Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yohane 17 - Apam Foforɔ


Yesu bɔɔ mpaeɛ maa asuafoɔ he

1 Yesu kaa nsɛm yeinom wieeɛ he, ɔhwɛɛ soro kaa sɛ, “Agya, berɛ he anya aduru, hyɛ wo ba animuonyam na Ba he nso ahyɛ wo animuonyam

2 sɛnea woama no nnipa nyinaa so tumi, sɛ biaa a wode ama no he ɔmma bɛ daa nkwa.

3 Na yei ne daa nkwa sɛ bebehu wo, wo a aoyɛ Nyankopɔn kann koro he, ne Yesu Kristo nea wasoma no he.

4 Mawie adwuma a wode ama me sɛ menyɔ he de ahyɛ wo animuonyam asaase so.

5 Na afei, Agya, fa animuonyam a na mewɔ no wo nkyɛne ansa na wiase ɔɔba he hyɛ me bio woaa wo nkyɛne.

6 “Maada wo dini adi akyerɛ bɛ a wode befiri wiase ama me he. Bɛyɛ wo deɛ ne wode bɛ ama me. Na bɛadi w’asɛm so.

7 Afei bɛahu sɛ adeɛ biaa a wode ama me he nyinaa firi wo nkyɛne;

8 efiri sɛ nsɛm a wode maa me he mede ama bɛ; na bɛ nso bɛagye; na bɛahu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛne ne baeɛ, na bɛagye adi sɛ wone wosomaa me.

9 Meebisa ama bɛ; memmisa mma wiase na mmom mebisa ma bɛ a wode bɛ ama me he, efiri sɛ bɛyɛ wo deɛ.

10 Nea mewɔ nyinaa yɛ wo dea, na wo deɛ nyinaa nso yɛ me deɛ, na maanya animuonyam yam.

11 Na afei nso, menni wiase bio, na mmom bɛ deɛ bɛya wiase, na meeba wo nkyɛne. Agya Kronkron, bɔ bɛ a wode bɛ ama me he ho bane wo dini mu na bɛayɛ baako sɛ yɛyɛ baako he.

12 Meya bɛ nkyɛne he, mede bɛ siee wo dini mu. Mekoraa bɛ yie na bɛ mu baako pɛ mpo annyera gye sɛ yera ba he, na ama twerɛsɛm he aba mu.

13 Na afei meeba wo nkyɛne, na meeka yeinom wiase na ama bɛanya m’anigyeɛ, na awie pɛyɛ bɛ mu.

14 Mede w’asɛm ama bɛ, na wiase atane bɛ efiri sɛ bɛnyɛ wiase deɛ sɛnea me nso menyɛ wiase deɛ he.

15 Mensrɛ sɛ yi befiri wiase, na mmom mesrɛ sɛ bɔ bɛ ho bane firi sɛefoɔ he ho.

16 Bemfiri wiase sɛnea me nso memfiri wiase he.

17 Fa nɔkorɛ he te bɛ ho, w’asɛm yɛ nɔkorɛ,

18 sɛnea woasoma me wiase he, saa ne me nso meesoma bɛ wiase.

19 Meyɔɔ me kronkron maa bɛ, na bɛ nso bɛ ho ate nɔkorɛ mu.

20 “Mensrɛ mma yeinom nkoaa, na mmom mesrɛ ma bɛ a bɛnam bɛ asɛm so bɛgye me adi nso

21 sɛ bɛ nyinaa bɛbɛyɛ baako, sɛnea wo, Agya, woya me mu, na meya wo mu; sɛ bɛ nso bɛnyɛ baako yɛ mu, na ama wiase agye adi sɛ wone wosomaa me.

22 Animuonyam a wode maa me he mede ama bɛ, sɛ ɔbɛyɛ na bɛbɛyɛ baako sɛnea yɛyɛ baako he.

23 Meya bɛ mu, na woya me mu, sɛ ɔbɛyɛ a bebewie pɛyɛ baakoyɛ mu, na wiase ahu sɛ wone woasoma me na wodɔ bɛ sɛnea wodɔ me he.

24 Agya mepɛ sɛ bɛ a wode bɛ ama me he ba baabi a meya he. Bɛmmɛka me ho na benhu m’animuonyam a wode ama me he, efiri sɛ wodɔɔ me ansa na wohyɛɛ wiase fapem ase.

25 “Oo! Agya Teneneeni, wiase nnim wo, nso menim wo, na yeinom nim sɛ woasoma me.

26 Maada wo dini adi akyerɛ bɛ, na mɛda no adi akyerɛ, sɛ ɔbɛyɛ a dɔ a wode adɔ me he bɛtena bɛ mu, na matena bɛ mu.”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan