Yohane 11 - Apam FoforɔLasaro wuo 1 Afei na beema bi ya hɔ a ɔyare a bɛfrɛ no Lasaro a ofiri Betania, akura a na Maria ne ne nua baa Marta firi he. 2 Lasaro a na ɔyare he yɛ Maria a ɔde ngo hwamhwam guu Awurade nane ase na ɔde ne tinwii popaeɛ he nua beema. 3 Nti ne nuamaanom too Yesu nkra sɛ, “Awurade, nea wodɔ no he yare.” 4 Na Yesu teeɛ he, ɔkaa sɛ, “Saa yadeɛ yi nyɛ wuyareɛ; na mmom Nyankopɔn animuonyam ntia, sɛ ɔbɛyɛ na bɛnam so bɛhyɛ Nyankopɔn Ba he animuonyam.” 5 Ewom sɛ na Yesu dɔ Marta, ne ne nuabaa ne Lasaro deɛ, 6 nso ɔtee sɛ ɔyare he ɔtenaa baabi a na ɔya heaa nnaanu. 7 Na ɔno akyi he ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Homma yɛnkɔ Yudea bio.” 8 Asuafoɔ he ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, ɔnyɛ nnaano yiaa ne Yudafoɔ yi pɛɛ sɛ besi wo aboɔ, ne woobɛkɔ hɔ bio yi?” 9 Yesu buaa sɛ, “Ɔnyɛ nnɔnhwere dummienu ne ya adekyeɛ mu? Bɛ a bɛnante awia berɛ he nsonti bibiaa, efiri sɛ behu wiase hann. 10 Nso bɛ a bɛnante anadwo he sonti, efiri sɛ benni hann mu.” 11 Ɔkaa yei wieeɛ he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yɛ adamfo Lasaro ada, na meekɔ hɔ akonyane no.” 12 Asuafoɔ he ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, sɛ waada deɛ a, ɔbɛsɔre.” 13 Yesu deɛ na Lazuro wuo ho asɛm ne ɔɔka, nso asuafoɔ he susuu sɛ ɔyɛ nna ho asɛm ne ɔɔka. 14 Nti afei deɛ, Yesu kaa no pefee sɛ, “Lasaro awu. 15 Na ho nti ɔyɛ me anigye sɛ na menni hɔ, sɛ ɔbɛyɛ na hobɛgye adi. Nso ho mma yɛnkɔ ne nkyɛne.” 16 Toma a na bɛfrɛ no Ata he ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ he sɛ, “Homma yɛ nso yɛnkɔ na yɛ ne no nkowu.” Yesu yɛ Wusɔreɛ ne Nkwa 17 Berɛ a Yesu duruu hɔ he, ohuu sɛ Lasaro adi nnanan adamena mu. 18 Na Betania bɛne Yerusalem bɛyɛ nkwansini mmienu ne fa, 19 na Yudafoɔ bebree aba Marta ne Maria nkyɛne ɔɔbɛkyekyere bɛ werɛ, bɛ nua he nti. 20 Afei Marta tee sɛ Yesu ɔɔba he, okohyiaa no; na Maria deɛ ɔtenaa fie. 21 Marta ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, sɛ na woya ha a, nka me nua beema yi anwu. 22 Na seesei mpo menim sɛ adeɛ biaa a wobebisa Nyankopɔn he, ɔbɛyɔ ama wo.” 23 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nua beema he bɛsɔre bio.” 24 Marta ka kyerɛɛ no sɛ, “Menim sɛ wusɔreɛ a ɔbɛba da a odi akyire he mu he, ɔbɛsɔre.” 25 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ne wusɔreɛ ne nkwa. Bɛ a bɛgye me di he, bewu mpo a bebenya nkwa. 26 Na biaa a ɔte ase na ɔgye me di he onwu da. Wogye yei di anaa?” 27 Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛɛ, Awurade, megye di sɛ wo ne Kristo, Nyankopɔn Ba a ɔɔba wiase mu he.” Yesu suiɛ 28 Ɔkaa yei wieeɛ he, Marta kɔfrɛɛ ne Maria kokoam ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ he aba ha, na ɔɔfrɛ wo.” 29 Na ɔtee yei he, ɔsɔree ntɛm siim kɔɔ ne nkyɛne. 30 Nso saa berɛ he nyinaa na Yesu nnya nnuruu kuro he mu, na mmom na ɔda so ya baabi a Marta behyiaa no he. 31 Afei berɛ a Yudafoɔ a na bɛ ne Marta ya fie hɔ ɔɔkyekyere ne were he huu sɛ Maria asɔre ntɛm afiri adi he, bedii n’akyi susuu sɛ ɔɔkɔ nna he so akosu. 32 Na Maria duruu baabi a na Yesu ya he na n’ani bɔɔ ne so he, obuu nkotodwe ne nane ase, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, sɛ na woya ha a, nka me nua beema yi anwu.” 33 Yesu huu sɛ oosu he, na Yudafoɔ a bɛ ne no baeɛ nso beesu he, osii apinie ya ne honhom mu na ne ho nso yera no. 34 Obisaa sɛ, “Hefa ne hode no toeɛ?” Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, bra na bɛhwɛ.” 35 Yesu suiɛ. 36 Nti Yudafoɔ he kaa sɛ, “Honhwɛ sɛnea na osi dɔ no fa!” 37 Nso binom kaa sɛ, “Yei ne bie nifirani ani he; nka ontumi nsi yei wuo yi ho kwane anaa?” Yesu nyanee Lasaro firii Wuom 38 Afei Yesu a na oosi apinie bio he, baa nna he so. Na ɔyɛ abodane, na boɔ twere ano. 39 Yesu kaa sɛ, “Honyi boɔ he.” Marta a na ne nua aka baabi he ka kyerɛɛ no sɛ, “Sesɛɛ deɛ, ɔbɔno, efiri sɛ waadi nnanan.” 40 Yesu bisaa no sɛ, “Menka nkyerɛɛ wo sɛ, sɛ wogye di a, hobehu Nyankopɔn animuonyam?” 41 Nti beyii boɔ he hɔ. Na Yesu hwɛɛ soro, na ɔkaa sɛ, “Agya, meda wo ase sɛ woatie me. 42 Menim sɛ wotie me daa, nso nnipakuo a begyina ha he nti ne maka saa na ama bɛagye adi sɛ wone wosomaa me.” 43 Ɔkaa saa he, ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ, “Lasaro, firi bra!” 44 Afei beema a na wawu he firi baeɛ a na bɛde ntoma akyekyere ne nane ne ne nsa, na bɛde ntoma nteantea akyekyere n’anim. Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honsane no na homma no nkɔ.” Bɛbɔɔ Yesu ho pɔ sɛ bebeku no 45 Nti Yudafoɔ a na bɛaba Maria nkyɛne a behuu deɛ Yesu yɔeɛ he mu bebree gye diiɛ, 46 nso bɛ mu bi kɔɔ Farisifoɔ he hɔ kɔkaa deɛ Yesu yɔeɛ he kyerɛɛ bɛ. 47 Nti asɔfo mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he maa bekohyiaa abadwafoɔ he, na bɛkaa sɛ, “Mmɛ ne yɛbɛyɔ efiri sɛ nipa yi ɔɔyɔ nsɛnkyerɛnne pii? 48 Sɛ yɛma no kɔ so saa a, biaa bɛgye no adi, na Romafoɔ he bɛba abɛsɛe yɛ kronkron bea ne yɛ mane yi.” 49 Na bɛ mu baako, Kaiafa a na ɔyɛ sɔfo panyini saa afe he, ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honnim hwee koraa, 50 na honnwene nso sɛ ɔyɛ ma ho sɛ nipa baako bewu ama manfoɔ na mane mũ he nyinaa ansɛe.” 51 Nso, omfiri n’ankasa ne tim ne ɔkaa yei; na mmom esiane sɛ na ɔyɛ sɔfo panyini saa afe he nti, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ otwa sɛ Yesu wu ma mane he, 52 na ɔnyɛ mane he nko, na mmom sɛnea ɔbɛyɛ na Nyankopɔn bɛka ne mma a bɛabɔ bɛ ahwete he abom ayɛ baako. 53 Nti ofiri saa da he bɛbɔɔ pɔ sɛ bebeku no. 54 Saa nti afei Yesu annante badwam bio wɔ Yudafoɔ he mu, na ofirii hɔ kɔɔ asaase a ɔbɛne serɛ so, kuro bi a bɛfrɛ no Efraim mu, na ɔne n’asuafoɔ he tenaa hɔ. 55 Saa berɛ he na Yudafoɔ Twam he abɛne, na nnipa bebree firi nkurase baa Yerusalem ansa na Twam afahyɛ he ooduru so sɛnea bebedwira bɛ ho. 56 Na bɛɛhwehwɛ Yesu, na berɛ a begyinagyina asɔrefie hɔ he, bɛ bisabisa bɛ ho bɛ ho sɛ, “Hodwene ho sɛ? Nti ɔmma afahyɛ he ase koraa anaa?” 57 Na asɔfo mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he ahyɛ sɛ, sɛ bi nim baabi a ɔya a, ɔmmɛkyerɛ, na bɛnkɔ kye no. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana