Yakobo 4 - Apam FoforɔWiase Adamfofa 1 Hefa ne kõ ne apereapereɛ a ɔya ho mu yi firi ba? Omfiri ho akɔnnɔ a ɔne honam akwaa di ako ya ho mu he? 2 Hopɛ bibi nso honnya; nti ho di awu. Ho anibere bibi nso honnya; nti hodi akõ ne apereapereɛ. Honnya, efiri sɛ hommisa. 3 Hobisa nso ho nsa nka, efiri sɛ hobisa no kwammɔne so, sɛdeɛ hode bedi ho honam akɔnnɔ ho dwuma. 4 Ei awaresɛefoɔ! Honnim sɛ wiase yi adamfofa yɛ tane a bɛ tane Nyankopɔn anaa? Biaa a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo yɛ Nyankopɔn tamfoɔ. 5 Anaa hosusu sɛ twerɛsɛm he ka no kwa sɛ, “Nyankopɔn twe honhom a ɔde adua yɛ mu he ho ninkunu?” 6 Nso adom a ɔde ma he dɔɔso; nti ɔka sɛ, “Nyankopɔn si ahantafoɔ kwane, na ɔdom ahobrɛaseɛfoɔ.” 7 Ne saa nti hommrɛ ho ho ase nhyɛ Nyankopɔn ase. Honnsi bronsam kwane, na ɔbɛdwane afiri ho nkyɛne. 8 Hommɛne Nyankopɔn na ɔno nso bɛtwe abɛne ho. Honhohoro ho nsa, na homma ho akoma mu nte, ho nnebɔnyɛfoɔ a ho adwene yɛ ntanta. 9 Hontwa adwo na hommɔ bena na honsu. Homma ho anigyeɛ nnane benabɔ na ho ahosɛpɛ nso nane aboobodie. 10 Hommrɛ ho ho ase Awurade anim, na ɔbɛma ho so. Atenyie ho kɔkɔbɔ 11 Anuanom, honnnka nsɛmmɔne ntia ho ho. Nipa biaa a ɔka asɛmmɔne tia bi he anaa obu bi atɛne he, ɔka asɛmmɔne tia mmara he na obu mmara he atɛne; nso sɛ wobu mmara he atɛne a, wonyɛ mmara he sodifoɔ, na mmom, woyɛ temmufoɔ. 12 Na Nyankopɔn ne yɛ mmarahyɛfoɔ ne temmufoɔ a obetumi agye nkwa na obetumi asɛe nso. Na wo ne hwane a wobu bi atɛne? Mfa kyena nhoahoa wo ho 13 Mhõõ, afei ho nso ɛ! Ho a hoka sɛ, “Nnɛ anaa kyena yɛbɛkɔ kuro yei anaa foforɔ so na yɛadi afe hɔ, adi dwa na yɛapɛ sika,” 14 nso honnnim adekyeeɛ mu nsɛm. Honnim nea obesi ho nkwa ho? Hote sɛ huhuo a ɔya hɔ mmerɛ tiaa bi na ɔyera. 15 Nea ɔsɛ sɛ ho ka mmom ne sɛ, “Sɛ ɔyɛ Awurade pɛ a, yɛbɛtena ase ayɔ yei anaa yei.” 16 Nso sɛdeɛ ɔteɛ yi, ho hoahoa ho ho ahantan kwane so; saa ahohoahoa he nyinaa yɛ bɔne. 17 Nti nipa biaa a onim deɛ ɔyɛ na wannyɔ he, ɔyɛ bɔne mma no. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana