Yakobo 5 - Apam FoforɔAhonyafoɔ a bɛhyɛ binom so ho kɔkɔbɔ 1 Afei ho adefoɔ, honnyina yie, ɔnam amanehunu a ɔɔba ho so nti honsu na hommɔ bena. 2 Ho ahonyadeɛ he aporɔ, na nnwenweboa awe ho ntoma ne ho ntaadeɛ. 3 Ho sikakɔkɔɔ ne dwetɛ awe naakyee, na ne naakyee he bedi adanseɛ atia ho, na obɛhye ho honam sɛ gya. Hoahyehyɛ agyapadeɛ ama nna a odi akyire yi. 4 Hontie! Apaafoɔ a bɛyɔɔ ho afuom adwuma a hosisii bɛ faa bɛ akatua he ɔɔteam gu ho so, na Awurade a ɔya soro he aso ate atwafoɔ a betwaa ho nnɔbae he nteamu. 5 Hode asetena pa ne ahohwie atena asaase yi so; hoama ho akoma adɔre sradeɛ ama kũ da. 6 Hoabu teneneeni fɔ na hoaku no a onsi ho kwane. Amanehunu mu aboterɛ 7 Nti adɔfonom, honto ho bo ase nkosi sɛ Awurade bɛba. Kuani a ɔhwɛ ne nnɔbae a ofiri asaase mu ba kwane he nya ntoboaseɛ kosi sɛ obenya sukane ne berempɔnsuo. 8 Saa na ɔsɛ sɛ ho nso hoto ho bo ase. Honhyɛ ho akoma dene, efiri sɛ Awurade maeɛ he abɛne. 9 Adɔfonom, honngu ahome ntietia ho ho ho ho, na bɛammu ho atɛne. Honhwɛ, temmufoɔ he gyina aboboɔ he ano! 10 Adɔfonom, homma adiyifoɔ a bɛkasaa Awurade dini mu he nyɛ nhwɛsoɔ ma ho ya amanehunu ne boasetɔ ho. 11 Nɔkwasɛm ne sɛ, yebu bɛ a behuu amane, too bɛ bo ase ya amanehunu mu he sɛ bɛwɔ anigyeɛ amapa. Hoate Hiob amanehunu mu boasetɔ ho asɛm, na hoahu Awurade botae, sɛdeɛ ɔyɛ ayamyefoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ he. 12 Ne nyinaa mu he, adɔfonom, honnka soro anaa asaase ntam, anaa ntam foforɔ biaa, na mmom, homma ho ɛɛ, nyɛ ɛɛ, na ho Daabi nso nyɛ daabi, na hoankɔ afobuom. Gyidie mpaebɔ 13 Bi ya ho mu a ohu amane anaa? Homma no mmɔ mpaeɛ. Bi ani agye anaa? Homma no nto ayeyie nnwom. 14 Bi ya ho mmu a ɔyare anaa? Homma no mfrɛ asafo he mu mpayimfoɔ na bɛmmɔ mpaeɛ mma no, na bɛnsra no ngo Awurade dini mu. 15 Na gyidie mpaebɔ bɛgye yarefoɔ he nkwa, na Awurade bɛmma no so; na sɛ woayɔ bɔne bi a, ɔde bɛkyɛ no. 16 Ne saa nti honkeka ho mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ ho ho ho ho, na hommɔ mpaeɛ ma ho ho ho ho, na hoanya ayaresa. Teneneeni mpaebɔ a mu ɔdene tumi yɔ nnoɔma bebree. 17 Na Elia yɛ nipa te sɛ yɛaa, nso ɔbɔɔ mpaeɛ dendene sɛ nsuo ntɔ, na mfie mmeɛnsa ne bosome nsia nsuo antɔ asaase yi so. 18 Na afei, ɔbɔɔ mpaeɛ bio, na soro maa nsuo na asaase nso sõõ n’aba. 19 Anuanom, sɛ ho mu bi mmane firi nɔkorɛ he ho na foforɔ de no sane ba kwanpa he so a, 20 ɔsɛ sɛ hohu sɛ bi a ɔdane debɔnyɛni firi ne kwammɔne so he bɛgye debɔnyɛni he kra afiri wuom na ɔbɛkata bɔne bebree so. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana