Yohane 14 - Apam FoforɔYesu ne kwane a ɔkɔ Agya he nkyɛne 1 “Hommma ho akoma ntutu! Honye Nyankopɔn nni, na me nso honye me nni. 2 Tenabea pii ya m’Agya fie. Sɛ ɔnte saa a, nka mɛka akyerɛ ho sɛ, meekosiesie baabi ama ho? 3 Na sɛ mekosiesei baabi ma ho a, mɛba bio, na mabɛfa ho akɔ me nkyɛne, na nea meya he ho nso hoaba hɔ. 4 Honnim kwane a ɔkɔ baabi a meekɔ he.” 5 Toma bisaa no sɛ, “Awurade, yennim baabi a wookɔ, na ɔbɛyɛ dɛ na yɛatumi ahu kwane he?” 6 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene kwane he, nɔkorɛ he ne nkwa he, bi nkɔ Agya he nkyɛne gye sɛ ɔfa me so. 7 Sɛ honim me a hobehu Agya he nso. Ofiri saa berɛ yi, ho nim no, na hoahu no.” 8 Filipo ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade kyerɛ yɛ Agya he, na ɔnoaa yɛ ma yɛ.” 9 Yesu bisaa no sɛ, “Filipo, me ne hoya hɔ dadaada yi, honhuu me anaa? Biaa a w’ahu me he ahu Agya he nso. Afei mmɛ nti ne wooka sɛ, ‘Kyerɛ yɛ Agya he’? 10 Wonnye nni sɛ meya Agya he mu, na Agya he nso ya me mu anaa? Nsɛm a meka kyerɛ ho he, omfiri meaa me tim ne meka, na Agya a ɔte me mu he ne yɔ ne nnwuma. 11 Honye me nni sɛ meya Agya he mu, na Agya he nso ya me mu, na sɛ ɔnte saa nnwuma heaa nti honye nni. 12 Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, nea ɔgye me di he, nnwuma a meyɔ he ɔno nso bɛyɔ bi, na ɔbɛyɔ nnwuma bebree asene yeinom, efiri sɛ, me deɛ meekɔ Agya he nkyɛne. 13 Na bibiaa a hobɛsrɛ me dini mu he ɔno ne mɛyɔ na Agya he anya animuonyam Ba he mu. 14 Sɛ hosrɛ bibi me dini mu a, mɛyɔ.” Honhom Kronkron he ho bɔhyɛ 15 “Hodɔ me a hobedi m’ahyɛdeɛ so.” 16 Na m’ankasa mebisa Agya he na wama ho Kyigyinafoɔ foforɔ, na ɔne ho abɛtena daa, 17 Nɔkorɛ Honhom a wiase ntumi nnye no he, efiri sɛ, onhu no, na onnim no nso. Na ho deɛ honim no, efiri sɛ ɔya ho nkyɛne, na ɔbɛtena ho mu. 18 “Mennyae ho nyanka, na mɛba honkyɛne. 19 Aaka kakra na wiase nhu me bio, na ho deɛ hobehu me efiri sɛ, mete ase, nti ho nso hobɛtena ase. 20 Da heaa, hobehu sɛ meya m’Agya mu, na hoya me mu. 21 Nea ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na odi so he, ɔno ne nea ɔdɔ me, na nea ɔdɔ me he m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho akyerɛ no.” 22 Yuda (ɔnyɛ Iskariot) bisaa no sɛ, “Awurade ɔyɛɛ dɛ na wobeyi wo ho akyerɛ yɛ yi, na ɔnyɛ wiase?” 23 Yesu buaa no sɛ, “Sɛ bi dɔ me a obedi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛne na yɛ ne no abɛtena. 24 Nea ɔnnɔ me he nni me nsɛm so, na nsɛm a hoate he nyɛ me deɛ na ɔyɛ Agya a ɔsomaa me he deɛ. 25 “Meya ho nkyɛne yi, ne meeka yeinom. 26 Na Kyigyinafoɔ a ɔno ne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me dini mu he, ɔno ne bɛkyerɛkyerɛ ho nnoɔma nyinaa na ɔbɛkae ho nea maka akyerɛ ho nyinaa. 27 Asomdwie ne mede oogya ho, m’asomdwie ne mede ɔɔma ho, nyɛ sɛnea wiase de ma ho he ne mede ɔɔma ho. Hommma ho akoma ntutu, na hommɔ hu nso. 28 Hoate sɛ meka kyerɛɛ ho sɛ, ‘Meekɔ na mɛba ho nkyɛne.’ Sɛ hodɔ me a nka ho ani bɛgye sɛ meekɔ Agya he nkyɛne efiri sɛ m’Agya he yɛ keseɛ kyɛne me. 29 Afei maka akyerɛ ho ansa na aba mu, na sɛ onya ba mu a hoagye adi. 30 Me ne ho nkasa pii bio, na wiase sodifoɔ he ɔɔba, na onni tumi biaa me so 31 nso meeyɔ sɛnea Agya he hyɛ me he, na wiase ahu sɛ me dɔ Agya he. Honsɔre ma yemfiri ha nkɔ. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana