Yohane 1 - Apam FoforɔAsɛm he bɛyɛɛ honam 1 Mfitiaseɛ he na Asɛm he ya hɔ, na Asɛm he ne Nyankopɔn ne bɛya hɔ, na Asɛm he ankasa nso yɛ Nyankopɔn. 2 Ɔnoaa ne mfitiaseɛ he na ɔne Nyankopɔn ya hɔ. 3 Nnoɔma nyinaa nam ne so ne baeɛ, na bɛankwati no annyɔ bibiaa a bɛyɔeɛ. 4 Ne mu ne nkwa ya, na nkwa he ne nnipa hann. 5 Na hann he hyerɛn sum mu, na sum he ntumi mmunkam mfa ne so. 6 Nipa bi ya hɔ a Nyankopɔn somaa no a na ne dini de Yohane. 7 Ɔbaa sɛ oobedi hann he ho adanseɛ, sɛ ɔbɛyɛ a nnipa nyinaa nam hann he so bɛgye adi. 8 Ɔnyɛ ɔno ne hann he, na mmom ɔbaa sɛ oobedi hann he ho adanseɛ. 9 Saa berɛ he, na hann trodoo a ɔhyerɛn ma nnipa nyinaa he ɔɔba wiase. 10 Na ɔya wiase deɛ, na ɔnam ne so ne bɛbɔɔ wiase, nso wiase anhu no. 11 Ɔbaa ɔno ankasa ne deɛ mu, nso ne deɛ annye no antom. 12 Na dodoɔ a bɛgyee no he―meekyerɛ, bɛ a bɛgyee no dini diiɛ he―ɔmaa bɛ akwannya sɛ bɛnyɛ Nyankopɔn mma. 13 Yeinom yɛ mma a omfiri mogyaa anaa nea honam pɛ anaa nea beema pɛ so ne awo bɛ, na mmom Nyankopɔn pɛ so ne ɔnam a bɛawo bɛ. 14 Na Asɛm he bɛyɛɛ honam bɛtenaa yɛ mu, na yɛahu n’animuonyam sɛ Agya he Ba a ɔwoo no koro maa yɛ, adom ne nɔkorɛ ahyɛ no ma. 15 (Yohane dii ne ho adanseɛ na ɔteaam sɛ, “Yei ne mekaa ne ho asɛm sɛ, ‘Nea odi m’akyi he so kyɛne me, efiri sɛ ɔya hɔ ansa na meeba.’ ”) 16 Ɔnam sɛ adom ahyɛ no ma nti, yɛ nyinaa yɛanya adom aka adom ho. 17 Mmara he deɛ, bɛnam Mose so ne de maeɛ, na adom ne nɔkorɛ he deɛ nam Yesu Kristo so ne baeɛ. 18 Biaa nni hɔ a wahu Nyankopɔn da. Nyankopɔn a ɔyɛ Ba koro he, nea ɔya Agya he kokom he, ɔno ne wada no adi. Suboni Yohane adanseɛ a odi faa Yesu ho 19 Na yei ne adanseɛ a Yohane diiɛ berɛ a Yudafoɔ he somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem baa ne nkyɛne bebisaa no sɛ, “Wone hwane?” 20 Ɔpaem kaa sɛ, “Ɔnyɛ mene Kristo he.” 21 Na bebisaa no sɛ, “Wone Elia anaa?” Na ɔkaa sɛ, “Daabi, menyɛ Elia.” “Wone diyifoɔ he?” Obuaa sɛ, “Daabi.” 22 Nti bebisaa no sɛ, “Hedeɛ, wone hwane? Ma yɛ mmuaeɛ nkɔ ma bɛ a bɛsomaa yɛ he. Ɛɛne ne yɛnka mfa wo ho nkyerɛ bɛ?” 23 Ɔkaa sɛ, “Me ne deɛ ɔya serɛ he so a ɔɔteam sɛ, ‘Homma Awurade kwane he ntene,’ sɛnea diyifoɔ Yesaia kaeɛ he.” 24 Na bɛasoma bɛ firi Farisifoɔ mu. 25 Na bebisaa no sɛ, “Mmɛ nti ne wonyɛ Kristo he, Elia anaa diyifoɔ he, nso wobɔ asu yi?” 26 Yohane buaa bɛ sɛ, “Mede nsuo ne bɔ asu. Nso bi gyina ho mu a honnim no 27 a odi m’akyi; memfata sɛ mesane ne mpaboa ahoma mpo.” 28 Yei siiɛ ya Betania a ɔya Yordan agya, baabi a na Yohane bɔ asu he. Nyankopɔn Adwamaa 29 Na adeɛ kyeɛ he, Yohane huu sɛ Yesu ɔɔba, na ɔkaa sɛ, “Hwɛ! Nyankopɔn adwamaa a oyi wiase bɔne kɔ he di! 30 Yei ne nea mekaa no ho asɛm sɛ, ‘Nipa bi di m’akyi a ɔɔba a ɔkyɛne me, efiri sɛ ɔya hɔ ansa na meeba.’ 31 Me deɛ, na mennim no; nso mede nsuo bɛbɔɔ asu sɛ ɔbɛda no adi akyerɛ Israel.” 32 Na Yohane dii adanseɛ sɛ, “Mehuu Honhom he sɛ ofiri soro ɔɔba sɛ abuburo abesi ne so 33 Me deɛ na mennim no, nso nea ɔsomaa me maa mede nsuo bɔɔ asu he ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nea wobehu sɛ Honhom he abesi ne so he, ɔno ne de Honhom Kronkron bɔ asu he.’ 34 Na meaa maahu na maadi ho adanseɛ sɛ ɔno ne Nyankopɔn Ba he.” Yesu Asuafoɔ a Bedi kane 35 Adeɛ kyeeɛ he, na Yohane ne n’asuafoɔ mmienu gyina hɔ, 36 na ohuu Yesu sɛ ɔɔkɔ he, ɔteaam sɛ, “Hwɛ! Nyankopɔn adwamaa he di!” 37 Na asuafoɔ mmienu he tee sɛ ɔɔka yei he, bedii Yesu akyi 38 Yesu danee ne ho a ohuu sɛ bedi n’akyi he, obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ ne hoopɛ?” Bebisaa no sɛ, “Rabuni” (asekyerɛ ne kyerɛkyerɛni), “Wote he?” 39 Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hommra mmɛhwɛ.” Bɛba behuu baabi a na ɔte, na bɛ ne no tenaa hɔ saa da he. Na aabɔ bɛyɛ awia nɔnnan. 40 Simon Petro nua Andrea yɛ nnipa mmienu a bɛtee nea Yohane kaeɛ na bedii Yesu akyi he mu baako 41 Ohuu ɔnoaa ne nua Simon Petro kane, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahu Mesaia he” (nea bɛasra no ngo he). 42 Ɔde Simon baa Yesu nkyɛne, na Yesu hwɛɛ no kaa sɛ, “Wone Simon, Yohane ba. Bɛbɛfrɛ wo Kefa” (asekyerɛ ne Petro). Yesu frɛɛ Filipo ne Natanael 43 Adeɛ kyeeɛ he, Yesu yɔɔ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ Galilea. Ohuu Filipo, na ɔka kyerɛ no sɛ, “Di m’akyi.” 44 Na Filipo firi Bɛtesaida, kuro a Andrea ne Petro firi mu he. 45 Filipo huu Natanael, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahu nea Mose kaa ne ho asɛm ya mmara he mu na adiyifoɔ he nso kaa ne ho asɛm he, Yesu, Yosef ba a ofiri Nasaret he.” 46 Natanael kaa sɛ, “Nti, adepa bi betumi afiri Nasaret aba?” Filipo ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra bɛhwɛ.” 47 Berɛ a Yesu huu sɛ Natanael ɔɔba he, ɔka kyerɛ no sɛ, “Hwɛ! Israelni ankasa a nnaadaa biaa nni ne mu di!” 48 Natanael bisaa no sɛ, “Wonim me he?” Yesu buaa sɛ, “Mehuu wo sɛ woya borɔdoma dua he ase ansa na Filipo ɔɔfrɛ wo mpo.” 49 Natanael kaa sɛ, “Ampa, Rabuni, wone Nyankopɔn Ba he! Wone Israelfoɔ Hene he!” 50 Yesu kaa sɛ, “Meka kyerɛ wo sɛ mehuu wo borɔdoma dua he ase ne wogyedi yi? Wobehu nnoɔma akɛseɛ a ɔkyɛne yeinom.” 51 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nɔkwasɛm di, meeka akyerɛ ho sɛ, hobehu soro sɛ abie na Nyankopɔn abɔfoɔ oodi aforosiane Nipa Ba he so.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana