Yakobo 3 - Apam FoforɔKɛtrɛma dwodwoɔ 1 Anuanom, hommpere ho ho nyɛ akyerɛkyerɛfoɔ, efiri sɛ sɛnea honim he, bebebu yɛ a yɛyɛ akyerɛkyerɛfoɔ he atɛne a mu ɔdene; 2 na yɛ nyinaa yɔ mfomsoɔ bebree. Nipa biaa a ɔnyɔ mfomsoɔ kasa mu he yɛ pɛ, na otumi to nipadua he nyinaa nnareka. 3 Sɛ yɛde nnareka to pɔnkɔ ano ma no yɔ setie ma yɛ a, yetumi ka aboa he kɔ faako a yɛpɛ. 4 Hwɛ hyɛne nso, ɔnam ne kɛseɛ nti mframa a mu ɔdene ne tumi pia no, nso bɛde bibi ketewa bi ne ka no ma deɛ hyɛnkafoɔ he pɛ sɛ ɔkɔ biaa odi so. 5 Saa ne kɛtrɛma nso teɛ, ɔyɛ honam akwaa a osua deɛ, nso ɔhoahoa ne ho nnoɔma akɛseɛ ho. Hwɛ kwaeɛ kɛseɛ a gya ketewa bi tumi hye ne nyinaa! 6 Na kɛtrɛma te sɛ gya; ɔyɛ nipadua akwaa a ɔte sɛ kuro a amumuyɔ ahyɛ mu ma, efiri sɛ, ɔde nkekaeɛ ba nipadua he nyinaa ho, na ɔde gya to asetena kwane nyinaa mu, na amanehunu kuro he mu ne ɔsɔ gya he. 7 Na dasani tumi hyɛ ntɔteboa ne ntakraboa, mmoa a bɛwea ne bɛ a bɛya po mu nyinaa so. Nipa tumi yɔ yei nyinaa 8 nso kɛtrɛma deɛ, ontumi nnya ho ahohyɛsoɔ, kɛtrɛma yɛ ade bɔne a ɔyɛ werɛmfoɔ a awuduro ahyɛ no ma. 9 Ɔno ne bɛde hyira Awurade ne Agya he, na ɔnoaa nso ne bɛde dome nnipa a bɛayɔ bɛ sɛ Nyankopɔn nsɛso. 10 Ano korɔ heaa mu ne nhyira ne nnome firi ba. Me nuanom, ɔnsɛ sɛ ɔba saa. 11 Nti nsuo korɔgyee ne nsuo a ahono betumi afiri nsuo aniwa korɔ mu aba anaa? 12 Me nuanom, sɛnea borɔdoma ntumi nso ngo aba he, na bobe nso ntumi nso borɔdoma aba he, saa ara nso ne asuti a ɔyɛ nkyenenkyene ntumi mma nsu pa. Nyansa ahodoɔ mmienu 13 Ho mu hwane ne yɛ nyansafoɔ ne nimdefoɔ? Ma no mfa n’abrabɔ pa nkyerɛ sɛ ɔdwo, na ofiri nyansa mu ne yɔ ne nnwuma. 14 Nso sɛ ahoɔyeya dendenndene ne pɛsɛmenkomenya ya ho akoma mu a, honnhoahoa ho ho na honnni torɔ ntia nɔkorɛ he nso. 15 Saa nyansa yi mfiri soro, na mmom, ɔyɛ wiase nyansa a mfasoɔ biaa nni mu na ofiri ahonhommɔne. 16 Na baabi a anibereɛ ne pɛsɛmenkomenya ya he, hɔ nso ne basabasa ne bɔne nyinaa bi ya. 17 Na nyansa a ofiri soro he deɛ, deɛ odi kane ne sɛ, ho te, na afei ɔpɛ asomdwie, ɔdwo, ɔwɔ asoɔmmerɛ, ɔwɔ nteaseɛ; ahummɔborɔ ne aba pa ahyɛ no ma, a ɔnyɛ nyiyimu anaa nyaatwom kwane biaa so. 18 Na begu tenenee aba asomdwie mu ma bɛ a bɛpɛ asomdwie. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana