Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yohane 16 - Apam Foforɔ

1 “Maaka yei nyinaa akyerɛ ho sɛ ɔbɛyɛ a bibiaa nto ho sintidua.”

2 Bɛbɛpam ho afiri hyia adane mu. Nɔkwasɛm ne sɛ, berɛ bi ɔɔba a biaa a obeku ho he bɛdwene sɛ ɔɔyɔ saa Nyankopɔn dini mu.

3 Na bɛbɛyɔ yei, efiri sɛ, bennim Agya he anaa me.

4 Na maaka yei nyinaa akyerɛ ho na saa berɛ he duru a, hoakae sɛ maaka akyerɛ ho dada. “Na manka saa nsɛm yi ankyerɛ ho mfitiaseɛ he, efiri sɛ na meya ho nkyɛne.


Honhom he Dwumadie

5 Na afei deɛ meekɔ nea ɔsomaa me he nkyɛne, nso ho mu biaa mmisa me sɛ, ‘He ne wookɔ?’

6 Na esiane sɛ maka yei akyerɛ ho nti, awerɛhoɔ ahyɛ ho akoma ma.

7 Nso meeka nɔkorɛ akyerɛ ho sɛ, ɔyɛ ma ho sɛ mɛkɔ, efiri sɛ, sɛ mankɔ a, Kyigyinafoɔ he ɔmma ho nkyɛne. Na sɛ mekɔ a, mɛsoma no ama no aba ho nkyɛne.

8 Na sɛ ɔba a, obeyi wiase atɛne afa bɔne ne tenenee ne atemmuo ho:

9 Bɔne ho, efiri sɛ bɛnnye me nni;

10 tenenee ho, efiri sɛ meekɔ Agya he nkyɛne, na honhu me bio;

11 atemmuo ho, efiri sɛ nea odi wiase yi so he bɛabu no fɔ.

12 “Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛɛ ho, nso hontumi nnye ne nyinaa seesei.

13 Na sɛ Nɔkorɛ Honhom he ba a, ɔbɛkyerɛ ho kwane akɔ nɔkorɛ he nyinaa mu, efiri sɛ omfiri ɔno ankasa ne mu ne bɛkasa, na mmom bibiaa ɔbɛte he ɔno ne ɔbɛka. Na ɔbɛkyerɛ ho nnoɔma a ɔɔba.

14 Ɔno ne bɛhyɛ m’animuonyam; efiri sɛ ɔbɛfa nea ɔyɛ me deɛ he bi na wapaem aka akyerɛ ho.

15 Nea Agya he wɔ nyinaa yɛ me dea. Saa nti ne mekaa sɛ nɔkorɛ Honhom he bɛfa nea ɔyɛ me deɛ na wapaem aka akyerɛ ho he.


Awerɛhoɔ bɛdane Anigyeɛ

16 “Aaka kakraa bi na honhu me, na bio aaka kakraa bi hobehu me.”

17 Afei n’asuafoɔ he binom bisaa bɛ ho bɛ ho sɛ, “Asɛm a ɔɔka kyerɛ yɛ yi kyerɛ sɛ, “Aaka kakraa bi na honhu me, na bio aaka kakraa bi hobehu me; ne sɛ ‘Efiri sɛ meekɔ Agya he nkyɛne’?”

18 Bɛkaa sɛ, “ ‘Aaka kakraa bi’ he kyerɛ sɛ? Yennim nea ɔka ho asɛm yi.”

19 Na Yesu huu sɛ bɛpɛ sɛ bebisa no nea ɔkaeɛ he asekyerɛ he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Asɛm a mekaa sɛ ‘Aaka kakraa bi na honhu me, na bio aaka kakraa bi hobehu me’ he ne hoobisabisa ho ho asekyerɛ yi?”

20 Nɔkwasɛm paa ne sɛ, hobesu atwa agyaadwoɔ, nso wiase ani bɛgye. Hobedi awerɛhoɔ nso ho awerɛhoɔ he bɛdane anigyeɛ.

21 Sɛ baa ɔɔwo a, ɔte yeyaa efiri sɛ ne berɛ aduru. Na sɛ ɔwo ne ba he a, ɔnkae ne yeyaa he bio esiane anigyeɛ a wanya sɛ wawo nipa aba wiase nti.

22 Ho nso, seesei deɛ howɔ awerɛhoɔ mu, nso mehu ho bio he, na ho ani agye ho akoma mu, na biaa ntumi nnye ho anigyeɛ he mfiri ho nsam.

23 Saa da he, hommmisa me asɛm biaa. Nɔkwasɛm paa ne meeka akyerɛ ho sɛ, hobisa bibiaa firi Agya he hɔ ya me dini mu a, ɔde bɛma ho.

24 Obesi sesɛɛ hommisaa bibiaa a me dini mu. Hommisa, na ho nsa bɛka, na ho anigyeɛ awie pɛyɛ.


Asuafoɔ he asomdwie

25 “Menam mfantoho so aka yeinom akyerɛ ho. Berɛ he ɔɔba a memmfa mfantoho ne bɛkasa ho ho bio, na mmom mɛka Agya he ho asɛm akyerɛ ho pefee.

26 Saa da he me dini mu ne hobebisa. Nso menka nkyerɛ ho sɛ mebisa Agya he ama ho.

27 Na Agya he ankasa dɔ ho, efiri sɛ hodɔ me na hoagye adi sɛ mefiri Nyankopɔn nkyɛne ne aba.

28 Mefiri Agya he nkyɛne ne aba wiase. Afei deɛ meefiri wiase akɔ Agya he nkyɛne.”

29 N’asuafoɔ he kaa sɛ, “Hwɛ! Afei wookasa pefee, ɔnyɛ mfantoho so!

30 Afei deɛ yɛahu sɛ wonim bibiaa, na onhia sɛ biaa bebisa wo hwee. Yei nti yɛagye adi sɛ wofiri Nyankopɔn hɔ ne baeɛ.”

31 Yesu bisaa bɛ sɛ, “Afei hogye di anaa?”

32 Berɛ he ɔɔba, na anya aba awie sɛ ho nyinaa hobɛhwete akɔ ho nkurom, na hoagya me nkoaa. Nso ɔnka me nkoaa efiri sɛ Agya he ka me ho.

33 Maaka yeinom nyinaa akyerɛ ho sɛ ɔbɛyɛ a hobenya asomdwie me mu. Hobehyia taa wiase mu. Nso homma ho bo ntɔ ho yam; na maadi wiase so nkunim dada!

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan