Yohane 10 - Apam FoforɔYesu ne dwanhwɛfoɔ pa he 1 “Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, biaa a ɔmfa pono ano nkɔ nnwammuom na mmom ɔforo fa baabi foforɔ he, yɛ korɔmfoɔ ne dwotwafoɔ. 2 Nea ɔfa pono he ano ba mu he ne nwane he hwɛfoɔ. 3 Pono ano nwɛmfoɔ he bie no, na nnwane he tie ne nne. Na ɔbɔ ne nnwane he dini frɛ bɛ, na ɔde bɛ firi adi. 4 Sɛ ɔde ne deɛ nyinaa firi adi a, odi bɛ anim ma bedi n’akyi efiri sɛ benim ne nne. 5 Benni hɔhoɔ biaa akyi, na mmom bebedwane afiri ne nkyɛne efiri sɛ bennim ahɔhoɔ he nne.” 6 Yesu kaa saa kasakoa yi kyerɛɛ bɛ, nso bɛante nea na ɔɔka kyerɛ bɛ he ase. 7 Nti Yesu kaa bio sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, mene nnwammuo he ano pono ma nnwane he. 8 Bɛ a bɛde me dini aba nyinaa yɛ akorɔmfoɔ ne dwotwafoɔ; nso nnwane he antie bɛ. 9 Mene pono he, biaa a ɔfa me so kɔ mu he, bɛbɛgye no nkwa, na ɔbɛba mu, na wafiri adi, na wanya adidibea. 10 Korɔmfoɔ mma, gye sɛ oobewia, adi awu, na waseɛ adeɛ. Na me deɛ, mebaa sɛ hobenya nkwa na hoanya no mmorosoɔ. 11 “Mene dwanhwɛfoɔ pa he. Dwanhwɛfoɔ pa he de ne nkwa to hɔ ma nnwane he. 12 Na nipa a bɛabɔ no paa sɛ ɔnhwɛ nnwane he, na nnwane he nyɛ ɔno ankasa ne deɛ he hu pataku sɛ ɔɔba a, ogya nnwane he hɔ dwane ma pataku he bɛkye bɛ, na wabɔ bɛ ahwete. 13 Paani he dwane efiri sɛ ɔyɛ paani, na ɔnnwene nnwane he ho. 14 Mene dwanhwɛfoɔ pa he, menim me deɛ, na me deɛ nso nim me, 15 sɛnea Agya he nim me na me nso menim Agya he. Na mede me nkwa to hɔ ma nnwane he. 16 Mewɔ nnwane foforɔ a bemfiri bane yi mu. Ɔsɛ sɛ mede bɛ nso ba na bebetie me nne, na ayɛ kuo baako a ɔwɔ hwɛfoɔ baako. 17 Yei nti ne Agya he dɔ me, efiri sɛ mede me nkwa to hɔ na mefa bio. 18 Biaa nnye mfiri me nsam, na m’ankasa ne mefiri mepɛ mu de to hɔ. Mewɔ tumi sɛ mede to hɔ, na mewɔ tumi sɛ mesane fa bio. Menyaa yei ho ahyɛdeɛ firii m’Agya nkyɛne.” 19 Na nsɛm yi nti mpapaemu baa Yudafoɔ he mu bio. 20 Na bɛ mu pii kaa sɛ, “Ɔwɔ honhommɔne na waabɔ dam. Mmɛ nti ne hotie no?” 21 Na binom nso kaa sɛ, “Nsɛm yi nyɛ nea ɔwɔ honhommɔne nsɛm. Honhommɔne betumi abie nifirani ani anaa?” Yudafoɔ he poo Yesu 22 Saa berɛ he na ahodwira afahyɛ aduru so ya Yerusalem. Na ɔyɛ awɔ berɛ. 23 Na Yesu nenam asɔrefie hɔ, Salomo abranaa he so. 24 Nti Yudafoɔ he twa hyiaa ne ho bisaa no sɛ, “Wobɛma yɛatwɛne akosi da bɛ? Sɛ wone Kristo he a, pae mu ka kyerɛɛ yɛ pefee.” 25 Yesu buaa sɛ, “Maka akyerɛ ho, na honnye nni. Nnwuma a meyɔ no m’Agya dini mu heaa di me ho adanseɛ; 26 nso honnye nni, efiri sɛ honka me nnwane he ho. 27 Me nnwane te me nne. Menim bɛ, na bedi m’akyi. 28 Mema bɛ daa nkwa, na bɛnyera da. Na biaa ntumi nhwim bɛ mfiri me nsam. 29 Nea m’Agya de ama me he so kyɛne bibiaa, na biaa ntumi nhwim mfiri Agya he nsam. 30 Mene Agya he yɛ baako.” 31 Na Yudafoɔ he sesaa aboɔ bio sɛ bɛɛbɛtoto abɔ no. 32 Yesu buaa bɛ sɛ, “Maada nnwumapa pii adi akyerɛ ho a efiri Agya he nkyɛne. Nnwuma yi mu nea ɔya he nti ne hoobesi me aboɔ yi?” 33 Yudafoɔ he buaa sɛ, “Ɔnyɛ nnwumapa bi nti ne yeebesi wo aboɔ, na mmom abususɛm ntia, efiri sɛ wo a woyɛ nipa he woyɛ wo ho sɛ Nyankopɔn.” 34 Yesu buaa bɛ sɛ, “Bɛntwerɛɛ wɔ ho mmara mu sɛ, ‘Mekaa sɛ, hoyɛ anyame’? 35 Sɛ bɛfrɛ bɛ a Nyankopɔn asɛm baa bɛ nkyɛne he anyame na bentumi nsɛe twerɛ he a, 36 hoka kyerɛ me a Agya he ate me ho asoma me aba wiase he sɛ, ‘Woaka abususɛm’ esiane sɛ mekaa sɛ ‘Meyɛ Nyankopɔn Ba nti’? 37 Sɛ ɔnyɛ m’Agya adwuma ne meeyɔ a, hedeɛ honnye me nni. 38 Na sɛ m’Agya adwuma ne meeyɔ deɛ a, hedeɛ sɛ mene honnye me nni a, honye nnwuma he nni na hoahu na ho ate aseɛ sɛ Agya he ya me mu na me nso meya ne mu.” 39 Na bɛbɔɔ mmɔdene sɛ bɛbɛkye no, nso ofiri bɛ nsa kɔeɛ. 40 Nti osiim bio kotwaa Yordan kɔɔ baabi a na kane he Yohane bɔ asu he, na ɔtenaa hɔ. 41 Na nnipa bebree baa ne nkyɛne, na ɔkaa sɛ, “Yohane anyɔ nsɛnkyerɛnne baako pɛ mpo, nso nea Yohane ka faa saa nipa yi ho he nyinaa yɛ nɔkorɛ.” 42 Na pii gyee no dii hɔ. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana