Yohane 12 - Apam FoforɔMaria sraa Yesu Ngo ( Mateo 26:6-13 ; Marko 14:3-9 ) 1 Afei aka nnansia na Twam he aduru he, Yesu baa Betania, baabi a na Lasaro a Yesu nyane no firii awufoɔ mu he te he. 2 Bɛtoo Yesu pono hɔ. Marta someeɛ, na Lasaro deɛ na ɔka bɛ a na bɛ ne no te adidipono he ho. 3 Na Maria faa ngo hwamhwam krɔgyee a na ne boɔ bɛyɛ nkariboɔ baako de bɛsraa Yesu nane ase, na ɔde ne tinwii popaeɛ. Na ne hwam hyɛɛ fie hɔ ma. 4 Nso, Yuda Iskariot, asuafoɔ he mu baako a na oobeyi no ama he kaa sɛ, 5 “Ɛɛne nti ne bɛantɔno saa ngo hwamhwam yi annye sika a ɔbɛyɛ afe baako akatua amfa amma ahiafoɔ?” 6 (Nso ɔnyɛ sɛ ɔdwene ahiafoɔ ho nti ne ɔkaa saa, na mmom na ɔyɛ korɔmfoɔ, na sika adaka he ya ne nkyɛne, na ɔtaa yi sika a bɛde gu mu he bi.) 7 Yesu kaa sɛ, “Honyaa no, na ɔde yei asie ama me sie da. 8 Ahiafoɔ deɛ, bɛya ho nkyɛne daa, na me deɛ honnya me daa.” Bɛbɔɔ Lasaro ho pɔ sɛ bebeku no 9 Na afei Yudafoɔ nnipakuo kɛseɛ bi huu sɛ ɔya hɔ, na bɛbaa hɔ. Ɔnyɛ Yesu nko nti, na mmom bɛbaa sɛ bɛɛbɛpɛ Lasaro a wanyane afiri wuom he ahwɛ. 10 Nti asɔfoɔ mpanyimfoɔ he bɔɔ pɔ sɛ bebeku Lasaro nso, 11 efiri sɛ ɔno nti ne Yudafoɔ bebree kɔɔ hɔ na bɛgyee Yesu diiɛ. Yesu wuraa Yerusalem Nkunimdie so ( Mateo 21:1-11 ; Marko 11:1-10 ; Luka 19:29-40 ) 12 Adeɛ kyeɛ he, nnipakuo pii a na bɛaba afahyɛ he asɛ he tee sɛ Yesu ɔɔba Yerusalem he, 13 bɛfaa berɛɛ, na befiri adi sɛ beekohyia no, na bɛteaam sɛ, “Hosiana! Nhyira ne deɛ ɔɔba Awurade dini mu— Israel hene he!” 14 Na berɛ a Yesu huu afunumu ba bi he, ɔtenaa ne so, sɛnea bɛatwerɛ sɛ: 15 “Sion babaa, nsuro. Hwɛ, wo hene ɔɔba, ɔte afunumu ba so!” 16 Nso n’asuafoɔ he ante yeinom ase saa berɛ he; na Nyankopɔn hyɛɛ Yesu animuonyam akyi he ne bɛkae sɛ bɛatwerɛ yeinom afa ne ho, na bɛayɔ nea bɛatwerɛ he nyinaa ama no. 17 Na nnipakuo a na bɛya hɔ berɛ a ɔfrɛɛ Lasaro firii adakamena mu na onyane no firi wuom he kɔɔ so dii adanseɛ. 18 Ɔnam sɛ bɛtee sɛ wayɔ saa nsɛnkyerɛnne yi nti, nnipakuo he kohyiaa no. 19 Farisifoɔ he keka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, Honhu sɛ hontumi nyɔ no hwee. Hwɛ! Wiase atu di n’akyi. Helafoɔ pɛɛ sɛ bebehu Yesu 20 Na Helafoɔ bi ka bɛ a bɛbaa sɛ bɛɛbɛsom afahyɛ he ase he ho. 21 Nti yeinom baa Filipo a na ofiri Betsaida a ɔya Galilea he nkyɛne, na befirii aseɛ srɛɛ no sɛ, “Owura, yɛpɛ sɛ yehu Yesu.” 22 Filipo kɔka kyerɛɛ Andreo, na Andreo ne Filipo kɔka kyerɛɛ Yesu. 23 Yesu buaa sɛ, “Berɛ he aduru sɛ bɛhyɛ Nipa Ba he animuonyam. 24 Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, sɛ ayuo ba baako antɔ fam anwu a, ɔdasoaa yɛ ba baako; nso sɛ owu a ɔsõ mma bebree. 25 Deɛ ɔdɔ ne nkwa he, obefiri ne nsa; na deɛ ɔtane ne nkwa wiase ha yi bɛkora no akɔ daa nkwam. 26 Sɛ bi yɛ me somfoɔ a ma no nni m’akyi, na baabi a meya he, hɔ ne me somfoɔ bɛba; na sɛ bi som me a, m’Agya bedi no ni. Yesu kaa ne wuo ho asɛm 27 “Afei me kra ho yera no. Na mmɛ ne menka? ‘Agya, gye mefiri dɔno yi mu’? Daabi! Yei nti ne saa mmerɛ yi ato me. 28 Agya, hyɛ wo dini animuonyam.” Na afei nne bi firi soro baeɛ sɛ, “Maahyɛ no animuonyam dada, na mɛhyɛ no animuonyam bio.” 29 Na nnipakuo a begyina hɔ na bɛteeɛ he kaa sɛ, “Agradaa abom.” Binom nso kaa sɛ, “Bɔfoɔ akasa akyerɛ no.” 30 Yesu kaa sɛ, “Ɔnyɛ me nti ne nne yi baeɛ, na mmom ho ntia. 31 Afei ne beebebu wiase atɛne; afei ne beebetu wiase sodifoɔ afiri hɔ. 32 Na me deɛ, sɛ bɛma me so firi wiase a, mɛtwe nnipa bebree aba me nkyɛne.” 33 Ɔkaa yei de kyerɛɛ wuo ko a na oobewu. 34 Nti nnipakuo he buaa no sɛ, “Yɛte firi mmara he mu sɛ, Kristo he ya hɔ daa. Afei mmɛ nti ne wooka sɛ otwa sɛ bɛma Nipa Ba he so? Hwane ne Nipa Ba he?” 35 Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hann he bɛtena ho nkyɛne kakra. Howɔ hann he, honante na sum anni ho so. Na deɛ ɔnante sum mu he nnim baabi a meekɔ. 36 Howɔ hann he yi, honye hann he nni, na hoayɛ hann he mma.” Na Yesu kaa yei wieeɛ he, ofirii hɔ kohintaeɛ. Nnipa he annyeanie 37 Ewom sɛ na waayɔ nsɛnkyerɛnne pii bɛ anim deɛ, nso bɛannye no anni. 38 Yei siiɛ sɛ asɛm a diyifoɔ Yesaia kaeɛ he bɛbam sɛ: “Awurade, hwane ne agye yɛ asɛm adi, na hwane ne bɛayi Awurade abasa akyerɛ no?” 39 Deɛ ntia bɛantumi annye anni ne sɛ Yesaia kaa bio sɛ, 40 “Wafira bɛ ani na waama bɛ akoma ayɛ dene, sɛnea ɔbɛyɛ na bɛmmfa bɛ ani nnhu, na bɛ akoma ante aseɛ na bɛansakra na mansa bɛ yadeɛ.” 41 Yesaia kaa yeinom, efiri sɛ ohuu n’animuonyam, na ɔkaa ne ho asɛm. 42 Yei nyinaa akyi he, mpanyimfoɔ he mu pii nso gyee no diiɛ; nso Farisifoɔ he nti bɛanka sɛnea ɔbɛyɛ na bentu bɛ mfiri hyiadane he mu, 43 efiri sɛ bɛpɛ nnipa animuonyam kyɛne Nyankopɔn animuonyam mpo. Yesu Nkyerɛkyerɛ Tɔfabɔ 44 Afei Yesu teaam dendene sɛ, “Deɛ ɔgye me di he, ɔnyɛ menko ne ɔgye me di, na mmom nea ɔsomaa me he nso. 45 Na nea ohu me he hu deɛ ɔsomaa me he nso. 46 Maaba wiase sɛ hann, na biaa a ɔgye me di he antena sum mu. 47 Na sɛ bi te m’asɛm na onni so a, me deɛ memmu no atɛne efiri sɛ mamma sɛ meebebu wiase atɛne, na mmom mebaa sɛ meebɛgye wiase nkwa. 48 Nea ɔpo me na ɔnnye me nsɛm he wɔ temmufoɔ baako. Nsɛm a maka heaa ne bebu no atɛne da a odi akyire he mu, 49 efiri sɛ me deɛ ɔnyɛ mene mehyɛɛ me ho kasaeɛ, na Agya he a ɔsomaa me he ne hyɛɛ me nea menka ne sɛnea menkasa. 50 Na menim sɛ n’ahyɛdeɛ yɛ daa nkwa. Nti deɛ maka he, sɛnea Agya he aka akyerɛ me he, saa ne meka.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana