Yohane 13 - Apam FoforɔYesu hohoroo n’asuafoɔ he nane ase 1 Na afei Twam afahyɛ he oobeduru he, na Yesu nim sɛ berɛ he aduru sɛ oobefiri wiase akɔ Agya he nkyɛne. Na ɔdɔɔ ɔnoaa ne deɛ a na bɛya wiase he, na ɔdɔɔ bɛ de kosii awieeɛ. 2 Nti berɛ a na beebedi anwummerɛduane he, na bronsam de ahyɛ Simon ba Yuda Iskariot akomam dada sɛ onyi no ma. 3 Na esiane sɛ na Yesu nim sɛ Agya he de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa, na ofiri Nyankopɔn nkyɛne, na ɔɔkɔ Nyankopɔn hɔ nti, 4 ɔsɔre firii aduane he ho yii n’ataadeɛ ngusoɔ guu hɔ. Afei ɔfaa bɔɔdoa de bɔɔ n’asenem. 5 Ɔno akyi he ohwiee nsuo guu dwaresɛn mu, na ofiri aseɛ hohoroo asuafoɔ he nane ho. Na ɔde bɔɔdoa a ɔde bɔɔ n’asenem he popaa ho. 6 Na oduruu Simon Petro so he, obisaa Yesu sɛ, “Awurade, wo ne woobɛhohoro me nane ase yi? 7 Na Yesu buaa sɛ, “Nea meeyɔ yi wonte aseɛ seesei na akyire he wobɛte aseɛ.” 8 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Aa! Awurade, memma wonhohoro me nane ase.” Yesu buaa sɛ, “Sɛ manhohoro wo nane ase a wonni kyɛfa biaa me mu.” 9 Simon Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ ɔte deɛ a, Awurade, ɔnyɛ me nane ase nkoaa, na me nsa ne meti nso ka ho!” 10 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nea woadware he nhia sɛ ɔbɛhohoro bio, na mmom ohia sɛ ohohoro ne nane ase, efiri sɛ, ne ho nyinaa afiri. Ho ho afiri nso ɔnyɛ ho nyinaa.” 11 Na onim nipa korɔ a obeyi no ama he, nti ne ɔkaa sɛ “Ɔnyɛ ho nyinaa ne ho ho afiri he.” 12 Afei berɛ a ɔhohoroo bɛ nane ase wieeɛ a ɔhyɛɛ n’ataadeɛ ngusoɔ, na ɔkɔtenaa pono he ho bio he, obisaa bɛ sɛ, “Hoahu nea maayɔ ho yi? 13 Hofrɛ me Kyerɛkyerɛfoɔ ne Awurade, na ɔyɛ ne kwane so sɛ hoka saa, efiri sɛ meyɛ saa. 14 Na sɛ me a meyɛ Awurade ne Kyerɛkyerɛfoɔ ahohoro ho nane ase a, hedeɛ na ɔsɛ sɛ ho nso ho mu biaa hohoro ne yɔnko nane ase. 15 Na maama ho nhwɛsoɔ sɛnea mayɔ ho he, ho nso honyɔ saa. 16 Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, akoa nsene ne wura, na saa ne somafoɔ nso nsene onii a ɔsomaa no he. 17 Sɛ honim yeinom na hoyɔ a, hoyɛ nhyira. 18 Ɔnyɛ ho nyinaa ho asɛm ne meeka yi, me deɛ menim bɛ a maayi bɛ. Na mmom sɛnea ɔbɛyɛ a twerɛsɛm he bɛbam sɛ, ‘Nea me ne no bɔ kosua tafere he, ayi me ama ntia.’ 19 Afei meeka akyerɛ ho nnɛ ansa na aba, sɛnea ɔbɛyɛ na sɛ onya ba a, hobɛgye adi sɛ mene no. 20 Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, nea ɔgye biaa a mesoma no he gye me nso. Saa nso ne nea ɔgye me nso gye nea ɔsomaa me he nso.” Yesu hyɛɛ ne Wuo ho Nkɔm ( Mateo 26:21-25 ; Marko 14:18-21 ; Luka 22:21-23 ) 21 Na Yesu kaa yei wieeɛ he, ne ho yeraa no ne honhom mu, na ɔpaem kaa sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, ho mu baako beyi me ama.” 22 Na asuafoɔ he hwehwɛɛ bɛ ho bɛ ho anim a na benhu onii korɔ a ɔɔka ne ho asɛm he. 23 Na asuafoɔ he mu baako a Yesu dɔ no he twere Yesu kokom 24 na Simon Petro bɔɔ n’ani kyerɛɛ no sɛ, omisa onii korɔ a ɔɔka ne ho asɛm he. 25 Nti ɔpa tweree Yesu kokom bisaa no sɛ, “Awurade, ɔyɛ hwane a?” 26 Yesu buaa sɛ, “Ɔno ne mede paanoo sini bɛbɔ ayowa mu ama no he.” Nti ɔde paanoo sini bɔɔ ayowa mu de kɔmaa Yuda, Simon Iskariot ba he. 27 Ɔgyee paanoo sini he wieeɛ he, Satan bɛhyɛɛ ne mu. Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nea woobɛyɔ he, yɔ no ntɛntɛm.” 28 Nso na bɛ a bɛte pono he ho he biaa nnim nea nti a ɔkaa saa kyerɛɛ no he. 29 Esiane sɛ na Yuda ne kura bɛ sika adaka he nti, binom susuu sɛ na Yesu ɔɔka akyerɛ no sɛ, “Kɔtotɔ nnoɔma a yehia ma afahyɛ he” anaa ɔmfa bibi mma ahiafoɔ. 30 Afei ɔgyee paanoo sini he, ntɛmaa na ofiri adi. Na ɔyɛ anadwo. Ahyɛdeɛ foforɔ 31 Nti ofirii adi he, Yesu kaa sɛ, “Afei bɛahyɛ Nipa Ba he animuonyam, na ɔno nti bɛahyɛ Nyankopɔn animuonyam. 32 Na Nyankopɔn ankasa bɛhyɛ no animuonyam, na ɔbɛhyɛ no animuonyam ntɛm. 33 Mma nkumaa, mene ho ya hɔ mmerɛ tiaa bi. Hobɛhwehwɛ me, na sɛnea maka akyerɛ Yudafoɔ he sɛ, ‘Baabi a meekɔ hontumi mma hɔ he, saa ne seesei meeka akyerɛ ho nso.’ 34 Ahyɛdeɛ foforɔ ne mede ɔɔma ho sɛ, honnodɔ ho ho sɛnea medɔɔ ho he, saa ne ho nso honnodɔ ho ho ho ho. 35 Sɛ hododɔ ho ho ho ho a, ɔno ne bɛma nnipa nyinaa ahu sɛ hoyɛ m’asuafoɔ ampa.” Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ Petro bɛpa no ( Mateo 26:33-35 ; Marko 14:29-31 ; Luka 22:31-34 ) 36 Simon Petro bisaa no sɛ, “Awurade, hefa ne wookɔ?” Yesu buaa sɛ, “Baabi a meekɔ he wontumi nni m’akyi seesei, nso akyire yi wobedi m’akyi aba hɔ.” 37 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, mmɛ nti ne mentumi nni w’akyi seesei? Mede me nkwa bɛto hɔ ama wo.” 38 Yesu buaa sɛ, “Wode wo nkwa bɛto hɔ ama me? Meeka akyerɛ wo nɔkorem paa sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔno he, na woapa me mprɛnsa. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana