɔ na mennim baabi a a bɛde no akɔto.”

14 Na ɔkaa yei wieeɛ he ɔdane ne ho na ohuu Yesu sɛ ogyina hɔ, nso wanhu sɛ ɔyɛ Yesu a.

15 Yesu bisaa no sɛ “Baa, Mmɛ nti ne woosu yi? Hwane ne woohwehwɛ no?” Maria deɛ na osusu sɛ ɔyɛ turom hɔ hwɛfoɔ nti ɔkaa sɛ, “Owura, sɛ wone wafa no afiri ha a, kyɛrɛ me baabi a wode no akɔto.”

16 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Maria!” Na ɔdanee ne hoka kyerɛɛ no Hebri kasa mu sɛ “Rabuni” (asekyerɛ ne sɛ “Kyerɛkyerɛfoɔ!”)

17 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mfa wo nsa nka me, efiri sɛ menya nkɔɔ soro, m’Agya nkyɛne. Na kɔ me nuanom nkyɛne kɔka kyerɛ bɛ sɛ, ‘Meekɔ soro, m’Agya ne ho Agya ne me Nyankopɔn ne ho Nyankopɔn nkyɛne.’ ”

18 Na Maria Magdalene bɛkaa nea asi he kyerɛɛ asuafoɔ he sɛ, “Maahu Awurade”, na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ Awurade aka yeinom akyerɛ no.


Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Asuafoɔ he
( Marko 16:14-18 ; Luka 24:36-49 )

19 Na saa da he yɛ nnawɔtwe he da a odi kane. Na nwunu dwoeɛ he, ewom sɛ na Yudafoɔ ho hu nti asuafoɔ he atoto apono mu baabi a na bɛya he deɛ, nso Yesu ba begyinaa bɛ mfimfini, na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Asomdwie nka ho!”

20 Na ɔkaa saa he, ɔde ne nsa ne ne mfem kyerɛɛ asuafoɔ he. Na asuafoɔ he ani gyee sɛ bɛahu Awurade.

21 Na Yesu sane ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Asomdwie nka ho! Sɛnea Agya he asoma me he, saa are ne me nso meesoma ho.”

22 Ɔkaa yei wieeɛ he, ɔhome guu bɛ so, kaa sɛ, “Honye Honhom Kronkron.

23 Na biaa a hode ne bɔne bɛkyɛ no he, na bɛde akyɛ no dada. Na biaa a hoammfa ne bɔne akyɛ no he, bɛmmfa nkyɛɛ no.”


Yesu ne Toma

24 Na berɛ a Yesu baeɛ he na Toma, Yesu asuafoɔ dummienu he mu baako a bɛfrɛ no Ata he, nka ho.

25 Nti asuafoɔ a aka he ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahu Awurade.” Nso ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ manhu ne nsam nnadewa twa na mamfa me nsa teaa anka dadewa he twa he a mennye nni.”

26 Ne nnawɔtwe akyi he, na asuafoɔ he ya dane mu bio a na Toma nso ka ho. Ewom sɛ na bɛatoto apono he mu deɛ, nso Yesu ba begyinaa bɛ mfinfini, na ɔkaa sɛ, “Asomdwie nka ho!”

27 Afei ɔka kyerɛɛ Toma sɛ, “Fa wo nsa tea ka ha na bɛhwɛ me nsam, na fa wo nsa bɛka me mfem, na nyɛ akyinnyegyefoɔ.”

28 Toma buaa no sɛ, “M’Awurade ne me Nyankopɔn!”

29 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woahu me nti ne woagye adi? Nhyira ne bɛ a benhuiɛ nso bɛagye adi.”


Nwoma yi Botaeɛ

30 Na afei nsɛnkyerɛnne pii nso ya hɔ a Yesu yɔɔ n’asuafoɔ he anim a bɛantwerɛ no nwoma yi mu.

31 Nso bɛatwerɛ yei ato hɔ na ama hoagye adi sɛ Yesu ne Kristo he, Nyankopɔn Ba, na hogye di a, hoanya nkwa ne dini mu.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan